< 撒母耳記下 9 >

1 大衛問說:「掃羅家還有剩下的人沒有?我要因約拿單的緣故向他施恩。」
Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ.
2 掃羅家有一個僕人,名叫洗巴,有人叫他來見大衛,王問他說:「你是洗巴嗎?」回答說:「僕人是。」
Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, mene Siba no.”
3 王說:「掃羅家還有人沒有?我要照上帝的慈愛恩待他。」洗巴對王說:「還有約拿單的一個兒子,是瘸腿的。」
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.”
4 王說:「他在哪裏?」洗巴對王說:「他在羅‧底巴,亞米利的兒子瑪吉家裏。」
Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.”
5 於是大衛王打發人去,從羅‧底巴亞米利的兒子瑪吉家裏召了他來。
Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
6 掃羅的孫子、約拿單的兒子米非波設來見大衛,伏地叩拜。大衛說:「米非波設!」米非波設說:「僕人在此。」
Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.”
7 大衛說:「你不要懼怕,我必因你父親約拿單的緣故施恩與你,將你祖父掃羅的一切田地都歸還你;你也可以常與我同席吃飯。」
Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.”
8 米非波設又叩拜,說:「僕人算甚麼,不過如死狗一般,竟蒙王這樣眷顧!」
Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa sɛ, “Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?”
9 王召了掃羅的僕人洗巴來,對他說:「我已將屬掃羅和他的一切家產都賜給你主人的兒子了。
Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no.
10 你和你的眾子、僕人要為你主人的兒子米非波設耕種田地,把所產的拿來供他食用;他卻要常與我同席吃飯。」洗巴有十五個兒子,二十個僕人。
Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa sɛ,
11 洗巴對王說:「凡我主我王吩咐僕人的,僕人都必遵行。」王又說:「米非波設必與我同席吃飯,如王的兒子一樣。」
“Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so.” Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛ deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba.
12 米非波設有一個小兒子,名叫米迦。凡住在洗巴家裏的人都作了米非波設的僕人。
Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ.
13 於是米非波設住在耶路撒冷,常與王同席吃飯。他兩腿都是瘸的。
Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie hɔ.

< 撒母耳記下 9 >