< 2 Corinthians 6 >

1 Working together, we entreat also that you do not receive the grace of God in vain.
Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa.
2 For he says, “At an acceptable time I listened to you. In a day of salvation I helped you.” Behold, now is the acceptable time. Behold, now is the day of salvation.
Onyankopɔn se, “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo.” Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ sɛ monya Onyankopɔn adom, na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no.
3 We give no occasion of stumbling in anything, that our service may not be blamed,
Yɛmmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ sɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu.
4 but in everything commending ourselves as servants of God: in great endurance, in afflictions, in hardships, in distresses,
Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano.
5 in beatings, in imprisonments, in riots, in labors, in watchings, in fastings,
Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyene kɔm.
6 in pureness, in knowledge, in perseverance, in kindness, in the Holy Spirit, in sincere love,
Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ,
7 in the word of truth, in the power of God, by the armor of righteousness on the right hand and on the left,
yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.
8 by glory and dishonor, by evil report and good report, as deceivers and yet true,
Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ.
9 as unknown and yet well known, as dying and behold—we live, as punished and not killed,
Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn.
10 as sorrowful yet always rejoicing, as poor yet making many rich, as having nothing and yet possessing all things.
Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
11 Our mouth is open to you, Corinthians. Our heart is enlarged.
Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo.
12 You are not restricted by us, but you are restricted by your own affections.
Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu.
13 Now in return—I speak as to my children—you also open your hearts.
Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu!
14 Do not be unequally yoked with unbelievers, for what fellowship do righteousness and iniquity have? Or what fellowship does light have with darkness?
Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?
15 What agreement does Christ have with Belial? Or what portion does a believer have with an unbeliever?
Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?
16 What agreement does a temple of God have with idols? For you are a temple of the living God. Even as God said, “I will dwell in them and walk in them. I will be their God and they will be my people.”
Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ, “Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.”
17 Therefore “‘Come out from among them, and be separate,’ says the Lord. ‘Touch no unclean thing. I will receive you.
Ɛno enti, “Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Awurade na ɔseɛ. Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho, na mɛgye mo.”
18 I will be to you a Father. You will be to me sons and daughters,’ says the Lord Almighty.”
Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.” Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

< 2 Corinthians 6 >