< ՄԱՏԹԷՈՍ 7 >

1 «Մի՛ դատէք, որպէսզի չդատուիք:
“Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn.
2 Որովհետեւ ի՛նչ դատաստանով որ դատէք՝ անո՛վ պիտի դատուիք, եւ ի՛նչ չափով որ չափէք՝ անո՛վ պիտի չափուի ձեզի:
Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
3 Եւ ինչո՞ւ կը տեսնես եղբօրդ աչքին մէջի շիւղը, ու չես նշմարեր քո՛ւ աչքիդ մէջի գերանը:
“Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?
4 Կամ ի՞նչպէս կրնաս ըսել եղբօրդ. “Թո՛յլ տուր որ հանեմ աչքէդ շիւղը”, երբ ահա՛ գերան կայ քո՛ւ աչքիդ մէջ:
Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa.
5 Կեղծաւո՛ր, նախ հանէ՛ քո՛ւ աչքէդ գերանը, եւ ա՛յն ատեն յստակ պիտի տեսնես՝ հանելու համար շիւղը եղբօրդ աչքէն:
Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.
6 Սուրբ բանը մի՛ տաք շուներուն, ու ձեր մարգարիտները մի՛ նետէք խոզերուն առջեւ, որպէսզի չկոխկռտեն զանոնք իրենց ոտքերուն տակ, եւ դառնալով չբզքտեն ձեզ»:
“Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.
7 «Խնդրեցէ՛ք՝ ու պիտի տրուի ձեզի. փնտռեցէ՛ք՝ ու պիտի գտնէք. դուռը բախեցէ՛ք՝ ու պիտի բացուի ձեզի:
“Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.
8 Որովհետեւ ո՛վ որ խնդրէ՝ կը ստանայ, ո՛վ որ փնտռէ՝ կը գտնէ, եւ ո՛վ որ դուռը բախէ՝ պիտի բացուի անոր:
Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
9 Ձեզմէ ո՞վ է այն մարդը, որմէ եթէ իր որդին հաց ուզէ՝ քար կու տայ անոր.
“Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo?
10 կամ եթէ ձուկ ուզէ՝ միթէ օ՞ձ կու տայ անոր:
Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
11 Ուրեմն եթէ դո՛ւք՝ որ չար էք, գիտէք բարի նուէրներ տալ ձեր զաւակներուն, ո՜րչափ աւելի ձեր Հայրը՝ որ երկինքն է, բարի՛ բաներ պիտի տայ անոնց՝ որ կը խնդրեն իրմէ:
Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?
12 Ուրեմն ամէն ինչ որ կ՚ուզէք՝ որ մարդիկ ընեն ձեզի, դո՛ւք ալ այնպէս ըրէք անոնց, որովհետեւ ասիկա՛ է Օրէնքն ու Մարգարէները»:
Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
13 «Նե՛ղ դռնէն ներս մտէք. որովհետեւ լայն է այն դուռը, եւ ընդարձակ՝ այն ճամբան, որ դէպի կորուստ կը տանի, ու շատ են անոնք՝ որ կը մտնեն անկէ.
“Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu.
14 որովհետեւ նեղ է այն դուռը, եւ անձուկ՝ այն ճամբան, որ դէպի կեանք կը տանի, ու քիչ են անոնք՝ որ կը գտնեն զայն»:
Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
15 «Զգուշաց՛էք սուտ մարգարէներէն, որոնք կու գան ձեզի ոչխարի հանդերձներով, բայց ներսէն՝ յափշտակող գայլեր են:
“Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.
16 Իրենց պտուղէ՛ն պիտի ճանչնաք զանոնք: Միթէ փուշերէն կը քաղե՞ն խաղող, կամ տատասկէն՝ թուզ:
Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so.
17 Այսպէս ամէն բարի ծառ՝ լաւ պտուղ կը բերէ, եւ վատ ծառ՝ չար պտուղ կը բերէ:
Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne.
18 Բարի ծառը չի կրնար չար պտուղ բերել, ո՛չ ալ վատ ծառը՝ լաւ պտուղ բերել:
Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa.
19 Ամէն ծառ որ լաւ պտուղ չի բերեր, կը կտրուի ու կը նետուի կրակը:
Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no.
20 Ուրեմն՝ իրենց պտուղէ՛ն պիտի ճանչնաք զանոնք»:
Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.
21 «Ո՛չ թէ ո՛վ որ ինծի՝ “Տէ՛ր, Տէ՛ր” կ՚ըսէ, պիտի մտնէ երկինքի թագաւորութիւնը, հապա ան՝ որ կը գործադրէ իմ երկնաւոր Հօրս կամքը:
“Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.
22 Շատեր այն օրը պիտի ըսեն ինծի. “Տէ՛ր, Տէ՛ր, միթէ չմարգարէացա՞նք քու անունովդ, դեւեր չհանեցի՞նք քու անունովդ, եւ շատ հրաշքներ չգործեցի՞նք քու անունովդ”:
Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’
23 Այն ատեն պիտի յայտարարեմ անոնց. “Ես բնա՛ւ չէի ճանչնար ձեզ. հեռացէ՛ք քովէս դո՛ւք՝ որ անօրէնութիւն կը գործէիք”»:
Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’
24 «Ուրեմն ո՛վ որ կը լսէ այս խօսքերս եւ կը գործադրէ զանոնք, պիտի նմանցնեմ զայն ուշիմ մարդու մը՝ որ իր տունը կառուցանեց վէմի վրայ:
“Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.
25 Տեղատարափ անձրեւ իջաւ, հեղեղները եկան, հովերը փչեցին ու զարկին այդ տան՝ բայց չփլաւ, որովհետեւ հիմնուած էր վէմի վրայ:
Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so.
26 Իսկ ո՛վ որ կը լսէ այս խօսքերս ու չի գործադրեր, կը նմանի յիմար մարդու մը՝ որ իր տունը կառուցանեց աւազի վրայ:
Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so.
27 Տեղատարափ անձրեւ իջաւ, հեղեղները եկան, հովերը փչեցին եւ զարկին այդ տան, ու փլաւ. եւ անոր անկումը մեծ եղաւ»:
Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”
28 Երբ Յիսուս լմնցուց այս խօսքերը, բազմութիւնը ապշած մնաց անոր ուսուցումին վրայ.
Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn,
29 որովհետեւ իշխանութիւն ունեցողի մը պէս կը սորվեցնէր անոնց, ո՛չ թէ դպիրներուն պէս:
efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.

< ՄԱՏԹԷՈՍ 7 >