< Esajas 18 >

1 Hør Land med de surrende Vinger hinsides Ætiopiens Strømme,
Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so wɔ Kus nsubɔnten ho,
2 du, som sender Bud over Havet i Både af Siv på Vandspejlet: Gå, I hastige Bud, til det ranke, glinsende Folk, til Folket, som frygtes så vide, Kraftens og Sejrens Folk, hvis Land gennemstrømmes af Floder.
ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so wɔde paparɔso akorow fa nsu ani. Monkɔ, asomafo ahoɔharefo, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.
3 Alle I Jorderigs Folk, som bygger på Jord: Rejses Banner på Bjerge, så se, når der stødes i Horn, så hør!
Mo wiasefo nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a, mubehu sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, mobɛte.
4 Thi så sagde HERREN til mig: "Rolig ser jeg til fra mit Sæde som glødende Luft i Solskin, som Dugsky i Høstens Tid."
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”
5 Thi før Høst, når Blomstring er endt, når Blomst sætter modnende Drue, afskærer han Rankerne med Knive, og Skuddene kapper han bort.
Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no na nhwiren no anyin adan bobe no, wɔde asosɔw betwitwa mman no, wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.
6 De gives alle til Bjergenes Fugle og Jordens Dyr, om Somren Føde for Fugle, om Vintren for al Jordens Dyr.
Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa a wokum mmoa we ne wuram mmoa; nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu. Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.
7 Til hin Tid skal der bringes Hærskarers HERRE Gave fra et rankt og glinsende Folk, et Folk, som frygtes så vide, Kraftens og Sejrens Folk, hvis Land gennemstrømmes af Floder, til Stedet, hvor Hærskarers HERREs Navn bor, til Zions Bjerg.
Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.

< Esajas 18 >