< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 6 >

1 Նայեցայ՝ երբ Գառնուկը բացաւ կնիքներէն մէկը՝՝, եւ լսեցի չորս էակներէն մէկուն ձայնը՝ որոտումի պէս, որ կ՚ըսէր. «Եկո՛ւր ու տե՛ս»:
Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!”
2 Եւ տեսայ. ահա՛ ճերմակ ձի մը կար, որուն վրայ հեծնողը ունէր աղեղ մը: Պսակ մը տրուեցաւ անոր, ու դուրս ելաւ իբր յաղթող՝ որպէսզի յաղթէ:
Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim.
3 Երբ բացաւ երկրորդ կնիքը, լսեցի երկրորդ էակը՝ որ կ՚ըսէր. «Եկո՛ւր»:
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!”
4 Ուրիշ, շառագոյն ձի մը դուրս ելաւ, եւ անոր վրայ հեծնողին իշխանութիւն տրուեցաւ՝ որ երկրէն վերցնէ խաղաղութիւնը, որպէսզի մորթեն զիրար. ու մեծ սուր մը տրուեցաւ անոր:
Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.
5 Երբ բացաւ երրորդ կնիքը, լսեցի երրորդ էակը՝ որ կ՚ըսէր. «Եկո՛ւր ու տե՛ս»: Եւ տեսայ. ահա՛ սեւ ձի մը կար, որուն վրայ հեծնողը՝ ձեռքին մէջ ունէր կշիռք մը:
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien.
6 Չորս էակներուն մէջէն լսեցի ձայն մը՝ որ կ՚ըսէր. «Կապիճ մը ցորենը՝ մէկ դահեկանի, ու երեք կապիճ գարին՝ մէկ դահեկանի: Մի՛ վնասեր ձէթին եւ գինիին»:
Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!”
7 Երբ բացաւ չորորդ կնիքը, լսեցի չորրորդ էակին ձայնը՝ որ կ՚ըսէր. «Եկո՛ւր ու տե՛ս»:
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!”
8 Եւ տեսայ. ահա՛ տժգոյն ձի մը կար, որուն վրայ հեծնողին անունը Մահ էր, ու դժոխքը կը հետեւէր անոր: Իշխանութիւն տրուեցաւ անոնց՝ երկրի քառորդին վրայ, որ սպաննեն թուրով, սովով, մահով ու երկրի գազաններով: (Hadēs g86)
Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. (Hadēs g86)
9 Երբ բացաւ հինգերորդ կնիքը, զոհասեղանին ներքեւ տեսայ անձերը անոնց՝ որ մորթուած էին Աստուծոյ խօսքին համար, եւ իրենց տուած վկայութեան համար:
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ.
10 Անոնք բարձրաձայն աղաղակեցին. «Սո՛ւրբ եւ ճշմարի՛տ Տիրակալ, մինչեւ ե՞րբ պիտի չդատես ու չառնես մեր արիւնին վրէժը երկրի բնակիչներէն»:
Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?”
11 Ճերմակ պարեգօտ տրուեցաւ անոնցմէ իւրաքանչիւրին, եւ ըսուեցաւ անոնց որ հանգչին քիչ մը ժամանակ ալ, մինչեւ որ ամբողջանան իրենց ծառայակիցներն ու անոնց եղբայրները՝ որոնք պիտի սպաննուէին իրենց պէս:
Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.
12 Տեսայ՝ երբ բացաւ վեցերորդ կնիքը, եւ ահա՛ մեծ երկրաշարժ մը եղաւ: Արեւը սեւցաւ՝ մազեղէն քուրձի մը պէս, լուսինը (բոլորովին) արիւնի գոյնի պէս եղաւ,
Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya.
13 ու երկինքի աստղերը ինկան երկրի վրայ, ինչպէս սաստիկ հովէն շարժուած թզենին կը թափէ իր տհաս պտուղները:
Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ.
14 Երկինքը կծկուեցաւ ոլորուող մագաղաթի մը պէս, եւ բոլոր լեռներն ու կղզիները շարժեցան իրենց տեղերէն:
Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae.
15 Երկրի թագաւորները, մեծամեծները, հարուստները, հազարապետները, զօրաւորները, եւ բոլոր ստրուկներն ու բոլոր ազատները պահուըտեցան քարայրներու եւ լեռներու ժայռերուն մէջ,
Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu.
16 ու կ՚ըսէին լեռներուն եւ ժայռերուն. «Ինկէ՛ք մեր վրայ ու պահեցէ՛ք մեզ գահին վրայ բազմողին երեսէն, եւ Գառնուկին բարկութենէն:
Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano.
17 Որովհետեւ անոր բարկութեան մեծ օրը եկաւ, եւ ո՞վ կրնայ դիմանալ»:
Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”

< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 6 >