< Hebrews 10 >

1 For the law, having a shadow of the good to come, not the very image of the things, can never with the same sacrifices year by year, which they offer continually, make perfect those who draw near.
Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da.
2 Or else would not they have ceased to be offered, because the worshipers, having been once cleansed, would have had no more consciousness of sins?
Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa.
3 But in those sacrifices there is a yearly reminder of sins.
Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.
4 For it is impossible that the blood of bulls and goats should take away sins.
Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.
5 Therefore when he comes into the world, he says, “You did not desire sacrifice and offering, but you prepared a body for me.
Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me.
6 You had no pleasure in whole burnt offerings and sacrifices for sin.
Wʼani nnnye ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
7 Then I said, ‘Behold, I have come (in the scroll of the book it is written of me) to do your will, O God.’”
Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’”
8 Previously saying, “Sacrifices and offerings and whole burnt offerings and sacrifices for sin you did not desire, neither had pleasure in them” (those which are offered according to the law),
Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.
9 then he has said, “Behold, I have come to do your will.” He takes away the first, that he may establish the second,
Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu.
10 by which will we have been sanctified through the offering of the body of Jesus Christ once for all.
Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.
11 Every priest indeed stands day by day serving and offering often the same sacrifices, which can never take away sins,
Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne.
12 but he, when he had offered one sacrifice for sins forever, sat down on the right hand of God,
Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.
13 from that time waiting until his enemies are made the footstool of his feet.
Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ.
14 For by one offering he has perfected forever those who are being sanctified.
Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa.
15 The Holy Spirit also testifies to us, for after saying,
Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ,
16 “This is the covenant that I will make with them after those days,” says the Lord, “I will put my laws on their heart, I will also write them on their mind;” then he says,
“Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu na matwerɛ agu wɔn adwene mu.”
17 “I will remember their sins and their iniquities no more.”
Na afei waka sɛ, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumuyɛ bio.”
18 Now where remission of these is, there is no more offering for sin.
Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.
19 Having therefore, brothers, boldness to enter into the holy place by the blood of Jesus,
Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.
20 by the way which he dedicated for us, a new and living way, through the veil, that is to say, his flesh,
Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn.
21 and having a great priest over God’s house,
Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so.
22 let’s draw near with a true heart in fullness of faith, having our hearts sprinkled from an evil conscience and having our body washed with pure water,
Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho.
23 let’s hold fast the confession of our hope without wavering; for he who promised is faithful.
Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ.
24 Let’s consider how to provoke one another to love and good works,
Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
25 not forsaking our own assembling together, as the custom of some is, but exhorting one another, and so much the more as you see the Day approaching.
Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.
26 For if we sin willfully after we have received the knowledge of the truth, there remains no more a sacrifice for sins,
Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn.
27 but a certain fearful expectation of judgment, and a fierceness of fire which will devour the adversaries.
Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn.
28 A man who disregards Moses’ law dies without compassion on the word of two or three witnesses.
Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ.
29 How much worse punishment do you think he will be judged worthy of who has trodden under foot the Son of God, and has counted the blood of the covenant with which he was sanctified an unholy thing, and has insulted the Spirit of grace?
Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa.
30 For we know him who said, “Vengeance belongs to me. I will repay,” says the Lord. Again, “The Lord will judge his people.”
Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”
31 It is a fearful thing to fall into the hands of the living God.
Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
32 But remember the former days, in which, after you were enlightened, you endured a great struggle with sufferings:
Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ.
33 partly, being exposed to both reproaches and oppressions, and partly, becoming partakers with those who were treated so.
Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho.
34 For you both had compassion on me in my chains and joyfully accepted the plundering of your possessions, knowing that you have for yourselves a better possession and an enduring one in the heavens.
Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.
35 Therefore do not throw away your boldness, which has a great reward.
Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
36 For you need endurance so that, having done the will of God, you may receive the promise.
Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no.
37 “In a very little while, he who comes will come and will not wait.
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.
38 But the righteous one will live by faith. If he shrinks back, my soul has no pleasure in him.”
Na, “Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.”
39 But we are not of those who shrink back to destruction, but of those who have faith to the saving of the soul.
Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.

< Hebrews 10 >