+ ՄԱՏԹԷՈՍ 1 >

1 Յիսուս Քրիստոսի՝ Դաւիթի որդիին, Աբրահամի որդիին ծնունդի գիրքը:
Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:
2 Աբրահամ ծնաւ Իսահակը. Իսահակ ծնաւ Յակոբը. Յակոբ ծնաւ Յուդան ու անոր եղբայրները.
Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
3 Յուդա ծնաւ Փարէսն ու Զարան՝ Թամարէն. Փարէս ծնաւ Եսրոնը. Եսրոն ծնաւ Արամը.
Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram.
4 Արամ ծնաւ Ամինադաբը. Ամինադաբ ծնաւ Նաասոնը. Նաասոն ծնաւ Սաղմոնը.
Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson; Nahson nso woo Salmon.
5 Սաղմոն ծնաւ Բոոսը՝ Ռախաբէն. Բոոս ծնաւ Ովբէդը՝ Հռութէն. Ովբէդ ծնաւ Յեսսէն.
Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai.
6 Յեսսէ ծնաւ Դաւիթ թագաւորը. Դաւիթ թագաւորը ծնաւ Սողոմոնը՝ Ուրիայի կնոջմէն.
Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
7 Սողոմոն ծնաւ Ռոբովամը.
Salomo woo Rehoboam; Rehoboam woo Abia; Abia woo Asa.
8 Ռոբովամ ծնաւ Աբիան. Աբիա ծնաւ Ասան. Ասա ծնաւ Յովսափատը. Յովսափատ ծնաւ Յովրամը. Յովրամ ծնաւ Ոզիան.
Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia
9 Ոզիա ծնաւ Յովաթամը. Յովաթամ ծնաւ Աքազը, Աքազ ծնաւ Եզեկիան.
Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia.
10 Եզեկիա ծնաւ Մանասէն. Մանասէ ծնաւ Ամոնը.
Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia.
11 Ամոն ծնաւ Յովսիան. Յովսիա ծնաւ Յեքոնիան ու անոր եղբայրները՝ Բաբելոնի տարագրութեան ատենները.
Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.
12 Բաբելոնի տարագրութենէն ետք՝ Յեքոնիա ծնաւ Սաղաթիէլը.
Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.
13 Սաղաթիէլ ծնաւ Զօրաբաբէլը. Զօրաբաբէլ ծնաւ Աբիուդը. Աբիուդ ծնաւ Եղիակիմը.
Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor.
14 Եղիակիմ ծնաւ Ազովրը. Ազովր ծնաւ Սադովկը. Սադովկ ծնաւ Աքինը. Աքին ծնաւ Եղիուդը.
Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud.
15 Եղիուդ ծնաւ Եղիազարը. Եղիազար ծնաւ Մատթանը.
Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob;
16 Մատթան ծնաւ Յակոբը. Յակոբ ծնաւ Յովսէփը՝ ամուսինը Մարիամի, որմէ ծնաւ Յիսուս, որ կոչուեցաւ Քրիստոս:
Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
17 Ուրեմն բոլոր սերունդները Աբրահամէն մինչեւ Դաւիթ՝ տասնչորս սերունդ են, եւ Դաւիթէն մինչեւ Բաբելոնի տարագրութիւնը՝ տասնչորս սերունդ, ու Բաբելոնի տարագրութենէն մինչեւ Քրիստոս՝ տասնչորս սերունդ:
Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.
18 Յիսուս Քրիստոսի ծնունդը եղաւ սա՛ կերպով: Անոր մայրը՝ Մարիամ, Յովսէփի նշանուած, Սուրբ Հոգիէն յղացած գտնուեցաւ՝ դեռ իրարու քով չեկած:
Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron.
19 Յովսէփ՝ անոր ամուսինը, արդար մարդ ըլլալով, ու չուզելով որ խայտառակէ զայն, կը ծրագրէր ծածկաբար արձակել զայն:
Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.
20 Մինչ ան ա՛յդպէս կը մտածէր, ահա՛ Տէրոջ հրեշտակը երեւցաւ անոր՝ երազի մէջ, եւ ըսաւ. «Յովսէ՛փ, Դաւիթի՛ որդի, մի՛ վախնար քովդ առնել կինդ՝ Մարիամը, որովհետեւ անոր մէջ յղացուածը Սուրբ Հոգիէն է:
Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron.
21 Ան պիտի ծնանի որդի մը, եւ անոր անունը Յիսուս պիտի կոչես, քանի որ ա՛ն պիտի փրկէ իր ժողովուրդը իրենց մեղքերէն»:
Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.”
22 Այս ամէնը կատարուեցաւ, որպէսզի իրագործուի մարգարէին միջոցով ըսուած Տէրոջ խօսքը.
Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ:
23 «Ահա՛ կոյսը պիտի յղանայ ու որդի պիտի ծնանի, եւ անոր անունը Էմմանուէլ պիտի կոչեն», որ կը թարգմանուի՝ Աստուած մեզի հետ:
“Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
24 Յովսէփ քունէն արթննալով՝ ըրաւ ինչ որ Տէրոջ հրեշտակը հրամայեց իրեն, եւ քովը առաւ իր կինը:
Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere.
25 Ու չգիտցաւ զայն՝ մինչեւ որ ան ծնաւ իր անդրանիկ որդին. եւ անոր անունը Յիսուս կոչեց:
Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”

+ ՄԱՏԹԷՈՍ 1 >