< 1 Samuel 8 >

1 When Samuel was old, he made his sons judges over Israel.
Samuel bɔɔ akwakoraa no, oyii ne mmabarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufo.
2 Now the name of his firstborn was Joel, and the name of his second, Abijah. They were judges in Beersheba.
Nʼabakan no din de Yoel, na ne ba a ɔto so abien no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufo wɔ Beer-Seba.
3 His sons didn’t walk in his ways, but turned away after dishonest gain, took bribes, and perverted justice.
Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew.
4 Then all the elders of Israel gathered themselves together and came to Samuel to Ramah.
Enti Israel mpanyimfo nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bedii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ.
5 They said to him, “Behold, you are old, and your sons don’t walk in your ways. Now make us a king to judge us like all the nations.”
Wɔka kyerɛɛ no se, “Woabɔ akwakoraa, na wo mmabarima nso nnantew wʼakwan so; enti si ɔhene na onni yɛn anim sɛnea aman bebree yɛ no no.”
6 But the thing displeased Samuel when they said, “Give us a king to judge us.” Samuel prayed to Yahweh.
Wɔn abisade no anyɛ Samuel dɛ nti, ɔkɔɔ Awurade anim kobisaa akwankyerɛ.
7 Yahweh said to Samuel, “Listen to the voice of the people in all that they tell you; for they have not rejected you, but they have rejected me as the king over them.
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio.
8 According to all the works which they have done since the day that I brought them up out of Egypt even to this day, in that they have forsaken me and served other gods, so they also do to you.
Efi bere a miyii wɔn fii Misraim no besi nnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akodi anyame afoforo akyi; na nnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.
9 Now therefore, listen to their voice. However, you shall protest solemnly to them, and shall show them the way of the king who will reign over them.”
Ɛno nti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibere so, na ma wonhu ɔkwan a ɔhene a ɔrebedi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”
10 Samuel told all Yahweh’s words to the people who asked him for a king.
Enti Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no.
11 He said, “This will be the way of the king who shall reign over you: he will take your sons and appoint them as his servants, for his chariots and to be his horsemen; and they will run before his chariots.
“Sɛɛ na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmabarima na wama wɔde ne nteaseɛnam ne apɔnkɔ asom, na wama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.
12 He will appoint them to him for captains of thousands and captains of fifties; and he will assign some to plow his ground and to reap his harvest; and to make his instruments of war and the instruments of his chariots.
Ebinom bɛyɛ nʼakofo mpem ne aduonum so asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa ma wɔafuntum nʼasase, na wɔatwa ne nnɔbae, na afoforo ayɛ nʼakode ne ne teaseɛnam ho nneɛma.
13 He will take your daughters to be perfumers, to be cooks, and to be bakers.
Ɔhene no begye mo mmabea afi mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuan, na wɔato nnuan, na wɔayɛ nnuhuam nso ama no.
14 He will take your fields, your vineyards, and your olive groves, even your best, and give them to his servants.
Obegye mo mfuw ne mo bobe mfuw ne mo ngo mfuw a eye no afi mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfo.
15 He will take one tenth of your seed and of your vineyards, and give it to his officers and to his servants.
Obegye mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfo ne nʼasomfo.
16 He will take your male servants, your female servants, your best young men, and your donkeys, and assign them to his own work.
Ɔbɛpɛ sɛ obenya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwi papa ne mo mfurum de wɔn ayɛ nʼadwuma.
17 He will take one tenth of your flocks; and you will be his servants.
Obegye mo nguan mu nkyɛmu du mu baako na moayɛ nʼasomfo.
18 You will cry out in that day because of your king whom you will have chosen for yourselves; and Yahweh will not answer you in that day.”
Sɛ da no du a, mobɛsrɛ ahomegye afi saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”
19 But the people refused to listen to the voice of Samuel; and they said, “No, but we will have a king over us,
Nanso ɔmanfo no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkae ara ne se, “Yɛpɛ ɔhene.
20 that we also may be like all the nations; and that our king may judge us, and go out before us, and fight our battles.”
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn hene bedi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”
21 Samuel heard all the words of the people, and he rehearsed them in the ears of Yahweh.
Enti Samuel kaa asɛm a nkurɔfo no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade,
22 Yahweh said to Samuel, “Listen to their voice, and make them a king.” Samuel said to the men of Israel, “Everyone go to your own city.”
na Awurade buae se, “Yɛ nea wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.

< 1 Samuel 8 >