< 1 Kings 17 >

1 Elijah the Tishbite, who was one of the settlers of Gilead, said to Ahab, “As Yahweh, the God of Israel, lives, before whom I stand, there shall not be dew nor rain these years, but according to my word.”
Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
2 Then Yahweh’s word came to him, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ,
3 “Go away from here, turn eastward, and hide yourself by the brook Cherith, that is before the Jordan.
“Kɔ asuo Kerit a ɛwɔ apueeɛ fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kɔhinta hɔ.
4 You shall drink from the brook. I have commanded the ravens to feed you there.”
Nom asuo no mu nsuo, na di deɛ anene no de bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduane.”
5 So he went and did according to Yahweh’s word, for he went and lived by the brook Cherith that is before the Jordan.
Enti, Elia yɛɛ sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenaeɛ wɔ asuo Kerit ho.
6 The ravens brought him bread and meat in the morning, and bread and meat in the evening; and he drank from the brook.
Anene no brɛɛ no burodo ne ɛnam anɔpa ne anwummerɛ biara, na ɔnom nsuo firii asuo no mu.
7 After a while, the brook dried up, because there was no rain in the land.
Na akyire yi, asuo no weeɛ, ɛfiri sɛ, na osuo ntɔ wɔ asase no so baabiara.
8 Yahweh’s word came to him, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ,
9 “Arise, go to Zarephath, which belongs to Sidon, and stay there. Behold, I have commanded a widow there to sustain you.”
“Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kuro no mu. Okunafoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduane adi. Makyerɛ no deɛ ɔnyɛ.”
10 So he arose and went to Zarephath; and when he came to the gate of the city, behold, a widow was there gathering sticks. He called to her and said, “Please get me a little water in a jar, that I may drink.”
Na Elia kɔɔ Sarefat. Ɔduruu kuro no abɔntenpono no ano no, ɔhunuu okunafoɔ bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Ɔbisaa no sɛ, “Mesrɛ wo, wobɛtumi ama me nsuo kuruwama bi?”
11 As she was going to get it, he called to her and said, “Please bring me a morsel of bread in your hand.”
Ɔrekɔsa nsuo no aba no, ɔsrɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ a fa burodo sini bi nso ka ho.”
12 She said, “As Yahweh your God lives, I don’t have anything baked, but only a handful of meal in a jar and a little oil in a jar. Behold, I am gathering two sticks, that I may go in and bake it for me and my son, that we may eat it, and die.”
Okunafoɔ no kaa sɛ, “Meka Awurade, wo Onyankopɔn no ntam sɛ, menni burodo sini koraa wɔ fie. Na deɛ mewɔ wɔ efie yɛ asikyiresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduane a ɛtwa toɔ, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
13 Elijah said to her, “Don’t be afraid. Go and do as you have said; but make me a little cake from it first, and bring it out to me, and afterward make some for you and for your son.
Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduane a ɛtwa toɔ no. Nanso, ɛyɛ a, to burodo ketewa bi di ɛkan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduane bebree bɛka ama wo ne wo ba no.
14 For Yahweh, the God of Israel, says, ‘The jar of meal will not run out, and the jar of oil will not fail, until the day that Yahweh sends rain on the earth.’”
Na deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Daa asikyiresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekoradeɛ no mu kɔsi ɛberɛ a Awurade bɛma osuo atɔ, ama nnɔbaeɛ anyini bio.’”
15 She went and did according to the saying of Elijah; and she, he, and her household ate many days.
Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikyiresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree.
16 The jar of meal didn’t run out and the jar of oil didn’t fail, according to Yahweh’s word, which he spoke by Elijah.
Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
17 After these things, the son of the woman, the mistress of the house, became sick; and his sickness was so severe that there was no breath left in him.
Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii sɛ abɔfra no wuiɛ.
18 She said to Elijah, “What have I to do with you, you man of God? You have come to me to bring my sin to memory, and to kill my son!”
Ɔbaa no bisaa Elia sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, ɛdeɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho enti na woakum me ba yi?”
19 He said to her, “Give me your son.” He took him out of her bosom, and carried him up into the room where he stayed, and laid him on his own bed.
Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee abarimaa no firii ne nsam. Ɔde no kɔɔ ɛsoro dan bi a wɔsoɛɛ no mu no mu. Ɔde owufoɔ no too ne mpa so.
20 He cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, have you also brought evil on the widow with whom I am staying, by killing her son?”
Elia su guu Awurade so sɛ, “Ao, Awurade, adɛn enti na wode saa awerɛhoɔ yi abɛto okunafoɔ yi a ɔde ne fie asom me hɔhoɔ yi so, na wama ne ba awuo yi?”
21 He stretched himself on the child three times, and cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, please let this child’s soul come into him again.”
Ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, su guu Awurade so sɛ, “Ao Awurade, me Onyankopɔn, mesrɛ, ma abɔfra yi nnya nkwa bio.”
22 Yahweh listened to the voice of Elijah; and the soul of the child came into him again, and he revived.
Awurade tiee Elia mpaeɛbɔ, na abɔfra no nyaa nkwa bio.
23 Elijah took the child and brought him down out of the room into the house, and delivered him to his mother; and Elijah said, “Behold, your son lives.”
Enti, Elia de no firi soro hɔ brɛɛ ne maame, ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ba no anyane.”
24 The woman said to Elijah, “Now I know that you are a man of God, and that Yahweh’s word in your mouth is truth.”
Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Afei, mahunu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn onipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”

< 1 Kings 17 >