< 1 Samuel 24 >

1 Da Saul kom tilbage fra Forfølgelsen af Filisterne, blev det meldt ham, at David var i En-Gedis Ørken.
Saulo ne Filistifo no ko wiee no, wɔka kyerɛɛ no se, “Dawid hyɛ En-Gedi sare so hɔ.”
2 Så tog Saul 3000 Krigere, udsøgte af hele Israel, og drog ud for at søge efter David og hans Mænd østen for Stenbukke klipperne.
Ɛno nti Saulo yii mmarima mpensa fii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔe sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beae bi a ɛbɛn Wuram Mmirekyi Abotan no.
3 Og han kom til Fårefoldene ved Vejen. Der var en Hule, og Saul gik derind for at tildække sine Fødder. Men David og hans Mænd lå inderst i Hulen.
Obeduu nguannan bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekogye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.
4 Da sagde Davids Mænd til ham: "Se, nu er den Dag kommet, HERREN havde for Øje, da han sagde til dig: Se, jeg giver din Fjende i din Hånd, så du kan gøre med ham, hvad du finder for godt!"
Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a Awurade kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano.
5 Men han svarede sine Mænd: "HERREN lade det være langt fra mig! Slig en Gerning gør jeg ikke mod min Herre, jeg lægger ikke Hånd på HERRENs Salvede; thi HERRENs Salvede er han!" Og David satte sine Mænd strengt i Rette og tillod dem ikke at overfalde Saul.
Na Dawid adwene mu anteɛ no sɛ watwa Saulo atade ano.
6 Da stod David op og skar ubemærket Fligen af Sauls Kappe. Men bagefter slog Samvittigheden David, fordi han havde skåret Sauls kappeflig af.
Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ mmusu sɛ obi bɛteɛ me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; efisɛ Awurade ankasa na wapaw no.”
7 Da nu Saul rejste sig og forlod Hulen for at drage videre,
Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.
8 stod David op bagefter, gik ud af Hulen og råbte efter Saul: "Herre Konge!" Og da Saul så sig tilbage, kastede David sig ned med Ansigtet mod Jorden og bøjede sig for ham.
Dawid pue bae, teɛteɛɛ mu dii nʼakyi se, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase.
9 Og David sagde til Saul: "Hvorfor lytter du til, hvad folk siger: Se, David har ondt i Sinde imod dig?
Afei, ɔteɛɛ mu bisaa Saulo se, “Adɛn nti na wutie nkurɔfo ano sɛ merepɛ wo ahaw wo?
10 I Dag har du dog med egne Øjne set, at HERREN gav dig i min Hånd inde i Hulen; og dog vilde jeg ikke dræbe dig, men skånede dig og sagde: Jeg vil ikke lægge Hånd på min Herre, thi han er HERRENs Salvede!
Nnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokware. Efisɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me se, minkum wo, nanso mankum wo. Na mekae se, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, efisɛ ɔyɛ obi a Awurade asra no.’
11 Og se, Fader, se, her har jeg Fligen af din kappe i min Hånd! Når jeg skar din Kappeflig af og ikke dræbte dig, så indse dog, at jeg ikke har haft noget ondt eller nogen Forbrydelse i Sinde eller har forsyndet mig imod dig, skønt du lurer på mig for at tage mit Liv.
Mʼagya, hwɛ ade a mikura yi. Ɛyɛ wʼatade sin bi. Mitwae, nanso mankum wo. Eyi da no adi pefee sɛ merenhaw wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me rehwehwɛ me akum me.
12 HERREN skal dømme mig og dig imellem, og HERREN skal give mig Hævn over dig; men min Hånd skal ikke være imod dig!
Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, nea woayɛ nti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me de, merenhaw wo da.
13 Som det gamle Ord siger: Fra de gudløse kommer Gudløshed! Men min Hånd skal ikke være imod dig.
Wobu bɛ se, ‘Abɔnefo mu na bɔne fi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenhaw wo.
14 Hvem er det, Israels Konge er draget ud efter, hvem er det, du forfølger? En død Hund, en Loppe!
“Hena na Israelhene rehwehwɛ no akyere no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne bere taataa obi a ne so nni mfaso sɛ ɔkraman funu anaa dwiw?
15 Men HERREN skal være Dommer og dømme mig og dig imellem; han skal se til og føre min Sag og skaffe mig Ret over for dig!"
Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu nea odi bem, na ɔntwe ɔfɔdifo no aso. Ɔno ne me kamafo, na obegye me afi wo tumi ase.”
16 Da David havde talt disse Ord til Saul, sagde Saul: "Er det din Røst, min Søn David?" Og Saul brast i Gråd
Saulo buae se, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ofii ase sui.
17 og sagde til David: "Du er retfærdigere end jeg; thi du har gjort mig godt, medens jeg har gjort dig ondt,
Ɔtoaa so se, “Woteɛ sen me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me de mayɛ wo bɔne.
18 og du har i Dag vist mig stor Godhed, siden du ikke dræbte mig, da HERREN gav mig i din Hånd.
Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, efisɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa, a anka wubetumi akum me nanso woankum me.
19 Hvem træffer vel sin Fjende og lader ham gå i Fred? HERREN gengælde dig det gode, du har øvet imod mig i Dag!
Sɛ obi nsa ka ne tamfo a, ogyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɔkwan a wode me afa so nnɛ yi ho.
20 Se, jeg ved, at du bliver Konge, og at Kongedømmet over Israel skal blive i din Hånd;
Afei mahu sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wobesi wo ɔhene, na Israel ahemman no bedi yiye wɔ wo bere so.
21 så tilsværg mig nu ved HERREN, at du ikke vil udrydde mine Efterkommere efter mig eller udslette mit Navn af mit Fædrenehus!"
Afei, sua wɔ Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wubedi ade a, worentwa mʼasefo anaa worempepa me din mfi mʼagya fi.”
22 Det tilsvor David Saul, hvorefter Saul drog hjem, medens David og hans Mænd gik op i Klippeborgen.
Enti Dawid sua kyerɛɛ Saulo. Na Saulo san kɔɔ fie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn abandennen mu.

< 1 Samuel 24 >