< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 1 >

1 Յիսուս Քրիստոսի յայտնութիւնը, որ Աստուած տուաւ անոր՝ ցոյց տալու համար իր ծառաներուն ինչ որ պէտք է շուտով ըլլայ, եւ իր հրեշտակին միջոցով ղրկեց ու մատնանշեց իր Յովհաննէս ծառային,
Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,
2 որ վկայեց Աստուծոյ խօսքին եւ Յիսուս Քրիստոսի վկայութեան մասին, ամէն ինչի մասին՝ որ տեսաւ:
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no.
3 Երանի՜ անոր՝ որ կը կարդայ, ու անոնց՝ որ կը լսեն այս մարգարէութեան խօսքերը, եւ կը պահեն ինչ որ անոր մէջ գրուած է. որովհետեւ ատենը մօտ է:
Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
4 Յովհաննէս՝ եօթը եկեղեցիներուն, որոնք Ասիայի մէջ են. շնորհք ու խաղաղութիւն ձեզի անկէ՝ որ է, որ էր եւ որ պիտի գայ, ու եօթը Հոգիներէն՝ որոնք անոր գահին առջեւ են,
Yohane, Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim,
5 եւ Յիսուս Քրիստոս հաւատարիմ վկայէն, որ մեռելներուն անդրանիկն է ու երկրի թագաւորներուն իշխանը: Անոր՝ որ սիրեց մեզ, իր արիւնով լուաց մեզ մեր մեղքերէն,
ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu.
6 եւ թագաւորներ ու քահանաներ ըրաւ մեզ՝ Աստուծոյ եւ իր Հօր համար, անոր փա՜ռք ու զօրութի՜ւն դարէ դար՝՝: Ամէն: (aiōn g165)
Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. (aiōn g165)
7 Ահա՛ ամպերով կու գայ, եւ ամէն աչք պիտի տեսնէ զայն. նաեւ անոնք՝ որ խոցեցին զայն: Երկրի բոլոր տոհմերը պիտի հեծեծեն անոր վրայ: Այո՛. ամէն:
Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no.
8 «Ե՛ս եմ Ալֆան ու Օմեղան», կ՚ըսէ Տէր (Աստուած), ա՛ն՝ որ է, որ էր եւ որ պիտի գայ, Ամենակալը:
Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
9 Ես՝ Յովհաննէս, ձեր եղբայրը եւ հաղորդակիցը Յիսուս Քրիստոսի տառապանքին, թագաւորութեան ու համբերութեան, Պատմոս կոչուած կղզին էի՝ Աստուծոյ խօսքին համար եւ Յիսուս Քրիստոսի վկայութեան համար:
Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so.
10 Կիրակի օրը լեցուեցայ Հոգիով, ու ետեւէս լսեցի հզօր ձայն մը՝ փողի ձայնի պէս, որ կ՚ըսէր.
Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.
11 «Ինչ որ կը տեսնես՝ գրէ՛ գիրքի մը մէջ, ու ղրկէ՛ զայն եօթը եկեղեցիներուն՝ որոնք Եփեսոսի, Զմիւռնիայի, Պերգամոնի, Թիւատիրի, Սարդիկէի, Ֆիլատելֆիայի եւ Լաւոդիկէի մէջ են»:
Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
12 Դարձայ տեսնելու այն ձայնը՝ որ կը խօսէր ինծի: Երբ դարձայ՝ տեսայ եօթը ոսկիէ աշտանակներ,
Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson.
13 ու եօթը աշտանակներուն մէջտեղ՝ մէկը, մարդու Որդիին նման, մինչեւ ոտքերը երկարող պատմուճան մը հագած եւ կուրծքին վրայ ոսկիէ գօտի մը կապած:
Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina.
14 Անոր գլուխն ու մազերը՝ բուրդի պէս ճերմակ էին, ձիւնի պէս ճերմակ. աչքերը՝ կրակի բոցի պէս էին,
Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya.
15 ոտքերը՝ ոսկեպղինձի նման, որպէս թէ հնոցի մէջ բոցավառած, ու ձայնը՝ յորդառատ ջուրերու ձայնին պէս:
Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den.
16 Իր աջ ձեռքին մէջ ունէր եօթը աստղ, բերանէն սրած երկսայրի թուր մը կ՚ելլէր, եւ դէմքը արեւի պէս էր՝ երբ կը փայլի իր զօրութեամբ:
Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.
17 Երբ տեսայ զայն, անոր ոտքը ինկայ՝ մեռելի պէս. իսկ ան՝ իր աջ ձեռքը դրաւ իմ վրաս ու ըսաւ ինծի. «Մի՛ վախնար. ե՛ս եմ Առաջինը եւ Վերջինը:
Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ.
18 Ես ա՛ն եմ ՝ որ կ՚ապրի՛. ես մեռած էի, ու ահա՛ կ՚ապրի՛մ դարէ դար. ե՛ս ունիմ մահուան եւ դժոխքին բանալիները: (aiōn g165, Hadēs g86)
Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa. (aiōn g165, Hadēs g86)
19 (Ուստի) գրէ՛ ինչ որ տեսար, թէ՛ ինչ որ կայ, թէ՛ ինչ որ պիտի ըլլայ ասկէ ետք:
“Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ.
20 Ահա՛ւասիկ խորհուրդը եօթը աստղերուն՝ որ իմ աջ ձեռքիս մէջ տեսար, ու եօթը ոսկիէ աշտանակներուն.- այդ եօթը աստղերը՝ եօթը եկեղեցիներուն հրեշտակներն են, իսկ եօթը աշտանակները եօթը եկեղեցիներն են»:
Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”

< ՅԱՅՏՆՈՒԹԻՒՆ ՅՈՎՀԱՆՆՈՒ 1 >