< Salme 97 >

1 HERREN har vist, han er Konge! Jorden juble, lad glædes de mange Strande!
Awurade di hene, ma asase ani nnye; ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.
2 Skyer og Mulm er om ham, Retfærd og Ret er hans Trones Støtte;
Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.
3 Ild farer frem foran ham, og luer iblandt hans Fjender.
Ogya di nʼanim na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.
4 Hans Lyn lyste op på Jorderig, Jorden så det og skjalv;
Nʼanyinam hyerɛn wiase; asase hu na ne ho popo.
5 Bjergene smelted som Voks for HERREN, for hele Jordens Herre;
Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.
6 Himlen forkyndte hans Retfærd, alle Folkeslag skued hans Herlighed.
Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ na aman nyinaa hu nʼanuonyam.
7 Til Skamme blev alle, som dyrkede Billeder, de, som var stolte af deres Afguder; alle Guder bøjed sig for ham.
Ahonisomfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no.
8 Zion hørte det og glædede sig, og Judas Døtre jublede over dine Domme, HERRE!
Sion te, na ne ho sɛpɛw no na Yuda nkuraa ani gye Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.
9 Thi du, o HERRE, er den Højeste over al Jorden, højt ophøjet over alle Guder!
Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.
10 I, som elsker HERREN, hade det onde! Han vogter sine frommes Sjæle og frier dem af de gudløses Hånd;
Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.
11 over de retfærdige oprinder Lys og Glæde over de oprigtige af Hjertet.
Hann hyerɛn wɔ atreneefo so na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.
12 I retfærdige, glæd jer i HERREN, lovsyng hans hellige Navn!
Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo, na monkamfo ne din kronkron no.

< Salme 97 >