< 1 Timothy 5 >

1 Don’t rebuke an older man, but exhort him as a father; the younger men as brothers;
Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabun,
2 the elder women as mothers; the younger as sisters, in all purity.
yɛ mmea mpanyimfo sɛ wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nuabeanom wɔ kronkronyɛ mu.
3 Honor widows who are widows indeed.
Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho.
4 But if any widow has children or grandchildren, let them learn first to show piety toward their own family and to repay their parents, for this is acceptable in the sight of God.
Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
5 Now she who is a widow indeed and desolate, has her hope set on God and continues in petitions and prayers night and day.
Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia.
6 But she who gives herself to pleasure is dead while she lives.
Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu.
7 Also command these things, that they may be without reproach.
Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso.
8 But if anyone doesn’t provide for his own, and especially his own household, he has denied the faith and is worse than an unbeliever.
Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.
9 Let no one be enrolled as a widow under sixty years old, having been the wife of one man,
Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware,
10 being approved by good works, if she has brought up children, if she has been hospitable to strangers, if she has washed the saints’ feet, if she has relieved the afflicted, and if she has diligently followed every good work.
na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa.
11 But refuse younger widows, for when they have grown wanton against Christ, they desire to marry,
Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho
12 having condemnation, because they have rejected their first pledge.
na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so.
13 Besides, they also learn to be idle, going about from house to house. Not only idle, but also gossips and busybodies, saying things which they ought not.
Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi mu na nea enye koraa ne sɛ wodi nseku yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka.
14 I desire therefore that the younger widows marry, bear children, rule the household, and give no occasion to the adversary for insulting.
Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn.
15 For already some have turned away after Satan.
Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.
16 If any man or woman who believes has widows, let them relieve them, and don’t let the assembly be burdened, that it might relieve those who are widows indeed.
Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.
17 Let the elders who rule well be counted worthy of double honor, especially those who labor in the word and in teaching.
Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso.
18 For the Scripture says, “You shall not muzzle the ox when it treads out the grain.” And, “The laborer is worthy of his wages.”
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛni akatua fata no!”
19 Don’t receive an accusation against an elder except at the word of two or three witnesses.
Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye sɛ nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim.
20 Those who sin, reprove in the sight of all, that the rest also may be in fear.
Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu.
21 I command you in the sight of God, and the Lord Jesus Christ, and the chosen angels, that you observe these things without prejudice, doing nothing by partiality.
Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu.
22 Lay hands hastily on no one. Don’t be a participant in other people’s sins. Keep yourself pure.
Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho. Yɛ kronn.
23 Be no longer a drinker of water only, but use a little wine for your stomach’s sake and your frequent infirmities.
Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.
24 Some men’s sins are evident, preceding them to judgment, and some also follow later.
Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu, nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri no.
25 In the same way also there are good works that are obvious, and those that are otherwise can’t be hidden.
Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.

< 1 Timothy 5 >