< Psalms 75 >

1 For the leader; al tashheth. A psalm of Asaph, a song. We praise you, God, we praise you: we would call on your name and declare your wonders.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
2 ‘At the time I choose, I will judge fairly.
Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.
3 Though earth melt and all her inhabitants, it is I who keep steady her pillars.’ (Selah)
Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
4 I say to the boasters, ‘Boast not’; to the wicked, ‘Lift not up your horn:
Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.
5 lift not your horn on high, speak not boldly against the Rock.’
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiaabu nkasa.’”
6 For not from east nor west, not from desert nor mountains;
Obiara mmfi apuei anaa atɔe anaa sare no so a obetumi ama obi so.
7 but God himself is the judge, humbling one and exalting another.
Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.
8 In the hand of the Lord is a cup foaming wine, richly spiced. Out of this he pours a draught, and all the wicked of earth must drain it down to the dregs.
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa nom ma ɛka ase puw.
9 But I will rejoice forever, singing praise to the God of Jacob.
Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.
10 I will hew all the horns of the wicked, but the horns of the just shall be lifted.
Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.

< Psalms 75 >