< ՅՈՎՀԱՆՆՈԻ 20 >

1 Մէկշաբթի օրը՝ Մարիամ Մագդաղենացին, առտուն՝ դեռ չլուսցած՝ կ՚երթայ գերեզման, եւ կը տեսնէ թէ քարը վերցուած է գերեզմանին դռնէն:
Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano.
2 Ուստի կը վազէ՝ կու գայ Սիմոն Պետրոսի, ու միւս աշակերտին՝ որ Յիսուս կը սիրէր, եւ կ՚ըսէ անոնց. «Վերցուցած են Տէրը գերեզմանէն, ու չենք գիտեր ո՛ւր դրած են զայն»:
Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!”
3 Ուրեմն Պետրոս եւ միւս աշակերտը մեկնեցան, ու կ՚երթային դէպի գերեզմանը:
Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so.
4 Երկուքն ալ կը վազէին միասին. սակայն միւս աշակերտը՝ Պետրոսէն աւելի արագ վազելով՝ անկէ առաջ հասաւ գերեզմանը,
Nanso, saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho kɔduruu hɔ kane.
5 ծռելով նայեցաւ, եւ տեսաւ թէ լաթերը դրուած էին հոն. բայց ներս չմտաւ:
Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ.
6 Սիմոն Պետրոս ալ՝ որ կը հետեւէր անոր՝ հասաւ, մտաւ գերեզմանը, ու տեսաւ լաթերը՝ որոնք դրուած էին հոն.
Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ,
7 իսկ վարշամակը՝ որ անոր գլուխն էր՝ միւս լաթերուն հետ դրուած չէր, հապա ծալուած՝ զա՛տ տեղ մըն էր:
a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi.
8 Այն ատեն միւս աշակերտն ալ՝ որ աւելի առաջ եկած էր գերեզմանը՝ ներս մտաւ, տեսաւ եւ հաւատաց:
Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ.
9 Որովհետեւ դեռ չէին գիտեր գրուածը, թէ պէտք է որ ան յարութիւն առնէ մեռելներէն:
Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase.
10 Ուստի աշակերտները վերադարձան իրենց տունը:
Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie.
11 Բայց Մարիամ կայնած էր գերեզմանին դուրսը, եւ կու լար: Մինչ կու լար, ծռեցաւ դէպի գերեզմանը՝ նայելու,
Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu,
12 ու տեսաւ երկու հրեշտակներ՝ ճերմակ հանդերձներով, որ նստած էին հո՛ն՝ ուր Յիսուսի մարմինը դրուած էր, մէկը գլուխին կողմը, եւ միւսը՝ ոտքին:
na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ wɔ faako a na Yesu amu no da no.
13 Անոնք ըսին իրեն. «Կի՛ն, ինչո՞ւ կու լաս»: Ըսաւ անոնց. «Որովհետեւ վերցուցած են իմ Տէրս գերեզմանէն, ու չեմ գիտեր ո՛ւր դրած են զայն»:
Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?” Maria de awerɛhoɔ buaa sɛ, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto.”
14 Երբ ըսաւ ասիկա՝ ետեւ դարձաւ, եւ տեսաւ Յիսուսը՝ որ կայնած էր, ու չէր գիտեր թէ Յիսուսն է:
Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno.
15 Յիսուս ըսաւ անոր. «Կի՛ն, ինչո՞ւ կու լաս, ո՞վ կը փնտռես»: Ինք՝ կարծելով թէ ան պարտիզպանն է, ըսաւ անոր. «Տէ՛ր, եթէ դո՛ւն տեղափոխեցիր զայն, ըսէ՛ ինծի՝ ո՞ւր դրիր զայն, որպէսզի վերցնեմ զայն»:
Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?” Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”
16 Յիսուս ըսաւ անոր. «Մարիա՛մ»: Ան ալ դարձաւ եւ ըսաւ անոր (եբրայերէն). «Ռաբբունի՛», որ ըսել է՝ Վարդապետ:
Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”).
17 Յիսուս ըսաւ անոր. «Մի՛ դպչիր ինծի, որովհետեւ դեռ բարձրացած չեմ Հօրս քով. հապա գնա՛ եղբայրներուս եւ ըսէ՛ անոնց. “Ես կը բարձրանամ իմ Հօրս քով ու ձեր Հօր քով, իմ Աստուծոյս քով եւ ձեր Աստուծոյն քով”»:
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.”
18 Մարիամ Մագդաղենացին գնաց, ու պատմեց աշակերտներուն թէ ինք տեսաւ Տէրը, եւ թէ ա՛ն ըսաւ իրեն այս բաները:
Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
19 Նոյն օրը, Մէկշաբթի իրիկուն, աշակերտներուն հաւաքուած տեղին դռները գոց էին՝ քանի որ կը վախնային Հրեաներէն: Յիսուս եկաւ, կայնեցաւ անոնց մէջտեղ եւ ըսաւ անոնց. «Խաղաղութի՜ւն ձեզի»:
Saa ɛda no ara anwummerɛ a na ɛsiane Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, asuafoɔ no ato wɔn ho ɛpono mu no, Yesu baa ɛdan no mu hɔ kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.”
20 Ասիկա ըսելով՝ ցուցուց անոնց իր ձեռքերն ու կողը. աշակերտներն ալ ուրախացան՝ երբ տեսան Տէրը:
Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie.
21 Յիսուս դարձեալ ըսաւ անոնց. «Խաղաղութի՜ւն ձեզի. ինչպէս Հայրը ղրկեց զիս, ես ալ կը ղրկեմ ձեզ»:
Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”
22 Ասիկա ըսելով՝ փչեց անոնց վրայ եւ ըսաւ անոնց. «Ընդունեցէ՛ք Սուրբ Հոգին:
Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so.
23 Որո՛նց մեղքերը որ ներէք՝ ներուած ըլլան անոնց, եւ որո՛նց մեղքերը որ պահէք՝ պահուած ըլլան»:
Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
24 Բայց տասներկուքէն մէկը, Երկուորեակ կոչուած Թովմաս, անոնց հետ չէր՝ երբ Յիսուս եկաւ:
Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi.
25 Ուրեմն միւս աշակերտները ըսին անոր. «Տէ՛րը տեսանք»: Ան ալ ըսաւ անոնց. «Պիտի չհաւատամ, եթէ չտեսնեմ գամերուն տիպը՝ իր ձեռքերուն վրայ, ու չմխեմ մատս գամերուն տիպին մէջ, եւ չմխեմ ձեռքս անոր կողին մէջ»:
Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔahunu Awurade no!” Wannye anni kaa sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”
26 Ութ օր ետք՝ դարձեալ աշակերտները ներսն էին, Թովմաս ալ՝ անոնց հետ: Յիսուս եկաւ՝ թէպէտ դռները գոց էին, կայնեցաւ անոնց մէջտեղ եւ ըսաւ. «Խաղաղութի՜ւն ձեզի»:
Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!”
27 Յետոյ ըսաւ Թովմասի. «Հո՛ս բեր մատդ ու տե՛ս ձեռքերս, բե՛ր ձեռքդ եւ մխէ՛ կողիս մէջ, ու մի՛ ըլլար անհաւատ, հապա՝ հաւատացեալ»:
Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!”
28 Թովմաս պատասխանեց անոր. «Իմ Տէ՜րս եւ Աստուա՜ծս»:
Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!”
29 Յիսուս ըսաւ անոր. «Դուն հաւատացիր՝ որովհետեւ տեսար զիս. երանի՜ անոնց որ կը հաւատան՝ առանց տեսնելու»:
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di.”
30 Յիսուս ըրաւ ուրիշ բազմաթիւ նշաններ ալ իր աշակերտներուն առջեւ, որոնք գրուած չեն այս գիրքին մէջ:
Yesu yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree kyerɛɛ nʼasuafoɔ no a wɔantwerɛ wɔ saa nwoma yi mu.
31 Բայց ասոնք գրուեցան, որպէսզի հաւատաք թէ Յիսուս՝ Քրիստոսն է, Աստուծոյ Որդին, եւ հաւատալով կեանք ունենաք՝ անոր անունով:
Nanso, biribiara a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no, wɔatwerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mogye no di a, mobɛnya nkwa.

< ՅՈՎՀԱՆՆՈԻ 20 >