< Første Krønikebog 7 >

1 Issakas Sønner var: Tola, Pua, Jasjub og Sjimron, fire.
Na Isakar mmabarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron.
2 Tolas Sønner: Uzzi, Refaja, Jeriel, Jamaj, Jibsam og Sjemuel, Overhoveder for Tolas Fædrenehuse, dygtige Krigere. Efter deres Slægtebøger udgjorde deres Tal på Davids Tid 22600.
Tola mmabarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia.
3 Uzzis Sønner: Jizraja, Jizrajas Sønner Mikael, Obadja, Joel og Jissjija, fem, alle sammen Overhoveder.
Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmabarima din de: Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
4 Til dem hørte efter deres Slægtebøger, efter deres Fædrenehuse, krigsrustede Skarer, 36000; de havde nemlig mange kvinder og Børn.
Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.
5 Deres Brødre, alle Issakars Slægter, var dygtige Krigere; de, som var indført i deres Slægtebog, udgjorde i alt 87 000.
Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.
6 Benjamins Sønner: Bela, Beker og Jediael, tre.
Na Benyamin mmabarima baasa no din de: Bela. Beker ne Yediael.
7 Belas Sønner: Ezbon, Uzzi, Uzziel Jerimot og Iri, fem, Overhoveder for Fædrenehuse, dygtige Krigere; de, som var indført i deres Slægtebog, udgjorde 22034.
Na Bela mmabarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.
8 Bekers Sønner: Zemira, Joasj, Eliezer, Eljoenaj, Omri, Jeremot, Abija, Anatot og Alemet; alle disse var Bekers Sønner;
Na Beker mmabarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
9 de, som var indført i deres Slægtebog efter deres Slægter, Overhovederne for Fædrenehusene, dygtige Krigere, udgjorde 20 200.
Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.
10 Jediaels Sønner: Bilhan; Bilhans Sønner: Je'usj, Binjamin, Ehud, Kena'ana, Zetan, Tarsjisj og Ahisjahar;
Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmabarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
11 alle disse var Jediaels Sønner, Overhoveder for deres Fædrenehuse, dygtige Krigere, 17200 øvede Krigere.
Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu.
12 Og Sjuppim og Huppim var Irs Sønner, og Husjim var Ahers Sønner
Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
13 Naftalis Sønner var: Jabaziel, Guni, Jezer og Sjallum. Bilhas Sønner:
Na Naftali mmabarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.
14 Manasses Sønner, som hans aramaiske Medhustru fødte: Hun fødte Makir, Gileads Fader.
Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
15 Gilead ægtede en Kvinde ved Navn Ma'aka; hans Søster hed Hammoleket, og hans Broder hed Zelobad; Zelofbad havde kun Døtre.
Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara.
16 Gileads Hustru Ma'aka fødte en Søn, som hun kaldte Peresj, medens hans Broder hed Sjeresj; hans Sønnervar Ulam og Rekem.
Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.
17 Ulams Sønner: Bedan. Det var Sønner af Gilead, en Søn af Makir, en Søn af Manasse.
Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.
18 Hans Søster Hammoleket fødte Isjhod, Abiezer og Mala.
Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
19 Sjemidas Sønner: Ajan, Sjekm, Likhi og Ani'am.
Na Semida mmabarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
20 Efraims Sønner: Sjutela hans Søn Bered, hans Søn Tahat, hans Søn El'ada, hans Sønahat,
Efraim asefo ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat,
21 hans Søn Zabad, hans Søn Sjutela - og Ezer og El'ad. Dem dræbte Mændene fra Gat, de indfødfe i Landet, fordi de var draget ned for at tage deres Hjorde.
Sabad ne Sutela. Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no.
22 Deres Fader Efraim sørgede i lang Tid over dem, og hans Brødre kom for at trøste ham.
Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ.
23 Så gik han ind til sin Hustru, og hun blev frugtsommelig og fødte en Søn, som han kaldte Beri'a, fordi hans Hus var i Ulykke, da det skete.
Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti.
24 Hans Datter var Sje'era, som byggede Nedre- og Øvre-Bet-Horon og Uzzen-Sje'era.
Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.
25 Hans Søn var Refa, hans Søn Resjef, hans Søn Tela, hans Søn Tahan,
Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,
26 hans Søn Ladan, hans Søn Ammihud, hans Søn Elisjama,
Ladan, Amihud, Elisama,
27 hans Søn Nun, hans Søn Josua.
Nun ne Yosua.
28 Deres Besiddelser og Boliger var Betel med Småbyer, mod Øst Na'aran, mod Vest Gezer med Småbyer, fremdeles Sikem med Småbyer indtil Ajja med Småbyer;
Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so.
29 langs Manassiternes Grænse Bet-Sjean med Småbyer, Ta'anak med Småbyer, Megiddo med Småbyer og Dor med Småbyer. I dem boede Israels Søn Josefs Sønner.
Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.
30 A Sønner: Jimna, Jisjva, Jisjvi og Beri'a og deres Søster Sera.
Na Aser mmabarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.
31 Beri'as Sønner: Heber og Malkiel, som var Birzajits Fader.
Na Beria mmabarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
32 Heber avlede Jaflet, Sjomer, Hotam og deres Søster Sjua.
Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.
33 Jaflets Sønner: Pasak, Bimhal og Asjvat; det var Jaflets Sønner.
Na Yaflet mmabarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat.
34 Sjemers Sønner: Ahi, Roga, Hubba og Aram.
Na Semer mmabarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
35 Hans Broder Hotams Sønner: Zofa, Jimna, Sjelesj og Amal.
Na ne nuabarima Helem mmabarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
36 Zofas Sønner: Sua, Harnefer, Sjual, Beri, Jimra,
Na Sofa mmabarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
37 Bezer, Hod, Sjamma, Sjilsja, Jitran og Be'era.
Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
38 Jeters Sønner: Jefunne, Pispa og Ara.
Na Yeter mmabarima din de: Yefune, Pispa ne Ara.
39 Ullas Sønner: Ara, Hanniel og Rizja.
Na Ula mmabarima din de: Arah, Haniel ne Risia.
40 Alle disse var Asers Sønner. Overhoveder for Fædrenehusene, udsøgte dygtige Krigere, Overhoveder for Øversterne. De, der var indført i Slægtebogen som brugelige til Krigstjeneste, talte 26000.
Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.

< Første Krønikebog 7 >