< Esther 6 >

1 On that night the king was unable to sleep, so he gave orders to bring the books that recorded memorable deeds, and they were read before the king.
Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.
2 It was found recorded how Mordecai had furnished information regarding Bigthan and Teresh, two of the king’s attendants who guarded the entrance of the palace, who had attempted to kill King Ahasuerus.
Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no.
3 ‘What honour and dignity have been conferred on Mordecai for this?’ the king asked. When the king’s pages who waited on him replied ‘Nothing has been done for him,’
Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.”
4 the king said, ‘Who is in the court?’ Now Haman had just entered the outer court of the king’s house to speak to the king about hanging Mordecai on the gallows that he had prepared for him.
Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.
5 So the king’s pages said to him, ‘Haman is standing there, in the court.’ The king said, ‘Let him enter.’
Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.”
6 So Haman entered, and the king said to him, ‘What should be done for the man whom the king wishes to honour?’ Haman said to himself, ‘Whom besides me could the king wish to honour?’
Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?” Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?”
7 So he said to the king, ‘For the man whom the king wishes to honour
Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a,
8 let a royal garment be brought, which the king has worn, and the horse on which the king has ridden and on whose head a royal diadem has been placed.
ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba.
9 Then let the garment and the horse be placed in charge of one of the king’s noble officials. Let him clothe the man whom the king wishes to honour and let him lead that man on the horse through the city square, proclaiming before him, “This is what is done for the man whom the king wishes to honour.”’
Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’”
10 Then the king said to Haman, ‘Make haste and take the garment and the horse, as you have said, and do this to Mordecai the Jew, who sits in the king’s gate. Omit nothing of all you have said.’
Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”
11 So Haman took the garment and the horse and clothed Mordecai, and made him ride through the city square and proclaimed before him, ‘This is what is done for the man whom the king wishes to honour.’
Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.”
12 Mordecai returned to the king’s gate, but Haman hurried to his house, mourning, with his head covered.
Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie.
13 Haman recounted to Zeresh his wife and to all his friends everything that had happened to him. Then his wise men and Zeresh his wife said to him, ‘If Mordecai before whom you have already been humiliated is of the Jewish people, you can do nothing against him but will surely fall before him.’
Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”
14 While they were still talking with him, the king’s attendants came and quickly took Haman to the banquet that Esther had prepared.
Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

< Esther 6 >