< Ordsprogene 22 >

1 Hellere godt Navn end megen rigdom, Yndest er bedre end Sølv og Guld
Din pa ye sen ahonya bebrebe; sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
2 Rig og fattig mødes, HERREN har skabt dem begge.
Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo.
3 Den kloge ser Faren og søger i Skjul, tankeløse går videre og bøder.
Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane.
4 Lønnen for Ydmyghed og HERRENs Frygt er Rigdom, Ære og Liv.
Ahobrɛase ne Awuradesuro ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.
5 På den svigefuldes Vej er der Torne og Snarer; vil man vogte sin Sjæl, må man holde sig fra dem.
Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so, nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.
6 Væn Drengen til den Vej, han skal følge, da viger han ikke derfra, selv gammel.
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin a ɔremfi so.
7 Over Fattigfolk råder den rige, Låntager bliver Långivers Træl.
Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.
8 Hvo Uret sår, vil høste Fortræd, hans Vredes Ris skal slå ham selv.
Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa.
9 Den vennesæle velsignes, thi han deler sit Brød med den ringe.
Ɔyamyefo benya nhyira efisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan.
10 Driv Spotteren ud, så går Trætten med, og Hiv og Smæden får Ende.
Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ; ntɔkwaw ne animka to atwa.
11 HERREN elsker den rene af Hjertet; med Ynde på Læben er man Kongens Ven.
Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no, benya ɔhene afa no adamfo.
12 HERRENs Øjne agter på Kundskab, men han kuldkaster troløses Ord.
Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.
13 Den lade siger: "En Løve på Gaden! Jeg kan let blive revet ihjel på Torvet."
Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!” anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.”
14 Fremmed Kvindes Mund er en bundløs Grav, den, HERREN er vred på, falder deri.
Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku; nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.
15 Dårskab er knyttet til Ynglingens Hjerte, Tugtens Ris skal tjerne den fra ham.
Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri.
16 Vold mod den ringe øger hans Eje, Gave til Rigmand gør ham kun fattig. -
Obi besisi ohiani de apɛ ahonya, anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.
17 Bøj Øret og hør de vises Ord, vend Hjertet til og kend deres Liflighed!
Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi,
18 Vogter du dem i dit Indre, er de alle rede på Læben.
efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu, na ne nyinaa ada wʼano.
19 For at din Lid skal stå til HERREN, lærer jeg dig i Dag.
Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Awurade so, merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo.
20 Alt i Går optegned jeg til dig, alt i Forgårs Råd og Kundskab
Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo, nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,
21 for at lære dig rammende Sandhedsord, at du kan svare sandt, når du spørges.
a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho, sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana?
22 Røv ej fra den ringe, fordi han er ringe, knus ikke den arme i Porten:
Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii,
23 thi HERREN fører deres Sag og raner deres Ransmænds Liv.
efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.
24 Vær ej Ven med den, der let bliver hidsig, omgås ikke vredladen Mand,
Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo, na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,
25 at du ikke skal lære hans Stier og hente en Snare for din Sjæl.
anyɛ saa a, wubesua nʼakwan na woakɔtɔ afiri mu.
26 Hør ikke til dem, der giver Håndslag, dem, som borger for Gæld!
Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu anaasɛ odi akagyinamu;
27 Såfremt du ej kan betale, tager man Sengen, du ligger i.
na sɛ wunni nea wɔde tua a wobehuam wo mpa mpo afi wʼase.
28 Flyt ej ældgamle Skel, dem, dine Fædre satte.
Ntutu tete abo a wɔde ato hye, nea wo nenanom de sisii hɔ no.
29 Ser du en Mand, som er snar til sin Gerning, da skal han stedes for Konger, ikke for Folk af ringe Stand.
Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana? Ahemfo anim na ɔbɛsom, na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim.

< Ordsprogene 22 >