< Philemon 1 >

1 Paul, a prisoner of Jesus Christ, and Timothy [our] brother, unto Philemon our dearly beloved, and fellowlabourer,
Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon
2 And to [our] beloved Apphia, and Archippus our fellowsoldier, and to the church in thy house:
ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no:
3 Grace to you, and peace, from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 I thank my God, making mention of thee always in my prayers,
Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase.
5 Hearing of thy love and faith, which thou hast toward the Lord Jesus, and toward all saints;
Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.
6 That the communication of thy faith may become effectual by the acknowledging of every good thing which is in you in Christ Jesus.
Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.
7 For we have great joy and consolation in thy love, because the bowels of the saints are refreshed by thee, brother.
Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
8 Wherefore, though I might be much bold in Christ to enjoin thee that which is convenient,
Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,
9 Yet for love’s sake I rather beseech [thee], being such an one as Paul the aged, and now also a prisoner of Jesus Christ.
nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei,
10 I beseech thee for my son Onesimus, whom I have begotten in my bonds:
meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no.
11 Which in time past was to thee unprofitable, but now profitable to thee and to me:
Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.
12 Whom I have sent again: thou therefore receive him, that is, mine own bowels:
Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn.
13 Whom I would have retained with me, that in thy stead he might have ministered unto me in the bonds of the gospel:
Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me.
14 But without thy mind would I do nothing; that thy benefit should not be as it were of necessity, but willingly.
Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.
15 For perhaps he therefore departed for a season, that thou shouldest receive him for ever; (aiōnios g166)
Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. (aiōnios g166)
16 Not now as a servant, but above a servant, a brother beloved, specially to me, but how much more unto thee, both in the flesh, and in the Lord?
Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.
17 If thou count me therefore a partner, receive him as myself.
Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara.
18 If he hath wronged thee, or oweth [thee] ought, put that on mine account;
Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka.
19 I Paul have written [it] with mine own hand, I will repay [it]: albeit I do not say to thee how thou owest unto me even thine own self besides.
Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa.
20 Yea, brother, let me have joy of thee in the Lord: refresh my bowels in the Lord.
Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu.
21 Having confidence in thy obedience I wrote unto thee, knowing that thou wilt also do more than I say.
Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.
22 But withal prepare me also a lodging: for I trust that through your prayers I shall be given unto you.
Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.
23 There salute thee Epaphras, my fellowprisoner in Christ Jesus;
Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.
24 Marcus, Aristarchus, Demas, Lucas, my fellowlabourers.
Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.
25 The grace of our Lord Jesus Christ [be] with your spirit. Amen.
Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

< Philemon 1 >