< ԵԲՐԱՅԵՑԻՍ 3 >

1 Ուստի, սո՛ւրբ եղբայրներ, երկնային կոչումին բաժնեկիցնե՛ր, ուշադի՛ր եղէք մեր դաւանութեան Առաքեալին ու Քահանայապետին՝ Քրիստոս Յիսուսի,
Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho.
2 որ հաւատարիմ էր զինք նշանակողին, ինչպէս Մովսէս ալ՝ անոր ամբողջ տան մէջ:
Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no.
3 Որովհետեւ ինք արժանացաւ Մովսէսէն ա՛յնքան աւելի փառքի, որքան աւելի պատիւ կ՚ունենայ տուն կառուցանողը՝ քան տունը:
Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no.
4 Քանի որ ամէն տուն ունի կառուցանող մը. բայց ա՛ն որ կառուցանեց բոլոր բաները՝ Աստուա՛ծ է:
Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
5 Արդարեւ Մովսէս անոր ամբողջ տան մէջ հաւատարիմ էր իբր ծառայ՝ ըսուելիքներուն վկայ ըլլալու համար.
Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
6 բայց Քրիստոս՝ իբր որդի կը տիրէ իր իսկ տան վրայ: Մե՛նք ենք անոր տունը, եթէ գէթ մինչեւ վախճանը ամուր բռնենք համարձակութիւնը եւ յոյսին պարծանքը:
Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.
7 Ուստի, ինչպէս Սուրբ Հոգին կ՚ըսէ. «Այսօր, եթէ պիտի լսէք անոր ձայնը,
Enti Honhom Kronkron no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
8 մի՛ խստացնէք ձեր սիրտերը՝ ինչպէս դառնութեան ատեն, փորձութեան օրը՝ անապատին մէջ,
monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.
9 ուր ձեր հայրերը փորձեցին ու քննեցին զիս, թէպէտ քառասուն տարի տեսան իմ գործերս:
Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe, nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.
10 Ուստի զզուեցայ այդ սերունդէն եւ ըսի. “Անոնք միշտ մոլորած են իրենց սիրտով, ու չգիտցան իմ ճամբաներս”:
Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.’
11 Հետեւաբար երդում ըրի իմ բարկութեանս մէջ. “Անոնք պիտի չմտնեն իմ հանգստավայրս”»:
Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, ‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’”
12 Զգուշացէ՛ք, եղբայրնե՛ր, որպէսզի ձեզմէ ո՛չ մէկուն ներսը անհաւատութեան չար սիրտ մը ըլլայ՝ հեռանալով ապրող Աստուծմէն:
Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.
13 Հապա ամէն օր յորդորեցէ՛ք զիրար, քանի «այսօր» կ՚ըսուի, որպէսզի ձեզմէ ո՛չ մէկը խստանայ մեղքին խաբէութեամբ:
Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no.
14 Արդարեւ մենք բաժնեկից եղած ենք Քրիստոսի, եթէ գէթ մինչեւ վախճանը հաստատ բռնենք մեր սկիզբի վստահութիւնը,
Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu.
15 մինչ կ՚ըսուի. «Այսօր, եթէ պիտի լսէք անոր ձայնը, մի՛ խստացնէք ձեր սիրտերը՝ ինչպէս դառնութեան ատեն»:
Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
16 Քանի որ ոմանք՝ լսելէ ետք՝ դառնացուցին. սակայն ոչ՝՝ բոլորը՝ որ Եգիպտոսէն ելած էին Մովսէսի միջոցով:
Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa.
17 Իսկ որոնցմէ՞ զզուեցաւ քառասուն տարի. մեղանչողներէն չէ՞ր, որոնց դիակները ինկան անապատին մէջ:
Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no.
18 Եւ որո՞նց երդում ըրաւ՝ թէ պիտի չմտնեն իր հանգստավայրը, եթէ ոչ՝ անհնազանդներուն:
Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.
19 Ու կը տեսնենք թէ չկրցան մտնել՝ իրենց անհաւատութեան պատճառով:
Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.

< ԵԲՐԱՅԵՑԻՍ 3 >