< Psalms 9 >

1 For the leader;’almuth labben. A psalm of David. With all my heart I will praise the Lord, all your wonders I will rehearse.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”. Dawid dwom. Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase. Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.
2 I will rejoice and exult in you, singing praise to your name, Most High;
Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu. Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.
3 because backward my foes were turned, they stumbled and perished before you.
Mʼatamfo san wɔn akyi; wɔtetew hwe, na wowuwu wɔ wʼanim.
4 My right and my claim you have upheld, you did sit on the throne as a fair judge,
Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi; woatena wʼahengua so, abu atɛntrenee.
5 rebuking the nations, destroying the wicked, and blotting their name out forever and ever.
Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
6 The foe is vanished, ruined forever, their cities destroyed, their memory perished.
Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnkae wɔn bio mpo.
7 See! The Lord is seated forever on the throne he established for judgment,
Awurade di hene daa daa; wasi nʼatemmu ahengua.
8 ruling the world with justice, and judging the nations with equity.
Ɔde trenee bebu wiase atɛn; ɔde atɛntrenee bedi nnipa no so.
9 So the Lord proves a haven to the oppressed, a haven in times of trouble.
Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no, ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.
10 Well may they trust you who know your name, for those who seek you, you never abandon.
Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
11 Sing praise to the Lord, whose home is in Zion, declare his deeds among the nations.
Monto ayeyi dwom mma Awurade a ɔte ahengua so wɔ Sion; mompae mu nka nea wayɛ wɔ amanaman no mu.
12 As avenger of blood, he keeps them in mind, he does not forget the cry of the wretched.
Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no; ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so.
13 Show me favour, Lord, see how my foes afflict me, lift me up from the gates of death;
Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me fi owu apon ano,
14 so I may, in your help exulting, tell forth your praise at the gates of Zion.
na matumi apae mu aka wʼayeyi wɔ Ɔbabea Sion apon ano, na madi ahurusi wɔ wo nkwagye no mu hɔ.
15 The nations are sunk in the pit which they made, in the net that they hid, their own foot is entangled.
Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu; afiri a wosum hintaw no ayi wɔn anan.
16 The Lord is revealed in the judgment he wrought, the wicked are snared in their own handiwork. (Selah)
Awurade atɛntrenee da no adi; amumɔyɛfo nsa ano adwuma ayi wɔn.
17 Let the wicked depart to Sheol, all the nations that live forgetful of God. (Sheol h7585)
Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu, amanaman a wɔn werɛ fi Onyankopɔn nyinaa. (Sheol h7585)
18 For the needy will not be always forgotten, nor the hope of the helpless be lost forever.
Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora.
19 Arise, Lord; don’t let them triumph: before your face let the nations be judged.
Sɔre! Awurade, mma ɔdesani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
20 Strike them with fear, Lord: show the nations how frail they are. (Selah)
Bɔ wɔn hu, Awurade; na ma wonhu sɛ, wɔyɛ adesa bi kɛkɛ.

< Psalms 9 >