< Galatians 4 >

1 But I say that so long as the heir is a child, he is no different from a bondservant, though he is lord of all,
Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwɔ mu sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam.
2 but is under guardians and stewards until the day appointed by the father.
Esiane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.
3 So we also, when we were children, were held in bondage under the elemental principles of the world.
Saa ara na na yɛn nso yɛte. Na yɛte sɛ mmofra a wiase ahonhom dii yɛn so.
4 But when the fullness of the time came, God sent out his Son, born to a woman, born under the law,
Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no wɔ Mmara ase
5 that he might redeem those who were under the law, that we might receive the adoption as children.
sɛ ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.
6 And because you are children, God sent out the Spirit of his Son into your hearts, crying, “Abba, Father!”
Esiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.”
7 So you are no longer a bondservant, but a son; and if a son, then an heir of God through Christ.
Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
8 However at that time, not knowing God, you were in bondage to those who by nature are not gods.
Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame.
9 But now that you have come to know God, or rather to be known by God, why do you turn back again to the weak and miserable elemental principles, to which you desire to be in bondage all over again?
Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio?
10 You observe days, months, seasons, and years.
Mudi nna, asram, nnapɔnna ne mfe bi.
11 I am afraid for you, that I might have wasted my labor for you.
Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.
12 I beg you, brothers, become as I am, for I also have become as you are. You did me no wrong,
Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara.
13 but you know that because of weakness in the flesh I preached the Good News to you the first time.
Sɛnea munim no, bere a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede ɔyare na ɛbae.
14 That which was a temptation to you in my flesh, you did not despise nor reject; but you received me as an angel of God, even as Christ Jesus.
Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu.
15 What was the blessing you enjoyed? For I testify to you that, if possible, you would have plucked out your eyes and given them to me.
Anigye a mowɔ no nyinaa afa he? Metumi aka se, sɛ mubetumi a anka mubetutu mo ani de ama me.
16 So then, have I become your enemy by telling you the truth?
Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?
17 They zealously seek you in no good way. No, they desire to alienate you, that you may seek them.
Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho.
18 But it is always good to be zealous in a good cause, and not only when I am present with you.
Eye sɛ mobɛyɛ nsi bere biara, bere a mewɔ mo nkyɛn ne bere a minni mo nkyɛn mpo.
19 My little children, of whom I am again in travail until Christ is formed in you—
Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no,
20 but I could wish to be present with you now, and to change my tone, for I am perplexed about you.
mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho.
21 Tell me, you that desire to be under the law, do not you listen to the law?
Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara no ase no, munnim nea mmara no ka no ana?
22 For it is written that Abraham had two sons, one by the servant, and one by the free woman.
Wɔakyerɛw se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo ɔbaako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo ɔbaako.
23 However, the son by the servant was born according to the flesh, but the son by the free woman was born through promise.
Wɔwoo afena ba no wɔ ɔhonam kwan so, na Onyankopɔn bɔhyɛ nti na ɔbea a ɔde ne ho no nso woo ne ba no.
24 These things contain an allegory, for these are two covenants. One is from Mount Sinai, bearing children to bondage, which is Hagar.
Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ saa mmea baanu yi gyina hɔ ma apam abien. Apam baako fi bepɔw Sinai so, na egyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar.
25 For this Hagar is Mount Sinai in Arabia, and answers to the Jerusalem that exists now, for she is in bondage with her children.
Hagar gyina hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, efisɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu.
26 But the Jerusalem that is above is free, which is the mother of us all.
Nanso Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na.
27 For it is written, “Rejoice, you barren who do not bear. Break out and shout, you who do not travail. For the desolate women have more children than her who has a husband.”
Efisɛ wɔakyerɛw se, “Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi, wo a wonwoo da; ma wo nne so na teɛ mu, wo a awo nkaa wo da, efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu.”
28 Now we, brothers, as Isaac was, are children of promise.
Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no.
29 But as then, he who was born according to the flesh persecuted him who was born according to the Spirit, so also it is now.
Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa.
30 However, what does the Scripture say? “Throw out the servant and her son, for the son of the servant will not inherit with the son of the free woman.”
Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi fi ha; efisɛ afenaa babarima no ne ɔdehye no renkyɛ agyapade no.”
31 So then, brothers, we are not children of a servant, but of the free woman.
Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.

< Galatians 4 >