< 1 Chronicles 11 >

1 Then all Israel gathered themselves to David to Hebron, saying, “Behold, we are your bone and your flesh.
Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.
2 In times past, even when Saul was king, it was you who led out and brought in Israel. Yahweh your God said to you, ‘You shall be shepherd of my people Israel, and you shall be prince over my people Israel.’”
Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’”
3 So all the elders of Israel came to the king to Hebron; and David made a covenant with them in Hebron before Yahweh. They anointed David king over Israel, according to Yahweh’s word by Samuel.
Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
4 David and all Israel went to Jerusalem (also called Jebus); and the Jebusites, the inhabitants of the land, were there.
Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree.
5 The inhabitants of Jebus said to David, “You will not come in here!” Nevertheless David took the stronghold of Zion. The same is David’s city.
Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
6 David had said, “Whoever strikes the Jebusites first shall be chief and captain.” Joab the son of Zeruiah went up first, and was made chief.
Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
7 David lived in the stronghold; therefore they called it David’s city.
Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no.
8 He built the city all around, from Millo even around; and Joab repaired the rest of the city.
Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no.
9 David grew greater and greater, for Yahweh of Armies was with him.
Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.
10 Now these are the chief of the mighty men whom David had, who showed themselves strong with him in his kingdom, together with all Israel, to make him king, according to Yahweh’s word concerning Israel.
Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
11 This is the number of the mighty men whom David had: Jashobeam, the son of a Hachmonite, the chief of the thirty; he lifted up his spear against three hundred and killed them at one time.
Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.
12 After him was Eleazar the son of Dodo, the Ahohite, who was one of the three mighty men.
Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni.
13 He was with David at Pasdammim, and there the Philistines were gathered together to battle, where there was a plot of ground full of barley; and the people fled from before the Philistines.
Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee.
14 They stood in the middle of the plot, defended it, and killed the Philistines; and Yahweh saved them by a great victory.
Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.
15 Three of the thirty chief men went down to the rock to David, into the cave of Adullam; and the army of the Philistines were encamped in the valley of Rephaim.
Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ.
16 David was then in the stronghold, and the garrison of the Philistines was in Bethlehem at that time.
Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem.
17 David longed, and said, “Oh, that someone would give me water to drink from the well of Bethlehem, which is by the gate!”
Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.”
18 The three broke through the army of the Philistines, and drew water out of the well of Bethlehem that was by the gate, took it, and brought it to David; but David would not drink any of it, but poured it out to Yahweh,
Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu Awurade anim
19 and said, “My God forbid me, that I should do this! Shall I drink the blood of these men who have put their lives in jeopardy?” For they risked their lives to bring it. Therefore he would not drink it. The three mighty men did these things.
teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.
20 Abishai, the brother of Joab, was chief of the three; for he lifted up his spear against three hundred and killed them, and had a name among the three.
Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no.
21 Of the three, he was more honorable than the two, and was made their captain; however he wasn’t included in the three.
Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
22 Benaiah the son of Jehoiada, the son of a valiant man of Kabzeel, who had done mighty deeds, killed the two sons of Ariel of Moab. He also went down and killed a lion in the middle of a pit on a snowy day.
Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no.
23 He killed an Egyptian, a man of great stature, five cubits high. In the Egyptian’s hand was a spear like a weaver’s beam; and he went down to him with a staff, plucked the spear out of the Egyptian’s hand, and killed him with his own spear.
Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no.
24 Benaiah the son of Jehoiada did these things and had a name among the three mighty men.
Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
25 Behold, he was more honorable than the thirty, but he didn’t attain to the three; and David set him over his guard.
Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.
26 The mighty men of the armies also include Asahel the brother of Joab, Elhanan the son of Dodo of Bethlehem,
Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem;
27 Shammoth the Harorite, Helez the Pelonite,
Samot a ofi Harori; Heles a ofi Pelon;
28 Ira the son of Ikkesh the Tekoite, Abiezer the Anathothite,
Ikes babarima Ira a ofi Tekoa; Abieser a ofi Anatot;
29 Sibbecai the Hushathite, Ilai the Ahohite,
Sibekai a ofi Husa; Salmon a ofi Ahoa;
30 Maharai the Netophathite, Heled the son of Baanah the Netophathite,
Maharai a ofi Netofa; Baana a ofi Netofa babarima Heled;
31 Ithai the son of Ribai of Gibeah of the children of Benjamin, Benaiah the Pirathonite,
Ribai a ofi Gibea babarima Itai (wofi Benyamin abusuakuw mu); Benaia a ofi Piraton;
32 Hurai of the brooks of Gaash, Abiel the Arbathite,
Hurai a ofi baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ofi Araba.
33 Azmaveth the Baharumite, Eliahba the Shaalbonite,
Asmawet a ofi Baharum; Eliahba a ofi Saalbon.
34 the sons of Hashem the Gizonite, Jonathan the son of Shagee the Hararite,
Hasem mmabarima a wofi Gison; Sage babarima Yonatan a ofi Harar.
35 Ahiam the son of Sacar the Hararite, Eliphal the son of Ur,
Sakar babarima Ahiam a ofi Harar; Ur babarima Elifar.
36 Hepher the Mecherathite, Ahijah the Pelonite,
Hefer a ofi Mekera; Ahiya a ofi Pelon.
37 Hezro the Carmelite, Naarai the son of Ezbai,
Hesro a ofi Karmel; Esbai babarima Naarai.
38 Joel the brother of Nathan, Mibhar the son of Hagri,
Natan nuabarima Yoel; Hagri babarima Mibhar.
39 Zelek the Ammonite, Naharai the Berothite (the armor bearer of Joab the son of Zeruiah),
Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo);
40 Ira the Ithrite, Gareb the Ithrite,
Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
41 Uriah the Hittite, Zabad the son of Ahlai,
Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;
42 Adina the son of Shiza the Reubenite (a chief of the Reubenites), and thirty with him,
Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfo ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;
43 Hanan the son of Maacah, Joshaphat the Mithnite,
Maaka babarima Hanan; Yosafat a ofi Mitna;
44 Uzzia the Ashterathite, Shama and Jeiel the sons of Hotham the Aroerite,
Usia a ofi Astera; Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel;
45 Jediael the son of Shimri, and Joha his brother, the Tizite,
Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ofi Tis;
46 Eliel the Mahavite, and Jeribai, and Joshaviah, the sons of Elnaam, and Ithmah the Moabite,
Eliel a ofi Mahawi; Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ofi Moab;
47 Eliel, Obed, and Jaasiel the Mezobaite.
Eliel ne Obed; Yaasiel a ofi Soba.

< 1 Chronicles 11 >