< Esajas 15 >

1 Et udsagn om Moab. Ak, Ar lægges øde ved Nat, det er ude med Moab, Kir lægges øde ved Nat, det er ude med Moab.
Adehu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab Da koro anadwo bi, wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab da koro anadwo bi!
2 Dibons Datter går op på Høje for at græde, oppe på Nebo og Medeba jamrer Moab; hvert et Hoved er skaldet, alt skæg skåret af,
Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.
3 på Gader og oppe på Tage bærer de Sæk, på Torvene jamrer de alle, opløst i Gråd.
Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wosu.
4 Hesjbon og El'ale skriger, det høres til Jahaz. Derfor skælver Moabs Lænder, dets Sjæl er i Vånde.
Hesbon ne Eleale teɛ mu su, wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ. Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su, na wɔbotobotow.
5 Hjertet skriger i Moab, man flygter til Zoar, til Eglat-Sjelisjija. Ak, grædende stiger de op ad Luthiths Skråning, undervejs til Horonajim opløfter de Jammerskrig;
Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu; nʼaguanfo guan kodu Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim kwan so nso wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.
6 Nimrims Vande bliver Ødemarker, thi Græsset visner, Grønsværet svinder, Grønt er der ikke.
Nimrim nsuwansuwa ayoyow na sare no ahyew afifide nyinaa ayera na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.
7 Derfor slæber de Godset, de vandt, deres hengemte Ting over Vidjebækken.
Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kotwa mpampuro bon.
8 Ak, Nødråbet omspænder Moabs Land, dets Jamren når til Eglajim og Be'er-Elim;
Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so; wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.
9 thi Dimons Vand er fuldt af Blod. Men jeg sender endnu mer over Dimon: en Løve over Moabs undslupne, Landets Rest.
Dimon nsu ayɛ mogya nko ara nanso mɛkɔ so ne no adi gyata bɛba Moab aguanfo so ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

< Esajas 15 >