< ՄԱՐԿՈՍ 5 >

1 Ծովուն միւս եզերքը եկան՝ Գադարացիներուն երկիրը:
Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so.
2 Երբ ինք նաւէն ելաւ, իսկոյն գերեզմաններէն ելած մարդ մը հանդիպեցաւ իրեն, որ անմաքուր ոգի ունէր:
Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no.
3 Անոր բնակած տեղը գերեզմաններուն մէջ էր, ու շղթայո՛վ ալ ո՛չ մէկը կրնար կապել զայն.
Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio.
4 որովհետեւ յաճախ ոտնակապերով եւ շղթաներով կապուեր էր, բայց շղթաները կոտրտեր ու ոտնակապերը փշրեր էր, եւ ո՛չ մէկը կրնար նուաճել զայն:
Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim.
5 Ամէն ատեն, գիշեր ու ցերեկ, գերեզմաններուն եւ լեռներուն մէջ՝՝ կ՚աղաղակէր, ու իր մարմինը կը ճեղքռտէր քարերով:
Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.
6 Երբ հեռուէն տեսաւ Յիսուսը, վազեց ու երկրպագեց անոր,
Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe.
7 եւ բարձրաձայն աղաղակեց. «Դուն ի՞նչ գործ ունիս ինծի հետ, Յիսո՛ւս, Ամենաբա՛րձր Աստուծոյ Որդի. Աստուծմով կ՚երդմնեցնեմ քեզ, մի՛ տանջեր զիս»:
Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!”
8 (Քանի որ կ՚ըսէր անոր. «Անմաքո՛ւր ոգի, ելի՛ր այդ մարդէն»: )
Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, “Honhommɔne, fi ne mu kɔ!”
9 Հարցուց անոր. «Ի՞նչ է անունդ»: Ան ալ պատասխանեց. «Անունս Լեգէոն է, որովհետեւ բազմաթիւ ենք»:
Yesu bisaa no se, “Wɔfrɛ wo dɛn?” Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso.”
10 Շատ կ՚աղաչէին անոր՝ որ այդ երկրէն դուրս չղրկէ զիրենք:
Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.
11 Հոն, լերան մօտ, խոզերու մեծ երամակ մը կար՝ որ կ՚արածէր:
Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no.
12 Բոլոր դեւերը աղաչեցին անոր եւ ըսին. «Մեզ խոզերո՛ւն ղրկէ, որպէսզի անոնց մէջ մտնենք»:
Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.”
13 Յիսուս իսկոյն արտօնեց անոնց: Երբ անմաքուր ոգիները դուրս ելան ու խոզերուն մէջ մտան, երամակը գահավէժ տեղէն ծովը վազեց (երկու հազարի չափ կային), եւ ծովուն մէջ խեղդուեցան:
Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.
14 Խոզարածները փախան, ու պատմեցին քաղաքին եւ արտերուն մէջ, ու մարդիկ դուրս ելան՝ տեսնելու թէ ի՛նչ էր պատահածը:
Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no.
15 Եկան Յիսուսի քով, տեսան լեգէոն ունեցող դիւահարը, որ նստած էր՝ հագուած եւ սթափած, ու վախցան:
Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn.
16 Անոնք որ տեսեր էին՝ պատմեցին իրենց թէ ի՛նչ պատահեցաւ դիւահարին, նաեւ խոզերուն մասին.
Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo.
17 իրենք ալ սկսան աղաչել անոր, որպէսզի իրենց հողամասէն երթայ:
Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ!
18 Երբ ան նաւ մտաւ, դիւահարը կ՚աղաչէր անոր՝ որ ըլլայ անոր հետ:
Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ.
19 Բայց Յիսուս թոյլ չտուաւ անոր, հապա ըսաւ անոր. «Գնա՛ տունդ՝ քուկիններուդ քով, ու պատմէ՛ անոնց ամէն ինչ որ Տէրը ըրաւ քեզի, եւ ի՛նչպէս ողորմեցաւ քեզի»:
Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.”
20 Ան ալ գնաց, եւ սկսաւ Դեկապոլիսի մէջ հրապարակել ամէն ինչ որ Յիսուս ըրաւ իրեն. ու բոլորը կը զարմանային:
Enti ɔbarima no fi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkurow Du” no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn.
21 Երբ Յիսուս դարձեալ նաւով անցաւ ծովուն միւս եզերքը, մեծ բազմութիւն մը հաւաքուեցաւ անոր քով, եւ ինք ծովեզերքն էր:
Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.
22 Ժողովարանի պետերէն մէկը եկաւ, որուն անունը Յայրոս էր, ու երբ տեսաւ զայն՝ ինկաւ անոր ոտքը,
Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe,
23 շատ աղաչեց անոր եւ ըսաւ. «Աղջիկս մեռնելու մօտ է. եկո՛ւր, դի՛ր ձեռքդ անոր վրայ՝ որպէսզի բուժուի, ու պիտի ապրի»:
srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.”
24 Ան ալ գնաց անոր հետ: Մեծ բազմութիւն մը իրեն կը հետեւէր, եւ կը սեղմէր զինք:
Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.
25 Կին մը՝ որ արիւնահոսութիւն ունէր տասներկու տարիէ ի վեր,
Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho.
26 շատ չարչարանք կրած էր բազմաթիւ բժիշկներէ, եւ իր ամբողջ ունեցածը ծախսած էր բայց բնա՛ւ չէր օգտուած, այլ փոխարէնը վիճակը կը վատթարանար:
Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara.
27 Երբ լսեց Յիսուսի մասին, ետեւէն եկաւ՝ բազմութեան մէջ, ու դպաւ անոր հանդերձին.
Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no.
28 քանի որ կ՚ըսէր. «Եթէ միա՛յն անոր հանդերձներուն դպչիմ՝ պիտի բժշկուիմ»:
Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.”
29 Իսկոյն իր արիւնին աղբիւրը ցամքեցաւ, եւ իր մարմինին մէջ գիտցաւ թէ տանջանքէն բժշկուեցաւ:
Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.
30 Յիսուս իսկոյն գիտցաւ ինքնիր մէջ թէ զօրութիւն մը ելաւ իրմէ դուրս, դարձաւ բազմութեան ու ըսաւ. «Ո՞վ դպաւ իմ հանդերձներուս»:
Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, “Hena na osoo mʼatade mu no?”
31 Իր աշակերտները ըսին իրեն. «Կը տեսնե՛ս թէ բազմութիւնը կը սեղմէ քեզ, եւ կ՚ըսես. “Ո՞վ դպաւ ինծի”»:
Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’”
32 Իր շուրջը կը նայէր՝ որպէսզի տեսնէ այս բանը ընողը:
Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no.
33 Կինը վախցաւ ու դողաց, որովհետեւ գիտէր թէ ի՛նչ պատահեցաւ իրեն. եկաւ, ինկաւ անոր առջեւ, եւ պատմեց անոր ամբողջ ճշմարտութիւնը:
Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no.
34 Յիսուս ըսաւ անոր. «Աղջի՛կ, հաւատքդ բժշկեց քեզ. գնա՛ խաղաղութեամբ, ու բժշկուա՛ծ եղիր քու տանջանքէդ»:
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”
35 Երբ ինք դեռ կը խօսէր, ժողովարանի պետին տունէն ոմանք եկան եւ ըսին. «Աղջիկդ մեռաւ, ա՛լ ինչո՞ւ կ՚անհանգստացնես վարդապետը»:
Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?”
36 Իսկ Յիսուս, երբ լսեց ըսուած խօսքը, իսկոյն ըսաւ ժողովարանի պետին. «Մի՛ վախնար, միա՛յն հաւատա»:
Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, “Nsuro, gye di ara.”
37 Ու ո՛չ մէկուն թոյլ տուաւ որ իրեն ուղեկցի, բայց միայն Պետրոսի, Յակոբոսի եւ Յակոբոսի եղբօր՝ Յովհաննէսի:
Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane.
38 Ժողովարանի պետին տունը հասնելով՝ նշմարեց աղմուկը, նաեւ անոնք՝ որ շատ կու լային ու կը հեծեծէին:
Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo.
39 Ներս մտնելով՝ ըսաւ անոնց. «Ինչո՞ւ իրար անցած էք եւ կու լաք. մանուկը մեռած չէ, հապա կը քնանայ»:
Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!”
40 Անոնք ալ զինք ծաղրեցին. բայց ինք բոլորը դուրս հանելով՝ իրեն հետ առաւ մանուկին հայրն ու մայրը, եւ իրեն հետ եղողները, ու մտաւ հոն՝ ուր մանուկը պառկած էր:
Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ.
41 Մանուկին ձեռքէն բռնելով՝ ըսաւ անոր. «Տալիթա՛, կումի՛», որ կը թարգմանուի. «Աղջի՛կ, (քեզի՛ կ՚ըսեմ, ) ոտքի՛ ելիր»:
Osoo abofra no nsa kae sɛ, “Talita, Kuum!” a ase ne sɛ “Abaawa, mise wo sɛ sɔre!”
42 Իսկոյն աղջիկը կանգնեցաւ եւ քալեց, որովհետեւ տասներկու տարեկան էր. ու տեսնողները հիացումէն զմայլեցան:
Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye.
43 Յիսուս սաստիկ պատուիրեց անոնց՝ որ ո՛չ մէկը գիտնայ այս բանը, եւ ըսաւ՝ որ ուտելիք տան անոր:
Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.

< ՄԱՐԿՈՍ 5 >