< 2 Chronicles 13 >

1 In the eighteenth year of King Jeroboam, Abijah began to reign over Judah.
Ɛberɛ a Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel no, ne mfeɛ dunwɔtwe so, na Abia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda.
2 He reigned three years in Jerusalem. His mother’s name was Micaiah the daughter of Uriel of Gibeah. There was war between Abijah and Jeroboam.
Ɔdii ɔhene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ɔfiri Gibea no babaa. Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam.
3 Abijah joined battle with an army of valiant men of war, even four hundred thousand chosen men; and Jeroboam set the battle in array against him with eight hundred thousand chosen men, who were mighty men of valor.
Ɔhene Abia de akofoɔ akɛseɛ mpem ahanan dii Yuda anim, kɔhyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeha nwɔtwe afiri Israel.
4 Abijah stood up on Mount Zemaraim, which is in the hill country of Ephraim, and said, “Hear me, Jeroboam and all Israel:
Ɛberɛ a Yuda akodɔm no duruu Efraim mmepɔ nsase no so no, Abia gyinaa bepɔ Semaraim so, teaam kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfoɔ akodɔm no sɛ, “Montie me!
5 Ought you not to know that Yahweh, the God of Israel, gave the kingdom over Israel to David forever, even to him and to his sons by a covenant of salt?
Monnim sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahennwa maa ɔne nʼasefoɔ afebɔɔ?
6 Yet Jeroboam the son of Nebat, the servant of Solomon the son of David, rose up, and rebelled against his lord.
Nanso, Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo ɔsomfoɔ teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafoɔ.
7 Worthless men were gathered to him, wicked fellows who strengthened themselves against Rehoboam the son of Solomon, when Rehoboam was young and tender hearted, and could not withstand them.
Na ɛmaa ahuhufoɔ dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na ɛsiane sɛ na ɔnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu biara enti, wantumi annyina ne wɔn anni asie.
8 “Now you intend to withstand the kingdom of Yahweh in the hand of the sons of David. You are a great multitude, and the golden calves which Jeroboam made you for gods are with you.
“Wogye di yie sɛ wobɛtumi agyina, atia Awurade ahennie a Dawid asefoɔ tua ano? Wʼakodɔm no so yie. Nantwie mma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛeɛ ne mo anyame.
9 Haven’t you driven out the priests of Yahweh, the sons of Aaron, and the Levites, and made priests for yourselves according to the ways of the peoples of other lands? Whoever comes to consecrate himself with a young bull and seven rams may be a priest of those who are no gods.
Woapam Awurade asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, na woahyɛ wʼankasa asɔfoɔ te sɛ abosomman no pɛ. Ɛnnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfoɔ. Obiara a ɔde nantwie ba ne nnwennini nson bɛba sɛ wɔnnyina so nhyɛ no ɔsɔfoɔ no, ɔtumi bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma saa mo anyame no.
10 “But as for us, Yahweh is our God, and we have not forsaken him. We have priests serving Yahweh, the sons of Aaron, and the Levites in their work.
“Na yɛn deɛ, Awurade ne yɛn Onyankopɔn, na yɛnnyaa no da. Aaron asefoɔ nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfoɔ, na Lewifoɔ nko ara na wɔtumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadie mu.
11 They burn to Yahweh every morning and every evening burnt offerings and sweet incense. They also set the show bread in order on the pure table, and care for the gold lamp stand with its lamps, to burn every evening; for we keep the instruction of Yahweh our God, but you have forsaken him.
Wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne ɔhyeɛ aduhwam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummerɛ. Wɔde Hyiadan mu Burodo no to ɛpono kronkron no so, na daa anwummerɛ, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagya no.
12 Behold, God is with us at our head, and his priests with the trumpets of alarm to sound an alarm against you. Children of Israel, don’t fight against Yahweh, the God of your fathers; for you will not prosper.”
Enti, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifoɔ. Nʼasɔfoɔ hyɛn wɔn totorobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Ao Israelfoɔ, monnko ntia Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na morenni nkonim.”
13 But Jeroboam caused an ambush to come about behind them; so they were before Judah, and the ambush was behind them.
Nanso, na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakodɔm a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtɛ wɔn.
14 When Judah looked back, behold, the battle was before and behind them; and they cried to Yahweh, and the priests sounded with the trumpets.
Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ wɔfiri wɔn anim ne wɔn akyi ato ahyɛ wɔn so no, wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto,
15 Then the men of Judah gave a shout. As the men of Judah shouted, God struck Jeroboam and all Israel before Abijah and Judah.
na Yuda mmarima no hyɛɛ aseɛ teateaam. Wɔn ko no mu nteateamu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel akodɔm no guiɛ, wɔ Abia ne Yuda akodɔm anim.
16 The children of Israel fled before Judah, and God delivered them into their hand.
Israel akodɔm no dwane firii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim.
17 Abijah and his people killed them with a great slaughter, so five hundred thousand chosen men of Israel fell down slain.
Abia ne nʼakodɔm kunkumm Israel akodɔm no bebree. Ɛda no, wɔn a wɔtotɔɔɛ wɔ Israel akodɔm a wɔdi mu no yɛ mpem ahanum.
18 Thus the children of Israel were brought under at that time, and the children of Judah prevailed, because they relied on Yahweh, the God of their fathers.
Na Yuda dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no so.
19 Abijah pursued Jeroboam, and took cities from him: Bethel with its villages, Jeshanah with its villages, and Ephron with its villages.
Abia ne nʼakodɔm kɔɔ so taa Yeroboam akodɔm no, faa wɔn nkuro no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurotoɔ.
20 Jeroboam didn’t recover strength again in the days of Abijah. Yahweh struck him, and he died.
Enti, ɛberɛ a Abia te ase no deɛ, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyire no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.
21 But Abijah grew mighty and took for himself fourteen wives, and became the father of twenty-two sons and sixteen daughters.
Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmammarima aduonu mmienu ne mmaa dunsia.
22 The rest of the acts of Abijah, his ways, and his sayings are written in the commentary of the prophet Iddo.
Abia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne ne nsɛm ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Odiyifoɔ Ido Nkyerɛmu Nwoma mu.

< 2 Chronicles 13 >