< ՓԻԼԻՄՈՆ 1 >

1 Պօղոս՝ Յիսուս Քրիստոսի բանտարկեալը, եւ Տիմոթէոս եղբայրը, Փիլիմոնի՝ մեր սիրելիին ու գործակիցին,
Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon
2 Ապփիա սիրելիին, Արքիպպոսի՝ մեր զինակիցին, ու քու տանդ մէջ հաւաքուող եկեղեցիին.
ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no:
3 շնորհք եւ խաղաղութիւն ձեզի Աստուծմէ՝ մեր Հօրմէն, ու Տէր Յիսուս Քրիստոսէ:
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 Շնորհակալ կ՚ըլլամ իմ Աստուծմէս՝ ամէն ատեն յիշելով քեզ իմ աղօթքներուս մէջ,
Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase.
5 երբ կը լսեմ քու սիրոյդ եւ հաւատքիդ մասին՝ որ ունիս Տէր Յիսուսի ու բոլոր սուրբերուն հանդէպ,
Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.
6 որպէսզի քու հաւատքիդ հաղորդակցութիւնը արդիւնաւոր ըլլայ՝ Քրիստոս Յիսուսով ձեր մէջ եղած ամէն բարիքի գիտակցութեամբ:
Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.
7 Քանի որ մեծ ուրախութիւն եւ մխիթարութիւն ունինք քու սիրոյդ համար, որովհետեւ սուրբերուն սիրտը քեզմով հանգստացած է, եղբա՛յր:
Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.
8 Ուստի, թէպէտ Քրիստոսով շատ համարձակութիւն ունիմ հրամայելու քեզի ինչ որ պատշաճ է,
Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,
9 փոխարէնը կ՚աղաչե՛մ՝ սիրոյ համար, ըլլալով այնպիսի մէկը, ինչպէս եմ ես՝ Պօղոս, ծերացած, եւ հիմա՝ նաեւ Յիսուս Քրիստոսի բանտարկեալը:
nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren
10 Կ՚աղաչե՛մ քեզի զաւակիս՝ Ոնեսիմոսի համար, որ ծնայ իմ կապերուս մէջ:
resrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba, bere a na meda afiase no.
11 Ան ժամանակին անպէտ էր քեզի. իսկ հիմա պիտանի է թէ՛ քեզի, թէ՛ ինծի:
Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.
12 Ետ ղրկեցի զայն քեզի. իսկ դուն ընդունէ՛ զինք իբր իմ սիրտս:
Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa me koma no asan aba wo nkyɛn.
13 Կ՚ուզէի իմ քովս պահել զայն, որպէսզի քու կողմէդ սպասարկէ ինծի՝ աւետարանի կապերուն մէջ.
Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me.
14 բայց ուզեցի ոչինչ ընել առանց քու կարծիքիդ, որպէսզի քու բարիքդ չըլլայ որպէս թէ հարկադրաբար, հապա՝ ըլլայ կամովին:
Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti.
15 Թերեւս ան ժամանակ մը զատուեցաւ, որպէսզի յաւիտեան ունենաս զինք. (aiōnios g166)
Ebia na Onesimo fii wo nkyɛn bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye no ato mu bio afebɔɔ. (aiōnios g166)
16 ա՛լ ո՛չ թէ ստրուկի մը պէս, հապա ստրուկէ մը գերիվեր՝ սիրելի եղբօր մը պէս: Ու եթէ սիրելի է մա՛նաւանդ ինծի, ո՜րչափ աւելի պիտի ըլլայ քեզի՝ թէ՛ մարմինի համեմատ, թէ՛ ալ Տէրոջմով:
Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.
17 Ուրեմն եթէ զիս հաղորդակից կը նկատես՝՝ քեզի, ընդունէ՛ զայն՝ որպէս թէ զիս:
Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no.
18 Ու եթէ անիրաւած է քեզ կամ պարտք մը ունի, անցո՛ւր զայն իմ հաշիւիս:
Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu tia me.
19 Ես՝ Պօղոս՝ գրեցի ի՛մ ձեռքովս. ես կը վճարեմ, որ չըսեմ քեզի թէ դո՛ւն ալ՝ դուն քեզ կը պարտիս ինծի:
Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka.
20 Այո՛, եղբա՛յր, քեզմէ այս օգուտը թող ունենամ Տէրոջմով. հանգստացո՛ւր իմ սիրտս Տէրոջմով:
Enti me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu.
21 Վստահելով հնազանդութեանդ՝ գրեցի քեզի, քանի որ գիտեմ թէ ըսածէս ա՛լ աւելի պիտի ընես:
Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.
22 Միաժամանակ ինծի ալ պատրաստէ հիւրանոց մը, որովհետեւ կը յուսամ թէ պիտի շնորհուիմ ձեզի՝ ձեր աղօթքներուն միջոցով:
Afei pɛ ɔdan ma me, efisɛ minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.
23 Կը բարեւէ քեզ Եպափրաս՝ գերութեան ընկերս Քրիստոս Յիսուսով.
Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.
24 նաեւ Մարկոս, Արիստարքոս, Դեմաս, Ղուկաս՝ գործակիցներս:
Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyia wo.
25 Մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի շնորհքը ձեր հոգիին հետ: Ամէն:
Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.

< ՓԻԼԻՄՈՆ 1 >