< Mikas 7 >

1 Ve mig! Det går mig som ved ved Frugthøst, ved Vinhøstens Efterslæt: Ikke en Drue at spise, ej en Figen, min Sjæl har Lyst til!
Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu; minnya bobe kasiaw na madi, borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara.
2 De fromme er svundet af Landet, ikke et Menneske er sanddru. De lurer alle på Blod og jager hverandre med Net.
Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.
3 Deres Hænder er flinke til ondt, Fyrsten kræver, Dommeren er villig for Betaling; Stormanden nævner, hvad han begærer; og derefter snor de det sammen.
Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.
4 Den bedste er som en Tornebusk, den ærlige værre end en Tjørnehæk. Dine Vægteres Dag, din Hjemsøgelse kommer, af Rædsel rammes de nu.
Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. Wʼatemmuda no aso, da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
5 Tro ikke eders Næste, stol ikke. på en Ven, vogt Mundens Døre for hende. du favner!
Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
6 Thi Søn agter Fader ringe, Datter står Moder imod Svigerdatter Svigermoder, en Mand har sine Husfolk til Fjender.
Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabea sɔre tia ne na, asebea nso tia nʼase onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo.
7 Men jeg vil spejde efter HERREN, jeg bier på min Frelses Gud; min Gud vil høre mig.
Me de, mede anidaso hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; na me Nyankopɔn betie me.
8 Glæd dig ej over mig, min Fjende! Thi jeg faldt, men står op; om end jeg sidder i Mørke, er HERREN mit Lys.
Mma wʼani nnye, me tamfo! Mahwe ase de, nanso mɛsɔre. Sum aduru me de, nanso Awurade bɛyɛ me hann.
9 Jeg vil bære HERRENs Vrede - jeg synded jo mod ham - indtil han strider for mig og skaffer mig Ret; han fører mig ud i Lys, jeg skal skue hans Retfærd.
Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, Awurade abufuw bɛba me so, kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembu adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mehu ne trenee.
10 Min Fjende skal se derpå og fyldes med Skam, han, som spørger mig: "Hvor er HERREN din Gud?". Mine Øjne skal med Skadefryd se ham, når han trampes ned som Skarn på Gaden.
Afei, mʼatamfo behu na wɔn ani bewu, nea osee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?” Mʼani behu nʼasehwe; mpo mprempren no, wobetiatia no so te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so.
11 En Dag skal dine Mure bygges, en Dag skal Grænsen vides ud,
Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu.
12 en Dag skal man komme til dig lige fra Assur til Ægypten, lige fra Ægypten til Floden, fra Hav til Hav, fra Bjerg til Bjerg.
Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wobefi Misraim akosi Eufrate afi po akosi po ne bepɔw so akosi bepɔw so.
13 Men Jorden og de, som bor derpå, lægges øde til Løn for deres Værk.
Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛe nti.
14 Vogt med din Stav dit Folk, din Ejendoms Hjord, som bor for sig selv i Skoven, i Frugthavens Midte; lad dem græsse i Basan og Gilead som i gamle Dage!
Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, a wɔn nko ara tete kwae mu, wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.
15 Giv os Undere at skue, som da du drog ud af Ægypten;
“Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo, sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.”
16 lad Folkene se det og blues ved al deres Vælde, lægge Hånd på Mund, lad Ørene døves på dem!
Aman behu wo na wɔn ani bewu, wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano na wɔn aso besisiw.
17 Lad dem slikke Støv som Slangen, som Jordens Kryb, rædde komme frem af deres Borge til HERREN vor Gud og ængstes og frygte for dig!
Wobedi dɔte sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea wɔ fam. Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba; wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn, na wobesuro wo.
18 Hvo er en Gud som du, der tilgiver Brøde, bærer over med Synd hos din Ejendoms Rest, ej evigt gemmer på Vrede, men gerne er nådig?
Hena na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn. Wʼabufuw ntena hɔ daa, na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
19 Han vil atter forbarme sig over os, træde vor Brøde under Fod, du vil kaste alle vore Synder i Havets Dyb!
Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, wubetiatia yɛn bɔne so, na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu.
20 Du vil vise Jakob Trofasthed, Abraham Nåde, som du svor vore Fædre til i fordums Dage.
Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob na woahu Abraham mmɔbɔ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.

< Mikas 7 >