< 1 Kings 17 >

1 Elijah the Tishbite, who was one of the settlers of Gilead, said to Ahab, “As Yahweh, the God of Israel, lives, before whom I stand, there shall not be dew nor rain these years, but according to my word.”
Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
2 Then Yahweh’s word came to him, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se,
3 “Go away from here, turn eastward, and hide yourself by the brook Cherith, that is before the Jordan.
“Kɔ asu Kerit a ɛwɔ apuei fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kohintaw hɔ.
4 You shall drink from the brook. I have commanded the ravens to feed you there.”
Nom asu no mu nsu, na di nea kwaakwaadabi no de bɛbrɛ wo, efisɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduan.”
5 So he went and did according to Yahweh’s word, for he went and lived by the brook Cherith that is before the Jordan.
Enti Elia yɛɛ sɛnea Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenae wɔ asu Kerit ho.
6 The ravens brought him bread and meat in the morning, and bread and meat in the evening; and he drank from the brook.
Kwaakwaadabi no brɛɛ no brodo ne nam anɔpa ne anwummere biara, na ɔnom nsu fii asu no mu.
7 After a while, the brook dried up, because there was no rain in the land.
Akyiri no, asu no yowee, efisɛ na osu ntɔ wɔ asase no so baabiara.
8 Yahweh’s word came to him, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se,
9 “Arise, go to Zarephath, which belongs to Sidon, and stay there. Behold, I have commanded a widow there to sustain you.”
“Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kurow no mu. Okunafo bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduan adi. Makyerɛ no nea ɔnyɛ.”
10 So he arose and went to Zarephath; and when he came to the gate of the city, behold, a widow was there gathering sticks. He called to her and said, “Please get me a little water in a jar, that I may drink.”
Na Elia kɔɔ Sarefat. Oduu kurow no abɔntenpon no ano no, ohuu okunafo bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Obisaa no se, “Mesrɛ wo, wubetumi ama me nsu kuruwa ma bi?”
11 As she was going to get it, he called to her and said, “Please bring me a morsel of bread in your hand.”
Ɔrekɔsaw nsu no aba no, ɔsrɛɛ no se, “Ɛyɛ a fa brodo sin bi nso ka ho.”
12 She said, “As Yahweh your God lives, I don’t have anything baked, but only a handful of meal in a jar and a little oil in a jar. Behold, I am gathering two sticks, that I may go in and bake it for me and my son, that we may eat it, and die.”
Okunafo no kae se, “Meka Awurade, wo Nyankopɔn no ntam se, minni brodo sin koraa wɔ fie. Na nea mewɔ wɔ fie yɛ asikresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduan a etwa to, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
13 Elijah said to her, “Don’t be afraid. Go and do as you have said; but make me a little cake from it first, and bring it out to me, and afterward make some for you and for your son.
Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no.
14 For Yahweh, the God of Israel, says, ‘The jar of meal will not run out, and the jar of oil will not fail, until the day that Yahweh sends rain on the earth.’”
Na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ka, ‘Daa asikresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekorade no mu kosi bere a Awurade bɛma osu atɔ, ama nnɔbae anyin bio.’”
15 She went and did according to the saying of Elijah; and she, he, and her household ate many days.
Na ɔyɛɛ sɛnea Elia kae no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree.
16 The jar of meal didn’t run out and the jar of oil didn’t fail, according to Yahweh’s word, which he spoke by Elijah.
Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
17 After these things, the son of the woman, the mistress of the house, became sick; and his sickness was so severe that there was no breath left in him.
Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui.
18 She said to Elijah, “What have I to do with you, you man of God? You have come to me to bring my sin to memory, and to kill my son!”
Ɔbea no bisaa Elia se, “Onyankopɔn nipa, dɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho nti na woakum me ba yi?”
19 He said to her, “Give me your son.” He took him out of her bosom, and carried him up into the room where he stayed, and laid him on his own bed.
Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee abarimaa no fii ne nsam. Ɔde no kɔɔ soro dan bi a wɔsoɛɛ mu no mu. Ɔde owufo no too ne mpa so.
20 He cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, have you also brought evil on the widow with whom I am staying, by killing her son?”
Elia su guu Awurade so se, “Awurade, adɛn nti na wode saa awerɛhow yi abɛto okunafo yi a ɔde ne fi asom me hɔho yi so, na wama ne ba awu yi?”
21 He stretched himself on the child three times, and cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, please let this child’s soul come into him again.”
Obutuw abofra no so mprɛnsa, su guu Awurade so se, “Ao Awurade, me Nyankopɔn, mesrɛ, ma abofra yi nnya nkwa bio.”
22 Yahweh listened to the voice of Elijah; and the soul of the child came into him again, and he revived.
Awurade tiee Elia mpaebɔ, na abofra no nyaa nkwa bio.
23 Elijah took the child and brought him down out of the room into the house, and delivered him to his mother; and Elijah said, “Behold, your son lives.”
Enti Elia de no fi soro hɔ brɛɛ ne na, ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo ba no anyan.”
24 The woman said to Elijah, “Now I know that you are a man of God, and that Yahweh’s word in your mouth is truth.”
Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia se, “Afei, mahu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”

< 1 Kings 17 >