< Psalms 106 >

1 Hallelujah! Give thanks to the Lord for his goodness, for his kindness endures forever.
Monkamfo Awurade! Monna Awurade ase na oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
2 Who can describe his heroic deeds, or publish all his praise?
Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ? Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?
3 Happy they who act justly, and do righteousness evermore.
Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee, na daa wɔyɛ nea eye.
4 Remember me, Lord, as you remember your people, and visit me with your gracious help.
Awurade, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me, sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me,
5 May I see the good fortune of your elect, may I share in the joy of your nation, and in the pride of your heritage.
na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa, na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa, na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo.
6 We, like our fathers, have sinned, we have done perversely and wickedly
Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.
7 In the land of Egypt our fathers, all heedless of your wonders, and unmindful of your great kindness, at the Red Sea defied the Most High.
Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho; wɔankae wʼadɔe bebrebe no, na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
8 But true to his name he saved them, in order to show his might.
Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa, sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi.
9 He rebuked the Red Sea, and it dried; they marched through the depths as through desert,
Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee; ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so.
10 saved from the hand of the hostile, redeemed from the hand of the foe.
Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam; nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii.
11 The waters covered their enemies: not one of them was left.
Nsu kataa wɔn atamfo so; na ɔbaako mpo annya nkwa.
12 So then they believed in his words, and began to sing his praise.
Afei wogyee ne bɔhyɛ no dii na wɔtoo nʼayeyi nnwom.
13 But soon they forgot his deeds: they did not wait for his counsel.
Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatu.
14 Their greed was ravenous in the desert; they put God to the test in the wilderness.
Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
15 He gave them the thing they had asked for, but sent wasting disease among them.
enti ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so.
16 The camp grew jealous of Moses and of Aaron, holy one of the Lord.
Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose ne Aaron a Awurade atew ne ho no.
17 The earth opened and swallowed up Dathan, and covered Abiram’s company.
Asase mu bue ma ɛmenee Datan na esiee Abiram asafo no.
18 Fire broke out on their company, flame kindled upon the wicked.
Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu; ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no.
19 They made a calf in Horeb, and bowed to the molten image.
Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb na wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ.
20 They exchanged their glorious God for the image of ox that eats grass.
Wɔsesaa wɔn Anuonyam wɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode.
21 They forgot the God who had saved them by mighty deeds in Egypt
Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa, nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no,
22 Wonders in the land of Ham, terrors by the Red Sea.
nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no.
23 So he vowed, and would have destroyed them, but for Moses his elect, who stepped into the breach before him, to divert his deadly wrath.
Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no, sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.
24 They spurned the delightsome land, they refused to believe in his word.
Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ no anni.
25 They grumbled in their tents, would not listen to the voice of the Lord.
Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu na wɔanyɛ osetie amma Awurade.
26 So he swore with uplifted hand to lay them low in the wilderness;
Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn se ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,
27 to disperse their seed among heathen, to scatter them over the world.
ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
28 Then they joined them to Baal of Peor, and ate what was offered the dead.
Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor ho na wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa;
29 They provoked him to wrath by their deeds, and plague broke out among them.
wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuw na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
30 Then Phinehas stood between, and so the plague was stayed;
Na Pinehas sɔre dii akagyinamu, na wosiw ɔyaredɔm no ano.
31 and it was counted to him for righteousness unto all generations forever.
Wɔde eyi yɛɛ trenee maa no wɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu.
32 They angered him at the waters of Meribah, through them it went ill with Moses.
Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuw, na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so,
33 They rebelled against his spirit, and he uttered speech that was rash.
efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua, na asɛm a wannwene ho fii Mose anom.
34 They did not destroy the nations, as the Lord had commanded them;
Wɔansɛe nnipa no sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no,
35 but they mingled with the heathen, and learned to do as they did.
nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
36 Their idol gods they worshipped, and they were ensnared by them.
Wɔsom wɔn ahoni, na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn.
37 They sacrificed their sons and their daughters to the demons.
Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom.
38 They poured out innocent blood the blood of their sons and daughters whom they offered to Canaan’s idols, and the land was polluted with blood.
Wɔkaa mogya a edi bem gui, wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya a wɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi.
39 They became unclean by their works, and adulterous in their deeds.
Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman.
40 Then the Lord’s fury was on his people, filled with horror at his inheritance.
Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo; na okyii nʼagyapade.
41 He delivered them to the heathen, to the sway of those who hated them.
Ɔdan wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfo dii wɔn so.
42 Their enemies oppressed them, and subdued them under their hand.
Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
43 Many a time he saved them, but they rebelled at his counsel, and were brought low by their wrongdoing.
Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tew atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
44 Yet he looked upon their distress, when he heard their cry.
Nanso ohuu wɔn ahohiahia bere a wosu frɛɛ no no.
45 He remembered his covenant, and, in his great kindness, relented.
Wɔn nti ɔkaee nʼapam no, na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ.
46 He caused them to be pitied by all who carried them captive.
Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔbɔ maa wɔn.
47 Save us, O Lord our God, and gather us out of the nations, to give thanks to your holy name, and to make our boast of your praise.
Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.
48 Blessed be the Lord, the God of Israel, from everlasting to everlasting. And let all the people say ‘Amen.’ Praise the Lord.
Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!” Monkamfo Awurade.

< Psalms 106 >