< Matthew 22 >

1 Jesus answered and spoke again in parables to them, saying,
Yesu de mmebu ahorow kyerɛɛ sɛnea Ɔsoro Ahenni no te.
2 "The kingdom of heaven is like a certain king, who made a marriage feast for his son,
Ose, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo na ɔtoo pon maa no.
3 and sent out his servants to call those who were invited to the marriage feast, but they would not come.
Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔnam tumi so somaa nʼasomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma.
4 Again he sent out other servants, saying, 'Tell those who are invited, "Look, I have made ready my dinner. My cattle and my fatlings are killed, and all things are ready. Come to the marriage feast."'
“Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’
5 But they made light of it, and went their ways, one to his own farm, another to his merchandise,
“Nanso wɔammua no. Obi kɔɔ nʼafum. Ɔfoforo nso kodii ne gua.
6 and the rest grabbed his servants, and treated them shamefully, and killed them.
Afoforo nso kyeree nʼasomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso.
7 The king was enraged, and sent his armies, destroyed those murderers, and burned their city.
Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ nʼasomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa nʼasraafo ma wokokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa.
8 "Then he said to his servants, 'The wedding is ready, but those who were invited weren't worthy.
“Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase.
9 Go therefore to the intersections of the highways, and as many as you may find, invite to the marriage feast.'
Enti monkɔ mmɔnten so na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra aponto no ase.’
10 And those servants went out into the highways, and gathered together all they found, both bad and good, and the wedding was filled with those reclining.
Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.
11 But when the king came in to see the guests, he saw there a man who did not have on wedding clothing,
“Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.
12 and he said to him, 'Friend, how did you come in here not wearing wedding clothing?' He was speechless.
Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.
13 Then the king said to the servants, 'Bind him hand and foot, and throw him into the outer darkness; there is where the weeping and grinding of teeth will be.'
“Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’
14 For many are called, but few chosen."
“Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔpaw wɔn.”
15 Then the Pharisees went and took counsel how they might entrap him in his talk.
Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa nʼanom asɛm so anya no akyere no.
16 They sent their disciples to him, along with the Herodians, saying, "Teacher, we know that you are honest, and teach the way of God in truth, no matter whom you teach, for you are not partial to anyone.
Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim.
17 Tell us therefore, what do you think? Is it lawful to pay taxes to Caesar, or not?"
Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”
18 But Jesus perceived their wickedness, and said, "Why do you test me, you hypocrites?
Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?
19 Show me the tax money." They brought to him a denarius.
Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no.
20 He asked them, "Whose is this image and inscription?"
Obisaa wɔn se, “Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?”
21 They said to him, "Caesar's." Then he said to them, "Give therefore to Caesar the things that are Caesar's, and to God the things that are God's."
Wobuaa se, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
22 When they heard it, they were astonished, and left him, and went away.
Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wogyaw no hɔ kɔe.
23 On that day Sadducees came to him, the ones saying that there is no resurrection. And they asked him,
Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
24 saying, "Teacher, Moses said, 'If a man dies, having no children, his brother is to marry his wife, and raise up offspring for his brother.'
“Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no.
25 Now there were with us seven brothers. The first married and died, and having no offspring, left his wife to his brother.
Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea.
26 In like manner the second also, and the third, to the seventh.
Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no.
27 After them all, the woman died.
Nea edi akyi ne sɛ, ɔbea no nso wui.
28 In the resurrection therefore, whose wife will she be of the seven? For they all had her."
Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’”
29 But Jesus answered them, "You are mistaken, not knowing the Scriptures, nor the power of God.
Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no!
30 For in the resurrection they neither marry, nor are given in marriage, but are like the angels in heaven.
Na owusɔrebere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no.
31 But concerning the resurrection of the dead, have you not read that which was spoken to you by God, saying,
Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se,
32 'I am the God of Abraham, and the God of Isaac, and the God of Jacob?' God is not the God of the dead, but of the living."
‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”
33 When the crowds heard it, they were astonished at his teaching.
Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
34 But the Pharisees, when they heard that he had silenced the Sadducees, gathered themselves together.
Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wokohyiaa Yesu.
35 One of them, a Law scholar, asked him a question, testing him.
Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se,
36 "Teacher, which is the greatest commandment in the law?"
“Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
37 He said to him, "'You are to love the Lord your God with all your heart, with all your soul, and with all your mind.'
Yesu buaa no se, “‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’
38 This is the great and first commandment.
Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa.
39 A second likewise is this, 'You are to love your neighbor as yourself.'
Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’
40 The whole Law and the Prophets depend on these two commandments."
Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so.”
41 Now while the Pharisees were gathered together, Jesus asked them a question,
Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se,
42 saying, "What do you think of the Christ? Whose son is he?" They said to him, "Of David."
“Dɛn na mususuw fa Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?” Wobuaa no se, “Dawid Ba.”
43 He said to them, "How then does David in the Spirit call him Lord, saying,
Yesu bisaa wɔn se “Ɛno de, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade?’ Efisɛ Dawid kae se,
44 'The Lord said to my Lord, sit on my right hand, until I make your enemies the footstool of your feet'?
“‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nifa kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo nyinaa so.”’
45 "If then David calls him Lord, how is he his son?"
Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛno de, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
46 No one was able to answer him a word, neither did anyone dare ask him any more questions from that day forth.
Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

< Matthew 22 >