< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 3 >

1 «Գրէ՛ նաեւ Սարդիկէի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ ա՛ն՝ որ ունի Աստուծոյ եօթը Հոգիներն ու եօթը աստղերը. "Գիտե՛մ քու գործերդ. դուն անուն ունիս թէ կ՚ապրի՛ս, բայց մեռած ես:
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.
2 Արթո՛ւն կեցիր եւ ամրացո՛ւր մնացած բաները՝ որ մեռնելու մօտ են, որովհետեւ կատարեալ չգտայ գործերդ Աստուծոյ առջեւ:
Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.
3 Ուրեմն յիշէ՛ թէ ի՛նչպէս ընդունեցիր եւ լսեցիր, ու պահէ՛ եւ ապաշխարէ՛. իսկ եթէ արթուն չկենաս, գողի պէս պիտի գամ քու վրադ, ու բնաւ պիտի չգիտնաս թէ ո՛ր ժամուն պիտի գամ վրադ:
Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.
4 Սակայն Սարդիկէի մէջ ունիս քանի մը մարդոց անուններ, որոնք չպղծեցին իրենց հանդերձները եւ ճերմակներով պիտի շրջին ինծի հետ, քանի որ արժանի են:
Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu ɛ. Wɔbɛhyɛ ntade fitaa na wɔne me anantew, efisɛ ɛsɛ, wɔfata sa.
5 Ո՛վ որ յաղթէ՝ պիտի հագնի ճերմակ հանդերձ. ու ես պիտի չջնջեմ անոր անունը կեանքի գիրքէն, հապա պիտի դաւանիմ անոր անունը իմ Հօրս առջեւ եւ անոր հրեշտակներուն առջեւ"”:
Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa sɛ wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfo anim sɛ ɔyɛ me dea.
6 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
7 «Գրէ՛ նաեւ Ֆիլատելֆիայի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ Սուրբը, Ճշմարիտը, ա՛ն՝ որ ունի Դաւիթի բանալին, ա՛ն՝ որ կը բանայ ու ո՛չ մէկը կը գոցէ, եւ կը գոցէ ու ո՛չ մէկը կը բանայ.
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokware na okura Dawid safe no nkyɛn. Nea obue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.
8 "Գիտե՛մ քու գործերդ: Ահա՛ առջեւդ դրի բացուած դուռ մը՝ որ ո՛չ մէկը կրնայ գոցել, որովհետեւ դուն քիչ զօրութիւն ունիս, բայց պահեցիր իմ խօսքս եւ չուրացար իմ անունս:
Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.
9 Ահա՛ պիտի ստիպեմ Սատանայի ժողովէն եղողները, - որ կ՚ըսեն թէ իրենք Հրեայ են, բայց չեն, հապա կը ստեն, - ահա՛ պիտի ստիպեմ զանոնք՝ որ գան ու երկրպագեն ոտքերուդ առջեւ, եւ գիտնան թէ ես սիրեցի քեզ:
Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.
10 Քանի որ պահեցիր իմ համբերութեան խօսքս, ես ալ պիտի պահեմ քեզ փորձութեան ժամուն, որ պիտի գայ ամբողջ երկրագունդին վրայ՝ փորձելու համար երկրի բնակիչները:
Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de bɛsɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu.
11 Ահա՛ շուտո՛վ կու գամ: Ամո՛ւր բռնէ ունեցածդ, որպէսզի ո՛չ մէկը առնէ քու պսակդ:
Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.
12 Ո՛վ որ յաղթէ, սիւն մը պիտի ընեմ զայն իմ Աստուծոյս տաճարին մէջ, եւ ա՛լ դուրս պիտի չելլէ: Անոր վրայ պիտի գրեմ իմ Աստուծոյս անունը, ու իմ Աստուծոյս քաղաքին անունը, այսինքն՝ Նոր Երուսաղէմ, - որ կ՚իջնէ երկինքէն՝ իմ Աստուծոյս քովէն, - եւ իմ նոր անունս"”:
Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.
13 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
14 «Գրէ՛ նաեւ Լաւոդիկէի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ Ամէնը, հաւատարիմ ու ճշմարիտ Վկան, Աստուծոյ արարչութեան Սկիզբը.
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn.
15 "Գիտե՛մ քու գործերդ, թէ ո՛չ պաղ ես, ո՛չ ալ տաք. երանի՜ թէ պաղ ըլլայիր, կամ՝ տաք:
Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ anka wobɛyɛ mu baako.
16 Ուստի դուն որ գաղջ ես, եւ ո՛չ տաք, ո՛չ ալ պաղ, բերանէս դուրս պիտի փսխեմ քեզ:
Nanso esiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo sɛ ntasu afi mʼanom.
17 Քանի որ կ՚ըսես. «Ես հարուստ եմ, հարստացայ, ու ո՛չ մէկ բանի կարիք ունիմ »: Բայց չես գիտեր թէ դուն թշուառ, խեղճ, աղքատ, կոյր եւ մերկ ես:
Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura.
18 Կը թելադրեմ քեզի, որ գնես ինձմէ կրակի բովէն անցած ոսկի՝ որ հարստանաս, ու ճերմակ հանդերձ՝ որ հագնիս, որպէսզի մերկութեանդ ամօթը չերեւնայ. եւ դե՛ղ դիր աչքերուդ՝ որ տեսնես:
Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade.
19 Ես կը կշտամբեմ ու կը պատժեմ բոլոր սիրածներս. ուրեմն նախանձախնդի՛ր եղիր եւ ապաշխարէ՛:
Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.
20 Ահա՛ կայնած եմ դրան առջեւ ու կը բախեմ. եթէ մէկը լսէ իմ ձայնս եւ բանայ դուռը, պիտի մտնեմ անոր քով ու պիտի ընթրեմ անոր հետ, ան ալ՝ ինծի հետ:
Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
21 Ո՛վ որ յաղթէ, ինծի հետ բազմիլ պիտի տամ անոր՝ իմ գահիս վրայ, ինչպէս ես ալ յաղթեցի ու իմ Հօրս հետ բազմեցայ իր գահին վրայ"”:
Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho, sɛnea madi nkonim nti, mete mʼAgya ahengua ho mprempren no.
22 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն»:
Sɛ wowɔ aso a, ɛno de tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 3 >