< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 2 >

1 Ուրեմն՝ եթէ մխիթարութիւն կայ Քրիստոսով, եթէ կան սիրոյ սփոփանք, Հոգիի հաղորդութիւն, գութ ու կարեկցութիւն,
Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana?
2 լիացուցէ՛ք իմ ուրախութիւնս՝ ըլլալով համախոհ եւ ունենալով միեւնոյն սէրը, մէ՛կ անձ ու մէ՛կ մտածում:
Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ.
3 Ո՛չ մէկ բան ըրէք հակառակութեամբ կամ սնափառութեամբ. հապա՝ խոնարհութեամբ ուրիշը ձեզմէ գերազա՛նց համարեցէք՝՝:
Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho.
4 Իւրաքանչիւրը թող նկատի չառնէ միայն իր շահը, այլ նաեւ ուրիշներո՛ւնը:
Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.
5 Ունեցէ՛ք այն մտածումը՝ որ Քրիստոս Յիսուսի մէջ էր.
Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.
6 Աստուծոյ կերպարանքը ունենալով՝ ան յափշտակութիւն մը չհամարեց Աստուծոյ հաւասար ըլլալը,
Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
7 հապա ունայնացուց ինքզինք, իր վրայ առաւ ծառայի մը կերպարանքը եւ նմանեցաւ մարդոց. գտնուելով մարդկային կերպարով՝
Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.
8 խոնարհեցուց ինքզինք ու հնազանդ եղաւ մինչեւ մահ, նոյնիսկ՝ խաչին մահը:
Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie de koduu owu mu, asennua ho wu mu mpo.
9 Ուստի Աստուած ալ մեծապէս բարձրացուց զայն եւ շնորհեց անոր անուն մը՝ որ ամէն անունէ գերազանց է,
Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so.
10 որպէսզի Յիսուսի անունին ծնրադրեն բոլորը՝ երկնաւորները, երկրաւորներն ու սանդարամետականները,
Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.
11 եւ ամէն լեզու դաւանի թէ Յիսուս Քրիստոս Տէր է՝ Հայր Աստուծոյ փառքին համար:
Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
12 Հետեւաբար, սիրելինե՛րս, ինչպէս ամէն ատեն հնազանդեցաք, ո՛չ միայն իմ ներկայութեանս մէջ, հապա ա՛լ աւելի հիմա՝ իմ բացակայութեանս ատեն, գործադրեցէ՛ք ձեր փրկութիւնը՝ ահով ու դողով.
Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ,
13 որովհետեւ Աստուած է որ ձեր մէջ կը ներգործէ թէ՛ կամենալը եւ թէ ընելը՝ իր բարեհաճութեան համաձայն:
efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
14 Ըրէ՛ք ամէն ինչ՝ առանց տրտունջներու եւ առարկութիւններու,
Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye,
15 որպէսզի ըլլաք անմեղադրելի ու աննենգ, Աստուծոյ անարատ զաւակներ՝ կամակոր եւ խոտորեալ սերունդի մը մէջ: Դուք կը փայլիք անոնց մէջ՝ որպէս լուսաւորներ աշխարհի մէջ,
sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro
16 ամուր բռնելով կեանքին խօսքը, որպէսզի կարենամ պարծենալ Քրիստոսի օրը՝ թէ ընդունայն չեմ վազած, ո՛չ ալ ընդունայն աշխատած:
wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.
17 Նոյնիսկ եթէ ընծայուիմ ձեր զոհին ու հաւատքի պաշտօնին համար, կ՚ուրախանամ եւ ուրախակից կ՚ըլլամ ձեր բոլորին:
Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no.
18 Նոյնպէս ալ դուք ուրախացէ՛ք եւ ուրախակի՛ց եղէք ինծի:
Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.
19 Տէր Յիսուսով կը յուսամ շուտով ձեզի ղրկել Տիմոթէոսը, որպէսզի իմ սիրտս ալ հանգչի՝ երբ գիտնամ ձեր վիճակը:
Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.
20 Որովհետեւ անոր նման ո՛չ մէկ սրտակից ունիմ, որ անկեղծաբար հոգայ ձեզ.
Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.
21 քանի որ բոլորը կը փնտռեն իրե՛նց շահը, ո՛չ թէ Յիսուս Քրիստոսինը:
Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho.
22 Բայց դուք փորձով գիտէք թէ ան ծառայեց աւետարանին ինծի հետ՝ ինչպէս զաւակ մը հօրը հետ:
Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma.
23 Ուստի կը յուսամ ձեզի ղրկել զինք անյապաղ, երբ տեսնեմ թէ ի՛նչ պիտի ըլլայ վիճակս:
Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn.
24 Սակայն վստահութիւն ունիմ Տէրոջմով՝ թէ ե՛ս ալ շուտով պիտի գամ:
Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
25 Բայց հարկաւոր համարեցի հիմա ձեզի ղրկել Եպափրոդիտոսը, իմ եղբայրս, գործակիցս ու զինակիցս, որ դուք ղրկած էիք իբր կարիքներուս պաշտօնեան:
Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn.
26 Որովհետեւ ինք ալ կարօտցած է բոլորդ, եւ կը վշտանար որ լսեր էիք թէ հիւանդացեր էր:
Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.
27 Արդարեւ ինք հիւանդացաւ ու շատ մօտեցաւ մահուան, բայց Աստուած ողորմեցաւ անոր. ո՛չ միայն անոր՝ հապա ինծի ալ, որպէսզի չունենամ տրտմութիւն տրտմութեան վրայ:
Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow.
28 Ուստի աւելի փութաջանութեամբ ղրկեցի, որպէսզի՝ տեսնելով զայն՝ դարձեալ ուրախանաք ու ես նուազ տրտմիմ:
Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa.
29 Ուրեմն ընդունեցէ՛ք զայն Տէրոջմով՝ բոլորովին ուրախութեամբ, եւ պատուեցէ՛ք այդպիսիները.
Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa,
30 քանի որ մահուան մօտեցաւ Քրիստոսի գործին համար՝ վտանգելով իր անձը, որպէսզի լրացնէ ինչ որ կը պակսէր ձեր կատարելիք պաշտօնին՝ ինծի հանդէպ:
efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

< ՓԻԼԻՊՊԵՑԻՍ 2 >