< Luke 15 >

1 Now all the tax collectors and sinners were gathering around to listen to Jesus.
Da bi, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no.
2 So the Pharisees and scribes began to grumble: “This man welcomes sinners and eats with them.”
Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo, san ne wɔn to nsa didi.”
3 Then Jesus told them this parable:
Saa asɛm a wɔkaa no ma obuu wɔn bɛ bi se,
4 “What man among you, if he has a hundred sheep and loses one of them, does not leave the ninety-nine in the pasture and go after the one that is lost, until he finds it?
“Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no?
5 And when he finds it, he joyfully puts it on his shoulders,
Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba.
6 comes home, and calls together his friends and neighbors to tell them, ‘Rejoice with me, for I have found my lost sheep!’
Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’
7 In the same way, I tell you that there will be more joy in heaven over one sinner who repents than over ninety-nine righteous ones who do not need to repent.
Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no.
8 Or what woman who has ten silver coins and loses one of them does not light a lamp, sweep her house, and search carefully until she finds it?
“Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu.
9 And when she finds it, she calls together her friends and neighbors to say, ‘Rejoice with me, for I have found my lost coin.’
Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ mahu me sika mpɔw a ɛyerae no.’
10 In the same way, I tell you, there is joy in the presence of God’s angels over one sinner who repents.”
Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”
11 Then Jesus said, “There was a man who had two sons.
Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu.
12 The younger son said to him, ‘Father, give me my share of the estate.’ So he divided his property between them.
Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.
13 After a few days, the younger son got everything together and journeyed to a distant country, where he squandered his wealth in wild living.
“Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa.
14 After he had spent all he had, a severe famine swept through that country, and he began to be in need.
Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no.
15 So he went and hired himself out to a citizen of that country, who sent him into his fields to feed the pigs.
Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuroni bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.
16 He longed to fill his belly with the pods the pigs were eating, but no one would give him a thing.
Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso wannya.
17 Finally he came to his senses and said, ‘How many of my father’s hired servants have plenty of food? But here I am, starving to death!
“Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi!
18 I will get up and go back to my father and say to him, “Father, I have sinned against heaven and against you.
Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka akyerɛ no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne,
19 I am no longer worthy to be called your son. Make me like one of your hired servants.”’
na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafo no mu baako.’
20 So he got up and went to his father. But while he was still in the distance, his father saw him and was filled with compassion. He ran to his son, embraced him, and kissed him.
Osii mu sɛ ɔresan aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
21 The son declared, ‘Father, I have sinned against heaven and against you. I am no longer worthy to be called your son.’
“Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
22 But the father said to his servants, ‘Quick! Bring the best robe and put it on him. Put a ring on his finger and sandals on his feet.
“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.
23 Bring the fattened calf and kill it. Let us feast and celebrate.
Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani,
24 For this son of mine was dead and is alive again! He was lost and is found!’ So they began to celebrate.
efisɛ na misusuw sɛ me ba yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofii ase gyee wɔn ani.
25 Meanwhile the older son was in the field, and as he approached the house, he heard music and dancing.
“Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ.
26 So he called one of the servants and asked what was going on.
Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ.
27 ‘Your brother has returned,’ he said, ‘and your father has killed the fattened calf, because he has him back safe and sound.’
Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’
28 The older son became angry and refused to go in. So his father came out and pleaded with him.
“Ɔtee saa no, ne bo fuwii, enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Nʼagya tee no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no.
29 But he answered his father, ‘Look, all these years I have served you and never disobeyed a commandment of yours. Yet you never gave me even a young goat so I could celebrate with my friends.
Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.
30 But when this son of yours returns from squandering your wealth with prostitutes, you kill the fattened calf for him!’
Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’
31 ‘Son, you are always with me,’ the father said, ‘and all that is mine is yours.
“Nʼagya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea.
32 But it was fitting to celebrate and be glad, because this brother of yours was dead and is alive again; he was lost and is found.’”
Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’”

< Luke 15 >