< Salme 91 >

1 Den der sidder i den Højestes Skjul og dvæler i den Almægtiges Skygge,
Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.
2 siger til HERREN: Min Tilflugt, min Klippeborg, min Gud, på hvem jeg stoler.
Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”
3 Thi han frier dig fra Fuglefængerens Snare, fra ødelæggende Pest;
Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afiri ne owuyare mu.
4 han dækker dig med sine Fjedre, under hans Vinger finder du Ly, hans Trofasthed er Skjold og Værge.
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea; ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm.
5 Du frygter ej Nattens Rædsler, ej Pilen der flyver om Dagen
Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe, anaa bɛmma a etu awia,
6 ej Pesten, der sniger i Mørke, ej Middagens hærgende Sot.
anaa owuyare a ɛba sum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere.
7 Falder end tusinde ved din Side, ti Tusinde ved din højre Hånd, til dig når det ikke hen;
Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na mpem du atotɔ wo nifa a, wo de, ɛremmɛn wo.
8 du ser det kun med dit Øje, er kun Tilskuer ved de gudløses Straf;
Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛ na woahu nnebɔneyɛfo asotwe.
9 (thi du, HERRE, er min Tilflugt) den Højeste tog du til Bolig.
Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,” na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,
10 Der times dig intet ondt, dit Telt kommer Plage ej nær;
ɔhaw biara remmunkam wo so, na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.
11 thi han byder sine Engle at vogte dig på alle dine Veje;
Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;
12 de skal bære dig på deres Hænder, at du ikke skal støde din Fod på nogen Sten;
wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.
13 du skal træde på Slanger og Øgler, trampe på Løver og Drager.
Wubetiatia gyata ne aprammiri so, wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.
14 "Da han klynger sig til mig, frier jeg ham ud, jeg bjærger ham, thi han kender mit Navn;
Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no; mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.
15 kalder han på mig, svarer jeg ham, i Trængsel er jeg hos ham, jeg frier ham og giver ham Ære:
Ɔbɛfrɛ me na megye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, megye no na mahyɛ no anuonyam.
16 med et langt Liv mætter jeg ham og lader ham skue min Frelse!"
Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagye.”

< Salme 91 >