< 1 Corinthians 8 >

1 Now concerning things sacrificed to idols: We know that we all have knowledge. Knowledge puffs up, but love builds up.
Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Yenim sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan na ɔdɔ ma nkɔso.
2 But if anyone thinks that he knows anything, he doesn’t yet know as he ought to know.
Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu.
3 But anyone who loves God is known by him.
Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
4 Therefore concerning the eating of things sacrificed to idols, we know that no idol is anything in the world, and that there is no other God but one.
Enti nnuan a wɔde ma ahoni sɛ wonni no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ.
5 For though there are things that are called “gods”, whether in the heavens or on earth—as there are many “gods” and many “lords”—
Nneɛma bebree wɔ ɔsoro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom.
6 yet to us there is one God, the Father, of whom are all things, and we for him; and one Lord, Jesus Christ, through whom are all things, and we live through him.
Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
7 However, that knowledge isn’t in all men. But some, with consciousness of an idol until now, eat as of a thing sacrificed to an idol, and their conscience, being weak, is defiled.
Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi.
8 But food will not commend us to God. For neither, if we don’t eat are we the worse, nor if we eat are we the better.
Ɛnyɛ aduan a yɛadi no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduan no a, yɛntɔ sin, na sɛ yedi nso a, yɛmmoro so.
9 But be careful that by no means does this liberty of yours become a stumbling block to the weak.
Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu.
10 For if a man sees you who have knowledge sitting in an idol’s temple, won’t his conscience, if he is weak, be emboldened to eat things sacrificed to idols?
Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛw wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi ana?
11 And through your knowledge, he who is weak perishes, the brother for whose sake Christ died.
Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera?
12 Thus, sinning against the brothers, and wounding their conscience when it is weak, you sin against Christ.
Na ɛnam saa ɔkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, efisɛ wonam wɔn adwene mu mmerɛwyɛ so adaadaa wɔn.
13 Therefore, if food causes my brother to stumble, I will eat no meat forever more, that I don’t cause my brother to stumble. (aiōn g165)
Enti sɛ nea midi de me nua kɔ bɔne mu a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. (aiōn g165)

< 1 Corinthians 8 >