< 1 Samuel 16 >

1 Yahweh said to Samuel, “How long will you mourn for Saul, since I have rejected him from being king over Israel? Fill your horn with oil, and go. I will send you to Jesse the Bethlehemite, for I have provided a king for myself among his sons.”
Awurade bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.”
2 Samuel said, “How can I go? If Saul hears it, he will kill me.” Yahweh said, “Take a heifer with you, and say, ‘I have come to sacrifice to Yahweh.’
Samuel bisae se, “Mɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ Saulo te a obekum me.” Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fa nantwi ba ka wo ho, na ka se, ‘maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Awurade.’
3 Call Jesse to the sacrifice, and I will show you what you shall do. You shall anoint to me him whom I name to you.”
To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.”
4 Samuel did that which Yahweh spoke, and came to Bethlehem. The elders of the city came to meet him trembling, and said, “Do you come peaceably?”
Samuel yɛɛ nea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Bere a oduu Betlehem no, ɛhɔ mpanyimfo no bɔɔ hu. Wobisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”
5 He said, “Peaceably; I have come to sacrifice to Yahweh. Sanctify yourselves, and come with me to the sacrifice.” He sanctified Jesse and his sons, and called them to the sacrifice.
Samuel buae se, “Yiw, asomdwoe mu. Merebɛbɔ afɔre ama Awurade. Munnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti Samuel dwiraa Yisai ne ne mmabarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase.
6 When they had come, he looked at Eliab, and said, “Surely Yahweh’s anointed is before him.”
Wodui no, Samuel huu Eliab na osusuwii se, “Ampa, nea Awurade asra no no ni.”
7 But Yahweh said to Samuel, “Don’t look on his face, or on the height of his stature, because I have rejected him; for I don’t see as man sees. For man looks at the outward appearance, but Yahweh looks at the heart.”
Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu.”
8 Then Jesse called Abinadab, and made him pass before Samuel. He said, “Yahweh has not chosen this one, either.”
Na Yisai frɛɛ Abinadab ma otwaa mu wɔ Samuel anim. Nanso Samuel kae se, “Oyi nyɛ nea Awurade ayi no.”
9 Then Jesse made Shammah to pass by. He said, “Yahweh has not chosen this one, either.”
Yisai maa Sama twaa mu, nanso Samuel kae se, “Saa ara na Awurade nyii oyi.”
10 Jesse made seven of his sons to pass before Samuel. Samuel said to Jesse, “Yahweh has not chosen these.”
Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “Awurade nyii wɔn mu biara ɛ.”
11 Samuel said to Jesse, “Are all your children here?” He said, “There remains yet the youngest. Behold, he is keeping the sheep.” Samuel said to Jesse, “Send and get him, for we will not sit down until he comes here.”
Enti obisaa Yisai se, “Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?” Yisai buae se, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan.” Samuel kae se, “Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi.”
12 He sent, and brought him in. Now he was ruddy, with a handsome face and good appearance. Yahweh said, “Arise! Anoint him, for this is he.”
Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.”
13 Then Samuel took the horn of oil and anointed him in the middle of his brothers. Then Yahweh’s Spirit came mightily on David from that day forward. So Samuel rose up and went to Ramah.
Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
14 Now Yahweh’s Spirit departed from Saul, and an evil spirit from Yahweh troubled him.
Saa bere yi na Awurade honhom afi Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛma ɔtenaa ase ehu ne osuro mu.
15 Saul’s servants said to him, “See now, an evil spirit from God troubles you.
Ɛbaa saa no, Saulo asomfo no bi kyerɛɛ adwene bi se, “Honhommɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ rehaw wo.
16 Let our lord now command your servants who are in front of you to seek out a man who is a skillful player on the harp. Then when the evil spirit from God is on you, he will play with his hand, and you will be well.”
Momma yɛn Awurade mma ne nkoa mpɛ sankubɔfo papa bi, na sɛ honhom no fi Onyankopɔn hɔ ba wo so a, wabɔ nnwom ama wo, na wo ho bɛtɔ wo.”
17 Saul said to his servants, “Provide me now a man who can play well, and bring him to me.”
Saulo kae se, “Monhwehwɛ ɔsankubɔni papa bi na momfa no mmrɛ me.”
18 Then one of the young men answered and said, “Behold, I have seen a son of Jesse the Bethlehemite who is skillful in playing, a mighty man of valor, a man of war, prudent in speech, and a handsome person; and Yahweh is with him.”
Asomfo no mu baako buae se, “Yisai a ofi Betlehem babarima baako nim sankubɔ yiye. Ɔyɛ ɔkokodurofo hoɔdenfo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberante a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
19 Therefore Saul sent messengers to Jesse, and said, “Send me David your son, who is with the sheep.”
Enti Saulo tuu abɔfo kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no brɛ me.”
20 Jesse took a donkey loaded with bread, a container of wine, and a young goat, and sent them by David his son to Saul.
Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho.
21 David came to Saul and stood before him. He loved him greatly; and he became his armor bearer.
Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yiye, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodekurafo no mu baako.
22 Saul sent to Jesse, saying, “Please let David stand before me, for he has found favor in my sight.”
Na Saulo de nkra kɔmaa Yisai se, “Ma Dawid nka mʼadwumayɛfo no ho, efisɛ mepɛ nʼasɛm yiye.”
23 When the spirit from God was on Saul, David took the harp and played with his hand; so Saul was refreshed and was well, and the evil spirit departed from him.
Na bere biara a honhommɔne a efi Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛhaw no no, Dawid bɔ sanku no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.

< 1 Samuel 16 >