< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 2 >

1 «Գրէ՛ Եփեսոսի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ ա՛ն՝ որ իր աջ ձեռքին մէջ կը բռնէ եօթը աստղերը, եւ կը շրջի եօթը ոսկիէ աշտանակներուն միջեւ.
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.
2 "Գիտե՛մ քու գործերդ, աշխատանքդ ու համբերութիւնդ, եւ թէ չես կրնար հանդուրժել չարերուն: Փորձեցիր անոնք՝ որ կը հաւաստեն թէ իրենք առաքեալ են, բայց չեն, եւ գտար թէ ստախօս են:
Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo.
3 Համբերութիւն ունեցար, տառապանք կրեցիր իմ անունիս համար՝՝ ու չթուլցար:
Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.
4 Սակայն սա՛ ունիմ քեզի դէմ, որ թողուցիր առաջին սէրդ:
Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no.
5 Ուրեմն յիշէ՛ թէ ուրկէ՛ ինկար, ապաշխարէ՛, եւ ըրէ՛ առաջին գործերդ. այլապէս՝ շուտո՛վ պիտի գամ քեզի, ու աշտանակդ պիտի շարժեմ իր տեղէն՝ եթէ չապաշխարես:
Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea.
6 Բայց սա՛ ունիս.- կ՚ատես Նիկողայոսեաններուն գործերը, որ ես ալ կ՚ատեմ"”:
Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.
7 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն: Ո՛վ որ յաղթէ՝ անոր ուտել պիտի տամ կեանքի ծառէն, որ Աստուծոյ դրախտին մէջ է»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
8 «Գրէ՛ նաեւ Զմիւռնիայի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ Առաջինը եւ Վերջինը, որ մեռաւ ու կ՚ապրի՛.
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirnaasafo no ano se: Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no.
9 "Գիտե՛մ քու գործերդ, տառապանքդ եւ աղքատութիւնդ, (բայց հարուստ ես, ) ու հայհոյութիւնը անոնց՝ որ կ՚ըսեն թէ իրենք Հրեայ են, բայց չեն, հապա՝ Սատանայի ժողով:
Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan.
10 Բնաւ մի՛ վախնար այն չարչարանքներէն՝ որ պիտի կրես. ահա՛ Չարախօսը բանտը պիտի նետէ ձեզմէ ոմանք՝ որպէսզի փորձուիք, եւ տասը օր տառապանք պիտի ունենաք: Մինչեւ մահ հաւատարիմ եղիր, ու պիտի տամ քեզի կեանքի պսակը"”:
Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.
11 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն: Ո՛վ որ յաղթէ՝ պիտի չվնասուի երկրորդ մահէն»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.
12 «Գրէ՛ նաեւ Պերգամոնի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ ա՛ն՝ որ ունի սրած երկսայրի թուրը.
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se: Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
13 "Գիտե՛մ քու գործերդ, եւ թէ ո՛ւր կը բնակիս, հո՛ն՝ ուր Սատանայի գահն է. բայց ամուր կը բռնես իմ անունս ու չուրացար իմ հաւատքս, նոյնիսկ այն օրերը՝ երբ Անթիպաս, իմ հաւատարիմ վկաս, սպաննուեցաւ ձեր մէջ՝ ուր Սատանան կը բնակի:
Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
14 Սակայն քեզի դէմ ունիմ քիչ բան մը, քանի որ հոդ ունիս Բաղաամի ուսուցումը պահողներ. ան Բաղակի սորվեցուց գայթակղութիւն դնել Իսրայէլի որդիներուն առջեւ, որպէսզի անոնք ուտեն կուռքերու զոհուածներ ու պոռնկին:
Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛakyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.
15 Այսպէս՝ դուն ալ ունիս Նիկողայոսեաններուն ուսուցումը պահողներ, որ ես կ՚ատեմ:
Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.
16 (Ուստի) ապաշխարէ՛. այլապէս՝ շուտո՛վ պիտի գամ քեզի, եւ պիտի պատերազմիմ անոնց դէմ բերանիս թուրով"”:
Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
17 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն: Ո՛վ որ յաղթէ՝ անոր ուտել պիտի տամ պահուած մանանայէն. նաեւ պիտի տամ անոր ճերմակ խիճ մը, եւ այդ խիճին վրայ գրուած նոր անուն մը՝ որ ո՛չ մէկը գիտէ, բայց միայն զայն ստացողը»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
18 «Գրէ՛ նաեւ Թիւատիրի եկեղեցիին հրեշտակին.- “Սա՛ կ՚ըսէ Աստուծոյ Որդին, որ ունի կրակի բոցի պէս աչքեր, եւ իր ոտքերը նման են ոսկեպղինձի.
“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.
19 "Գիտե՛մ քու գործերդ, սէրդ, սպասարկութիւնդ, հաւատքդ ու համբերութիւնդ. եւ թէ քու վերջին գործերդ աւելի շատ են՝ քան առաջինները:
Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.
20 Սակայն քեզի դէմ ունիմ բան մը՝՝, որովհետեւ կը թոյլատրես Յեզաբէլի, - ինքզինք մարգարէուհի կոչող այդ կնոջ, - որ մոլորեցնէ իմ ծառաներս եւ սորվեցնէ անոնց պոռնկիլ ու կուռքերու զոհուածներ ուտել:
Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan.
21 Ես ժամանակ տուի անոր՝ ապաշխարելու իր պոռնկութենէն, բայց չապաշխարեց:
Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu.
22 Ահա՛ ես մահիճ պիտի նետեմ զայն, իսկ անոր հետ շնութիւն ընողները՝ մեծ տառապանքի մէջ, եթէ չապաշխարեն իրենց գործերէն:
Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye.
23 Պիտի մեռցնեմ անոր զաւակները, եւ բոլոր եկեղեցիները պիտի գիտնան թէ ես ա՛ն եմ՝ որ կը զննեմ խիղճերն ու սիրտերը. պիտի հատուցանեմ ձեզմէ իւրաքանչիւրին՝ ձեր գործերուն համեմատ:
Afei, mekunkum nʼakyidifono, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.
24 Բայց կ՚ըսեմ ձեզի, Թիւատիրի մէջ եղող միւս բոլորին՝ որ չունին այս ուսուցումը եւ չգիտցան Սատանային խորհուրդները (ինչպէս կ՚ըսեն).- ուրիշ ծանրութիւն պիտի չդնեմ ձեր վրայ,
Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so.
25 հապա ամո՛ւր բռնեցէք ինչ որ ունիք՝ մինչեւ որ գամ:
Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.
26 Եւ ո՛վ որ յաղթէ ու պահէ իմ գործերս մինչեւ վախճանը, անոր իշխանութիւն պիտի տամ անոր ազգերուն վրայ,
Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii
27 (եւ պիտի հովուէ զանոնք երկաթէ գաւազանով. անոնք պիտի փշրուին բրուտի անօթներու պէս.)
mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku.
28 ինչպէս ես ալ ստացայ իմ Հօրմէս, ու պիտի տամ անոր առտուան աստղը"”:
Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.
29 Ա՛ն որ ականջ ունի, թող լսէ թէ Հոգին ի՛նչ կ՚ըսէ եկեղեցիներուն»:
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.

< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 2 >