< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 4 >

1 Հետեւաբար, սիրելի ու կարօտալի եղբայրնե՛րս, իմ ուրախութիւնս ու պսակս, ա՛յսպէս հաստատուն կեցէք Տէրոջմով, սիրելինե՛րս:
Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asane me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu.
2 Կ՚աղաչե՛մ Եւոդիայի ու կ՚աղաչե՛մ Սիւնտիքի, որ ունենան միեւնոյն մտածումը Տէրոջմով:
Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu.
3 Եւ կը խնդրեմ քեզմէ՛ ալ, իմ հարազատ լծակիցս, օգնէ՛ ասոնց՝ որ աւետարանին համար մարտնչեցան ինծի հետ, նաեւ Կղեմէսի եւ միւս գործակիցներուս հետ, որոնց անունները կեանքի գիրքին մէջ են:
Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.
4 Ամէ՛ն ատեն ուրախացէք Տէրոջմով. դա՛րձեալ կ՚ըսեմ, ուրախացէ՛ք:
Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo.
5 Ձեր ազնուութիւնը թող յայտնի ըլլայ բոլոր մարդոց. Տէրը մօտ է:
Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛre, Awurade bɛba.
6 Մի՛ մտահոգուիք որեւէ բանի համար. հապա ամէն բանի մէջ՝ աղօթքով ու աղերսանքով, շնորհակալութեամբ միասին, գիտցուցէ՛ք ձեր խնդրանքները Աստուծոյ.
Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim.
7 եւ Աստուծոյ խաղաղութիւնը, որ ամէն միտքէ գերիվեր է, պիտի պահպանէ ձեր սիրտերն ու մտածումները՝ Յիսուս Քրիստոսով:
Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.
8 Վերջապէս, եղբայրնե՛ր, ինչ որ ճշմարիտ է, ինչ որ՝ պատկառելի, ինչ որ՝ արդար, ինչ որ՝ անկեղծ, ինչ որ՝ սիրալիր, ինչ որ՝ բարի համբաւով, ինչ որ առաքինութեամբ եւ ինչ որ գովելի է, ատո՛նց մասին մտածեցէք:
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene.
9 Ինչ որ սորվեցաք, ընդունեցիք, լսեցիք ու տեսաք իմ վրաս՝ զանո՛նք ըրէք, եւ խաղաղութեան Աստուածը պիտի ըլլայ ձեզի հետ:
Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.
10 Մեծապէս ուրախացայ Տէրոջմով, որ հիմա վերջապէս նորոգուեցաւ իմ վրաս ձեր ունեցած մտածմունքը, ինչպէս կը մտածէիք ալ, սակայն պատեհութիւն չունէիք:
Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho ɛkwan nkyerɛ saa.
11 Կարօտութեան համար չէ որ կ՚ըսեմ. որովհետեւ ես սորվեցայ ինքնաբաւ ըլլալ իմ եղած վիճակիս մէջ:
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me.
12 Թէ՛ գիտեմ նուաստանալ, թէ՛ ալ գիտեմ առատութեան մէջ ըլլալ: Ամէն բանի մէջ՝ ամէն կերպով վարժուած եմ թէ՛ կշտանալ, թէ՛ ալ անօթենալ, թէ՛ առատութեան եւ թէ կարօտութեան մէջ ըլլալ:
Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara.
13 Ամէն բանի կարող եմ անով՝ որ զօրացուց զիս:
Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
14 Սակայն լաւ ըրիք՝ որ հաղորդակից եղաք տառապանքիս:
Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.
15 Դո՛ւք ալ գիտէք, Փիլիպպեցինե՛ր, թէ աւետարանին քարոզութեան սկիզբը, երբ մեկնեցայ Մակեդոնիայէն, ո՛չ մէկ եկեղեցի հաղորդակից եղաւ ինծի՝ տալու եւ ընդունելու համար, հապա միայն դո՛ւք.
Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ.
16 որովհետեւ նոյնիսկ մինչեւ Թեսաղոնիկէ ղրկեցիք ինծի պէտք եղածը՝ մէկ-երկու անգամ:
Mewɔ Tesalonika no, ɛberɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me.
17 Ես կը փնտռեմ ո՛չ թէ նուէր, հապա կը փնտռեմ պտուղ, որ աւելնայ ձեր հաշիւին վրայ:
Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu.
18 Իսկ ես ամէն բան ունիմ, եւ առատօրէն. լիացած եմ՝ ստանալով Եպափրոդիտոսի միջոցով ձեր ղրկածները, որ անուշաբոյր հոտ մըն է, ընդունելի զոհ մը, հաճելի՝ Աստուծոյ:
Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ.
19 Եւ իմ Աստուածս պիտի լեցնէ ձեր բոլոր կարիքները՝ իր ճոխութեան համեմատ, փառքով՝ Քրիստոս Յիսուսի միջոցով:
Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.
20 Ուրեմն փա՜ռք Աստուծոյ ու մեր Հօր՝ դարէ դար՝՝: Ամէն: (aiōn g165)
Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen. (aiōn g165)
21 Բարեւեցէ՛ք բոլոր սուրբերը Յիսուս Քրիստոսով:
Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo.
22 Կը բարեւեն ձեզ ինծի հետ եղող եղբայրները:
Ahotefoɔ no nyinaa kyea mo; ne titire no, Ɔhempɔn Kaesare fiefoɔ.
23 Կը բարեւեն ձեզ բոլոր սուրբերը, մա՛նաւանդ անոնք՝ որ Կայսրին տունէն են: Տէր Յիսուս Քրիստոսի շնորհքը ձեր բոլորին հետ: Ամէն:
Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 4 >