< Matthew 5 >

1 Then, seeing the crowds, he ascended the mountain, and when he had sat down, his disciples drew near to him,
Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn.
2 and opening his mouth, he taught them, saying:
Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ,
3 “Blessed are the poor in spirit, for theirs is the kingdom of heaven.
“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.
4 Blessed are the meek, for they shall possess the earth.
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.
5 Blessed are those who mourn, for they shall be consoled.
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
6 Blessed are those who hunger and thirst for justice, for they shall be satisfied.
Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.
7 Blessed are the merciful, for they shall obtain mercy.
Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.
8 Blessed are the pure in heart, for they shall see God.
Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
9 Blessed are the peacemakers, for they shall be called sons of God.
Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.
10 Blessed are those who endure persecution for the sake of justice, for theirs is the kingdom of heaven.
Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
11 Blessed are you when they have slandered you, and persecuted you, and spoken all kinds of evil against you, falsely, for my sake:
“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so.
12 be glad and exult, for your reward in heaven is plentiful. For so they persecuted the prophets who were before you.
Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.
13 You are the salt of the earth. But if salt loses its saltiness, with what will it be salted? It is no longer useful at all, except to be cast out and trampled under by men.
“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.
14 You are the light of the world. A city set on a mountain cannot be hidden.
“Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta.
15 And they do not light a lamp and put it under a basket, but on a lampstand, so that it may shine to all who are in the house.
Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa.
16 So then, let your light shine in the sight of men, so that they may see your good works, and may glorify your Father, who is in heaven.
Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.
17 Do not think that I have come to loosen the law or the prophets. I have not come to loosen, but to fulfill.
“Monnsusu sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
18 Amen I say to you, certainly, until heaven and earth pass away, not one iota, not one dot shall pass away from the law, until all is done.
Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu.
19 Therefore, whoever will have loosened one of the least of these commandments, and have taught men so, shall be called the least in the kingdom of heaven. But whoever will have done and taught these, such a one shall be called great in the kingdom of heaven.
Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu.
20 For I say to you, that unless your justice has surpassed that of the scribes and the Pharisees you shall not enter into the kingdom of heaven.
Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɛ.
21 You have heard that it was said to the ancients: ‘You shall not murder; whoever will have murdered shall be liable to judgment.’
“Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.’
22 But I say to you, that anyone who becomes angry with his brother shall be liable to judgment. But whoever will have called his brother, ‘Idiot,’ shall be liable to the council. Then, whoever will have called him, ‘Worthless,’ shall be liable to the fires of Hell. (Geenna g1067)
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu. (Geenna g1067)
23 Therefore, if you offer your gift at the altar, and there you remember that your brother has something against you,
“Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a,
24 leave your gift there, before the altar, and go first to be reconciled to your brother, and then you may approach and offer your gift.
gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.
25 Be reconciled with your adversary quickly, while you are still on the way with him, lest perhaps the adversary may hand you over to the judge, and the judge may hand you over to the officer, and you will be thrown in prison.
“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase.
26 Amen I say to you, that you shall not go forth from there, until you have repaid the last quarter.
Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no.
27 You have heard that it was said to the ancients: ‘You shall not commit adultery.’
“Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’
28 But I say to you, that anyone who will have looked at a woman, so as to lust after her, has already committed adultery with her in his heart.
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman.
29 And if your right eye causes you to sin, root it out and cast it away from you. For it is better for you that one of your members perish, than that your whole body be cast into Hell. (Geenna g1067)
Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. (Geenna g1067)
30 And if your right hand causes you to sin, cut it off and cast it away from you. For it is better for you that one of your members perish, than that your whole body go into Hell. (Geenna g1067)
Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu. (Geenna g1067)
31 And it has been said: ‘Whoever would dismiss his wife, let him give her a bill of divorce.’
“Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’
32 But I say to you, that anyone who will have dismissed his wife, except in the case of fornication, causes her to commit adultery; and whoever will have married her who has been dismissed commits adultery.
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.
33 Again, you have heard that it was said to the ancients: ‘You shall not swear falsely. For you shall repay your oaths to the Lord.’
“Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’
34 But I say to you, do not swear an oath at all, neither by heaven, for it is the throne of God,
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa.
35 nor by earth, for it is his footstool, nor by Jerusalem, for it is the city of the great king.
Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn.
36 Neither shall you swear an oath by your own head, because you are not able to cause one hair to become white or black.
Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum.
37 But let your word ‘Yes’ mean ‘Yes,’ and ‘No’ mean ‘No.’ For anything beyond that is of evil.
Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.
38 You have heard that it was said: ‘An eye for an eye, and a tooth for a tooth.’
“Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’
39 But I say to you, do not resist one who is evil, but if anyone will have struck you on your right cheek, offer to him the other also.
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu.
40 And anyone who wishes to contend with you in judgment, and to take away your tunic, release to him your cloak also.
Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no.
41 And whoever will have compelled you for one thousand steps, go with him even for two thousand steps.
Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu.
42 Whoever asks of you, give to him. And if anyone would borrow from you, do not turn away from him.
Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.
43 You have heard that it was said, ‘You shall love your neighbor, and you shall have hatred for your enemy.’
“Moate sɛ wɔaka sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ.’
44 But I say to you: Love your enemies. Do good to those who hate you. And pray for those who persecute and slander you.
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo.
45 In this way, you shall be sons of your Father, who is in heaven. He causes his sun to rise upon the good and the bad, and he causes it to rain upon the just and the unjust.
Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri sɛ, ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ.
46 For if you love those who love you, what reward will you have? Do not even tax collectors behave this way?
Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ?
47 And if you greet only your brothers, what more have you done? Do not even the pagans behave this way?
Sɛ mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ?
48 Therefore, be perfect, even as your heavenly Father is perfect.”
Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.

< Matthew 5 >