< 1 Timothy 1 >

1 Paul, an apostle of Jesus Christ according to the commandment of God our Savior and the Lord Jesus Christ our hope,
Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me.
2 to Timothy, my true child in faith: Grace, mercy, and peace from God our Father and Christ Jesus our Lord.
Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.
3 As I urged you when I was going into Macedonia, stay at Ephesus that you might command certain men not to teach a different doctrine,
Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae.
4 and not to pay attention to myths and endless genealogies, which cause disputes rather than God’s stewardship, which is in faith.
Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no.
5 But the goal of this command is love from a pure heart, a good conscience, and sincere faith,
Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu.
6 from which things some, having missed the mark, have turned away to vain talking,
Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu.
7 desiring to be teachers of the law, though they understand neither what they say nor about what they strongly affirm.
Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu.
8 But we know that the law is good if a person uses it lawfully,
Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ.
9 as knowing this, that law is not made for a righteous person, but for the lawless and insubordinate, for the ungodly and sinners, for the unholy and profane, for murderers of fathers and murderers of mothers, for manslayers,
Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ,
10 for the sexually immoral, for homosexuals, for slave-traders, for liars, for perjurers, and for any other thing contrary to the sound doctrine,
afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
11 according to the Good News of the glory of the blessed God, which was committed to my trust.
Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.
12 I thank him who enabled me, Christ Jesus our Lord, because he counted me faithful, appointing me to service,
Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
13 although I used to be a blasphemer, a persecutor, and insolent. However, I obtained mercy because I did it ignorantly in unbelief.
Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ.
14 The grace of our Lord abounded exceedingly with faith and love which is in Christ Jesus.
Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no.
15 The saying is faithful and worthy of all acceptance, that Christ Jesus came into the world to save sinners, of whom I am chief.
Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa.
16 However, for this cause I obtained mercy, that in me first, Jesus Christ might display all his patience for an example of those who were going to believe in him for eternal life. (aiōnios g166)
Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
17 Now to the King eternal, immortal, invisible, to God who alone is wise, be honor and glory forever and ever. Amen. (aiōn g165)
Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. (aiōn g165)
18 I commit this instruction to you, my child Timothy, according to the prophecies which were given to you before, that by them you may wage the good warfare,
Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ,
19 holding faith and a good conscience, which some having thrust away made a shipwreck concerning the faith,
na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie.
20 of whom are Hymenaeus and Alexander, whom I delivered to Satan that they might be taught not to blaspheme.
Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.

< 1 Timothy 1 >