< Joel 1 >

1 Herrens Ord, som kom til Joel, Petuels søn.
Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.
2 Hør dette, I Ældste, lån Øre, alle, som bor i Landet! Er sligt mon sket i eders eller eders Fædres Dage?
Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; montie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?
3 I skal fortælle det til eders Børn, og de igen til deres, og deles til næste Slægt.
Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.
4 Græshoppen åd, hvad Gnaveren levned, Springeren åd, hvad Græshoppen levned, Æderen åd, hvad Springeren levned.
Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no ntutummɛ akɛseɛ no awe deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no ntutummɛ nkumaa no awe deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no ntutummɛ afoforɔ awe.
5 Vågn op, I drukne, og græd; enhver, som drikker Vin, skal jamre over Most, der gik tabt for eders. Mund.
Mo asabofoɔ, monyane, na monsu! Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo; montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no wɔayi afiri mo ano.
6 Thi et Folk drog op mod mit Land, vældigt og uden Tal; dets Tænder er Løvetænder, det har Kindtænder som en Løvinde.
Ɔman bi atu mʼasase so sa ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.
7 Det lagde min Vinstok øde, knækked mit Figentræ, afbarked og hærgede det; dets Grene stritter hvide.
Wɔasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, ato agu agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.
8 Klag som sørgeklædt Jomfru over sin Ungdoms Brudgom!
Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.
9 Afgrødeoffer og Drikoffer gik tabt for HERRENs Hus; Præsterne, HERRENs Tjenere sørger.
Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ, wɔayi afiri Awurade efie. Asɔfoɔ no retwa adwoɔ, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
10 Marken er ødelagt, Jorden sørger; thi Kornet er ødelagt, Mosten slog fejl og Olien hentørres.
Mfuo asɛe, asase no so awo wesee aduane no asɛe nsã foforɔ no awe ngo nyinaa asa.
11 Bønder skuffes og Vingårdsmænd jamrer både over Hveden og Byggen; thi Markens Høst gik tabt;
Mo ani nwu, mo akuafoɔ, mo ntwa adwo, mo a modua bobe; Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.
12 fejl slog Vinstokken, Figentræet tørres; Granatæble, Palme og æbletræ, hvert Markens Træ tørres hen. Ja, med Skam veg Glæde fra Menneskens Børn:
Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera.
13 Sørg, I Præster i Sæk, I AIterets Tjenere, jamrer! Gå ind og bær Sæk i Nat, I, som tjener min Gud! Thi Afgrødeoffer og Drikofer unddrages eders Guds Hus.
Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ mo a mosom Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.
14 Helliger en Faste, udråb festlig Samling, I Ældste, kald alle, som bor i Landet, sammen til HERREN eders Guds Hus og råb så til HERREN!
Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade.
15 Ak, hvilken Dag! Thi nær er HERRENs Dag, den kommer som Vold fra den Vældige.
Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.
16 Så vi ej Føden gå tabt, vor Guds Hus tømt for Glæde og Jubel?
Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na, sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?
17 Sæden skrumper ind i den klumpede Jord; Lader er nedbrudt, Forrådshuse jævnet, thi Kornet er vissent.
Aba no wu wɔ asase wesee mu, adekoradan abubu, aburopata nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ nnuane no ahye.
18 Hvor Kvæget dog stønner! Oksernes Hjorde er skræmte, fordi de ikke har Græs; selv Småkvægets Hjorde lider.
Sɛdeɛ anantwie su! Na anantwikuo kyinkyini kwa. Nnwankuo mpo rebrɛ ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.
19 Jeg råber til dig, o HERRE; thi Ild har fortæret Ørkenens Græsning, og Luen afsved hvert Markens Træ;
Awurade, wo na mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.
20 til dig skriger selv Markens Dyr, thi Bækkenes Lejer er tørre, og Ild har fortæret Ørkenens Græsning.
Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.

< Joel 1 >