< Genesis 24 >

1 Now Abraham was old and far on in years: and the Lord had given him everything in full measure.
Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so.
2 And Abraham said to his chief servant, the manager of all his property, Come now, put your hand under my leg:
Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase.
3 And take an oath by the Lord, the God of heaven and the God of the earth, that you will not get a wife for my son Isaac from the daughters of the Canaanites among whom I am living;
Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
4 But that you will go into my country and to my relations and get a wife there for my son Isaac.
Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea abrɛ no.”
5 And the servant said, If by chance the woman will not come with me into this land, am I to take your son back again to the land from which you came?
Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”
6 And Abraham said, Take care that you do not let my son go back to that land.
Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da.
7 The Lord God of heaven, who took me from my father's house and from the land of my birth, and made an oath to me, saying, To your seed I will give this land: he will send his angel before you and give you a wife for my son in that land.
Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no,’ ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no.
8 And if the woman will not come with you, then you are free from this oath; only do not take my son back there.
Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.”
9 And the servant put his hand under Abraham's leg, and gave him his oath about this thing.
Enti, ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.
10 And the servant took ten of his master's camels, and all sorts of good things of his master's, and went to Mesopotamia, to the town of Nahor.
Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu.
11 And he made the camels take their rest outside the town by the water-spring in the evening, at the time when the women came to get water.
Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.
12 And he said, O Lord, the God of my master Abraham, let me do well in what I have undertaken this day, and give your mercy to my master Abraham.
Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, hu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantu yi nsi yiye.
13 See, I am waiting here by the water-spring; and the daughters of the town are coming out to get water:
Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu.
14 Now, may the girl to whom I say, Let down your vessel and give me a drink, and who says in answer, Here is a drink for you and let me give water to your camels: may she be the one marked out by you for your servant Isaac: so may I be certain that you have been good to my master Abraham.
Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”
15 And even before his words were ended, Rebekah, the daughter of Bethuel, the son of Milcah, who was the wife of Nahor, Abraham's brother, came out with her water-vessel on her arm.
Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.
16 She was a very beautiful girl, a virgin, who had never been touched by a man: and she went down to the spring to get water in her vessel.
Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.
17 And the servant came running to her and said, Give me a little water from your vessel.
Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”
18 And she said, Take a drink, my lord: and quickly letting down her vessel onto her hand, she gave him a drink.
Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”
19 And having done so, she said, I will get water for your camels till they have had enough.
Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.”
20 And after putting the water from her vessel into the animals' drinking-place, she went quickly back to the spring and got water for all the camels.
Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae.
21 And the man, looking at her, said nothing, waiting to see if the Lord had given his journey a good outcome.
Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.
22 And when the camels had had enough, the man took a gold nose-ring, half a shekel in weight, and two ornaments for her arms of ten shekels weight of gold;
Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.
23 And said to her, Whose daughter are you? is there room in your father's house for us?
Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”
24 And she said to him, I am the daughter of Bethuel, the son of Milcah, Nahor's wife.
Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”
25 And she said, We have a great store of dry grass and cattle-food, and there is room for you.
Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”
26 And with bent head the man gave worship to the Lord;
Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se,
27 And said, Praise be to the Lord, the God of my master Abraham, who has given a sign that he is good and true to my master, by guiding me straight to the house of my master's family.
“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ onnyaee nokwaredi ne ayamye a ɔyɛ ma me wura no. Me de, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantu yi mu, de me abedu me wura abusuafo fi.”
28 So the girl went running and took the news of these things to her mother's house
Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo.
29 Now Rebekah had a brother named Laban, and he came out quickly to the man at the water-spring.
Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.
30 And when he saw the nose-ring and the ornaments on his sister's hands, and when she gave him word of what the man had said to her, then he went out to the man who was waiting with the camels by the water-spring.
Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so.
31 And he said to him, Come in, you on whom is the blessing of the Lord; why are you waiting outside? for I have made the house ready for you, and a place for the camels.
Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”
32 Then the man came into the house, and Laban took their cords off the camels and gave them dry grass and food, and he gave to him and the men who were with him water for washing their feet.
Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho.
33 And meat was put before him, but he said, I will not take food till I have made my business clear to you. And they said, Do so.
Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
34 And he said, I am Abraham's servant.
Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo.
35 The Lord has given my master every blessing, and he has become great: he has given him flocks and herds and silver and gold, and men-servants and women-servants and camels and asses.
Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum.
36 And when Sarah, my master's wife, was old, she gave birth to a son, to whom he has given all he has.
Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no.
37 And my master made me take an oath, saying, Do not get a wife for my son from the daughters of the Canaanites among whom I am living;
Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
38 But go to my father's house and to my relations for a wife for my son.
Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’
39 And I said to my master, What if the woman will not come with me?
“Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’
40 And he said, The Lord, whom I have ever kept before me, will send his angel with you, who will make it possible for you to get a wife for my son from my relations and my father's house;
“Me wura Abraham buae se, ‘Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu.
41 And you will be free from your oath to me when you come to my people; and if they will not give her to you, you will be free from your oath.
Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.’
42 And I came today to the water-spring, and I said, O Lord, the God of my master Abraham, if it is your purpose to give a good outcome to my journey,
“Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!
43 Let it come about that, while I am waiting here by the water-spring, if a girl comes to get water and I say to her, Give me a little water from your vessel, and she says,
Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no,
44 Take a drink, and I will get water for your camels; let her be the woman marked out by the Lord for my master's son.
na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’
45 And even while I was saying this to myself, Rebekah came out with her vessel on her arm; and she went down to the spring to get water; and I said to her, Give me a drink.
“Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’
46 And straight away she took down her vessel from her arm, and said, Take a drink, and I will get water for your camels.
“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.
47 And questioning her, I said, Whose daughter are you? And she said, The daughter of Bethuel, the son of Nahor, and Milcah his wife. Then I put the ring on her nose and the ornaments on her hands.
“Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’ “Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa.
48 And with bent head I gave worship and praise to the Lord, the God of my master Abraham, by whom I had been guided in the right way, to get the daughter of my master's brother for his son.
Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Nyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɔkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nena aware ama ne babarima no.
49 And now, say if you will do what is good and right for my master or not, in order that it may be clear to me what I have to do.
Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔe adi no nokware a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a, mehu ɔkwan ko a mɛfa so.”
50 Then Laban and Bethuel said in answer, This is the Lord's doing: it is not for us to say Yes or No to you.
Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara.
51 See, here is Rebekah: take her and go, and let her be your master's son's wife, as the Lord has said.
Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
52 And at these words, Abraham's servant went down on his face and gave praise to the Lord.
Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ Awurade anim.
53 Then he took jewels of silver and jewels of gold and fair robes and gave them to Rebekah: and he gave things of value to her mother and her brother.
Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ.
54 Then he and the men who were with him had food and drink, and took their rest there that night; and in the morning he got up, and said, Let me now go back to my master.
Afei, ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomee, na wɔda maa ade kyee. Ade kyee anɔpa a wɔsɔree no, ɔsomfo no kae se, “Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
55 But her brother and her mother said, Let the girl be with us a week or ten days, and then she may go.
Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”
56 And he said, Do not keep me; the Lord has given a good outcome to my journey; let me now go back to my master.
Akoa no buaa wɔn se, “Awurade ahyira mʼakwantu yi so ama me yi de, mesrɛ mo, monnnye me nnka ha. Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
57 And they said, We will send for the girl, and let her make the decision.
Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.”
58 And they sent for Rebekah and said to her, Are you ready to go with this man? And she said, I am ready.
Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”
59 So they sent their sister Rebekah and her servant with Abraham's servant and his men.
Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan.
60 And they gave Rebekah their blessing, saying, O sister, may you be the mother of thousands and ten thousands; and may your seed overcome all those who make war against them.
Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
61 So Rebekah and her servant-women went with the man, seated on the camels; and so the servant took Rebekah and went on his way.
Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.
62 Now Isaac had come through the waste land to Beer-lahai-roi; for he was living in the South.
Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.
63 And when the evening was near, he went wandering out into the fields, and lifting up his eyes he saw camels coming.
Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba.
64 And when Rebekah, looking up, saw Isaac, she got down from her camel,
Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so,
65 And said to the servant, Who is that man coming to us through the field? And the servant said, It is my master: then she took her veil, covering her face with it.
bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?” Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.
66 Then the servant gave Isaac the story of all he had done.
Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ.
67 And Isaac took Rebekah into his tent and she became his wife; and in his love for her, Isaac was comforted after his father's death.
Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.

< Genesis 24 >