< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 4 >

1 Հետեւաբար, սիրելի ու կարօտալի եղբայրնե՛րս, իմ ուրախութիւնս ու պսակս, ա՛յսպէս հաստատուն կեցէք Տէրոջմով, սիրելինե՛րս:
Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu.
2 Կ՚աղաչե՛մ Եւոդիայի ու կ՚աղաչե՛մ Սիւնտիքի, որ ունենան միեւնոյն մտածումը Տէրոջմով:
Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu.
3 Եւ կը խնդրեմ քեզմէ՛ ալ, իմ հարազատ լծակիցս, օգնէ՛ ասոնց՝ որ աւետարանին համար մարտնչեցան ինծի հետ, նաեւ Կղեմէսի եւ միւս գործակիցներուս հետ, որոնց անունները կեանքի գիրքին մէջ են:
Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.
4 Ամէ՛ն ատեն ուրախացէք Տէրոջմով. դա՛րձեալ կ՚ըսեմ, ուրախացէ՛ք:
Meka ti mu se, daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo.
5 Ձեր ազնուութիւնը թող յայտնի ըլլայ բոլոր մարդոց. Տէրը մօտ է:
Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ Awurade bɛba.
6 Մի՛ մտահոգուիք որեւէ բանի համար. հապա ամէն բանի մէջ՝ աղօթքով ու աղերսանքով, շնորհակալութեամբ միասին, գիտցուցէ՛ք ձեր խնդրանքները Աստուծոյ.
Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim.
7 եւ Աստուծոյ խաղաղութիւնը, որ ամէն միտքէ գերիվեր է, պիտի պահպանէ ձեր սիրտերն ու մտածումները՝ Յիսուս Քրիստոսով:
Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.
8 Վերջապէս, եղբայրնե՛ր, ինչ որ ճշմարիտ է, ինչ որ՝ պատկառելի, ինչ որ՝ արդար, ինչ որ՝ անկեղծ, ինչ որ՝ սիրալիր, ինչ որ՝ բարի համբաւով, ինչ որ առաքինութեամբ եւ ինչ որ գովելի է, ատո՛նց մասին մտածեցէք:
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.
9 Ինչ որ սորվեցաք, ընդունեցիք, լսեցիք ու տեսաք իմ վրաս՝ զանո՛նք ըրէք, եւ խաղաղութեան Աստուածը պիտի ըլլայ ձեզի հետ:
Nea moasua, na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho.
10 Մեծապէս ուրախացայ Տէրոջմով, որ հիմա վերջապէս նորոգուեցաւ իմ վրաս ձեր ունեցած մտածմունքը, ինչպէս կը մտածէիք ալ, սակայն պատեհութիւն չունէիք:
Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa.
11 Կարօտութեան համար չէ որ կ՚ըսեմ. որովհետեւ ես սորվեցայ ինքնաբաւ ըլլալ իմ եղած վիճակիս մէջ:
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me.
12 Թէ՛ գիտեմ նուաստանալ, թէ՛ ալ գիտեմ առատութեան մէջ ըլլալ: Ամէն բանի մէջ՝ ամէն կերպով վարժուած եմ թէ՛ կշտանալ, թէ՛ ալ անօթենալ, թէ՛ առատութեան եւ թէ կարօտութեան մէջ ըլլալ:
Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara.
13 Ամէն բանի կարող եմ անով՝ որ զօրացուց զիս:
Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.
14 Սակայն լաւ ըրիք՝ որ հաղորդակից եղաք տառապանքիս:
Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.
15 Դո՛ւք ալ գիտէք, Փիլիպպեցինե՛ր, թէ աւետարանին քարոզութեան սկիզբը, երբ մեկնեցայ Մակեդոնիայէն, ո՛չ մէկ եկեղեցի հաղորդակից եղաւ ինծի՝ տալու եւ ընդունելու համար, հապա միայն դո՛ւք.
Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefi Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyade.
16 որովհետեւ նոյնիսկ մինչեւ Թեսաղոնիկէ ղրկեցիք ինծի պէտք եղածը՝ մէկ-երկու անգամ:
Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me.
17 Ես կը փնտռեմ ո՛չ թէ նուէր, հապա կը փնտռեմ պտուղ, որ աւելնայ ձեր հաշիւին վրայ:
Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu.
18 Իսկ ես ամէն բան ունիմ, եւ առատօրէն. լիացած եմ՝ ստանալով Եպափրոդիտոսի միջոցով ձեր ղրկածները, որ անուշաբոյր հոտ մըն է, ընդունելի զոհ մը, հաճելի՝ Աստուծոյ:
Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no.
19 Եւ իմ Աստուածս պիտի լեցնէ ձեր բոլոր կարիքները՝ իր ճոխութեան համեմատ, փառքով՝ Քրիստոս Յիսուսի միջոցով:
Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa.
20 Ուրեմն փա՜ռք Աստուծոյ ու մեր Հօր՝ դարէ դար՝՝: Ամէն: (aiōn g165)
Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen. (aiōn g165)
21 Բարեւեցէ՛ք բոլոր սուրբերը Յիսուս Քրիստոսով:
Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo.
22 Կը բարեւեն ձեզ ինծի հետ եղող եղբայրները:
Ahotefo no nyinaa kyia mo; ne titiriw no, Ɔhempɔn Kaesare fifo.
23 Կը բարեւեն ձեզ բոլոր սուրբերը, մա՛նաւանդ անոնք՝ որ Կայսրին տունէն են: Տէր Յիսուս Քրիստոսի շնորհքը ձեր բոլորին հետ: Ամէն:
Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.

< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 4 >