< ԳԱՂԱՏԱՑԻՍ 4 >

1 Բայց այնքան ատեն որ ժառանգորդը մանուկ է, կ՚ըսեմ թէ ոչինչով կը տարբերի ստրուկէ մը, թէպէտ բոլորին տէրն է.
Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam.
2 հապա խնամակալներու եւ հոգատարներու հեղինակութեան տակ է՝ մինչեւ հօրը ճշդած պայմանաժամը:
Esiane sɛ ɔnnyiniiɛ no enti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kɔsi ɛberɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no.
3 Նոյնպէս ալ մենք, երբ մանուկ էինք, աշխարհի սկզբունքներուն տակ ստրուկ էինք:
Saa ara na na yɛn nso yɛteɛ. Na yɛte sɛ mmɔfra a ewiase ahonhom dii yɛn so.
4 Բայց երբ ժամանակը լրումին հասաւ, Աստուած ղրկեց իր Որդին՝ որ կնոջմէ ծնաւ եւ Օրէնքին տակ մտաւ,
Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase
5 որպէսզի փրկանքով գնէ Օրէնքին տակ եղողները. որպէսզի մենք որդեգրութի՛ւնը ստանանք:
sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.
6 Եւ քանի որ դուք որդիներ էք, Աստուած ձեր սիրտերուն մէջ ղրկեց իր Որդիին Հոգին, որ կ՚աղաղակէ. «Աբբա՛, Հա՛յր»:
Esiane sɛ moyɛ mma enti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn akoma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.”
7 Հետեւաբար ա՛լ ստրուկ չես, հապա՝ որդի. ու եթէ որդի, ուրեմն՝ Աստուծոյ ժառանգորդը Քրիստոսի միջոցով:
Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba enti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
8 Ուրեմն այն ատեն երբ չէիք ճանչնար Աստուած, կը ծառայէիք անոնց՝ որ բնութեամբ աստուածներ չէին:
Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame.
9 Սակայն հիմա որ ճանչցաք Աստուած, կամ մա՛նաւանդ՝ ճանչցուեցաք Աստուծմէ, ի՞նչպէս կը վերադառնաք այն տկար եւ աղքատ սկզբունքներուն, որոնց դարձեալ կ՚ուզէք ստրուկ ըլլալ:
Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahunu mo yi, adɛn enti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio?
10 Կը պահէք օրերը, ամիսները, ժամանակներն ու տարիները.
Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi.
11 կը վախնամ ձեզի համար, որ գուցէ զուր տեղը աշխատած ըլլամ ձեր վրայ:
Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.
12 Եղբայրնե՛ր, կ՚աղերսե՛մ ձեզի, ինծի՛ պէս եղէք, որովհետեւ ես ալ ձեզի պէս եղայ. դուք բնա՛ւ վնասած չէք ինծի:
Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara.
13 Դուք գիտէք թէ ի՛նչպէս՝ մարմինիս տկարութեամբ՝ աւետարանեցի ձեզի առաջին անգամ.
Sɛdeɛ monim no, ɛberɛ a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede yadeɛ na ɛbaeɛ.
14 բայց մարմինիս վրայ կրած փորձութիւնս չանարգեցիք, ո՛չ ալ պժգացիք. հապա Աստուծոյ հրեշտակի մը պէս ընդունեցիք զիս, Քրիստոս Յիսուսի պէս:
Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu.
15 Ուստի ո՞ւր է՝՝ ձեր այդ ատենուան երանութիւնը. քանի որ ես կը վկայեմ ձեզի թէ եթէ կարելի ըլլար՝ ձեր աչքե՛րը պիտի խլէիք եւ զանոնք ինծի տայիք:
Anigyeɛ a mowɔ no nyinaa afa he? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me.
16 Միթէ ձեր թշնամի՞ն եղայ՝ ձեզի ճշմարտութիւնը խօսելով:
Nokorɛ a meka kyerɛ mo enti na afei mabɛyɛ mo ɔtamfoɔ yi?
17 Անոնք նախանձախնդիր են ձեզի հանդէպ, բայց ո՛չ բարի նպատակով. նոյնիսկ կ՚ուզեն մեզ վտարել, որպէսզի նախանձախնդիր ըլլաք իրե՛նց հանդէպ:
Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no.
18 Սակայն լաւ է նախանձախնդիր ըլլալ բարիին հանդէպ՝ ամէ՛ն ատեն, եւ ո՛չ թէ միայն երբ ձեր մէջ ներկայ եմ:
Ɛyɛ sɛ mobɛyɛ nsi ɛberɛ biara, ɛberɛ a mewɔ mo nkyɛn ne ɛberɛ a menni mo nkyɛn mpo.
19 Որդեակնե՛րս, ձեզի համար դարձեալ երկունքի ցաւ կը քաշեմ, մինչեւ որ Քրիստոս ձեր մէջ կերպաւորուի:
Me mma pa, mo a mo enti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no,
20 Կ՚ուզէի հիմա ձեր մէջ ներկայ ըլլալ ու շեշտս փոխել, որովհետեւ ձեր մասին վարանումի մէջ եմ:
mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
21 Ըսէ՛ք ինծի, դուք որ կ՚ուզէք Օրէնքին տակ ըլլալ, Օրէնքը չէ՞ք լսեր.
Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no, monnim deɛ Mmara no ka no anaa?
22 որովհետեւ գրուած է թէ Աբրահամ երկու որդի ունէր, մէկը՝ աղախինէն, միւսը՝ ազատ կնոջմէն:
Wɔatwerɛ sɛ, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako.
23 Բայց ա՛ն որ աղախինէն էր՝ մարմինին համեմատ ծնած էր, իսկ ա՛ն որ ազատ կնոջմէն էր՝ խոստումով:
Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, Onyankopɔn bɔhyɛ enti na ɔwoo ne ba no.
24 Ասոնց մեկնութիւնը այլաբանօրէն կ՚ըլլայ, քանի որ ասոնք երկու Ուխտերն են. մէկը՝ Սինա լեռնէն, որ Հագա՛րն է, ստրկութեա՛ն համար կը ծնանի.
Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Apam baako firi bepɔ Sinai so, na ɛgyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar.
25 որովհետեւ Հագար՝ Սինա լեռն է, Արաբիայի մէջ, ու կը համապատասխանէ այժմու Երուսաղէմին, եւ ստրկութեան մէջ է իր զաւակներուն հետ:
Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu.
26 Բայց վերին Երուսաղէմը, որ մեր բոլորին մայրն է, ազատ է:
Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame.
27 Արդարեւ գրուած է. «Ուրախացի՛ր, չծնանող ամո՛ւլ. պոռթկա՛ ցնծութեամբ եւ գոչէ՛, երկունքի ցաւ չքաշո՛ղ. որովհետեւ լքեալին զաւակները շա՛տ աւելի են՝ քան ամուսին ունեցողին զաւակները»:
Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da, ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu.”
28 Ուրեմն մենք, եղբայրնե՛ր, Իսահակի պէս խոստումի զաւակներ ենք:
Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no.
29 Բայց ինչպէս այն ատեն մարմինին համեմատ ծնածը կը հալածէր ան՝ որ Հոգիին համեմատ ծնած էր, նոյնպէս ալ հիմա:
Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa.
30 Սակայն ի՞նչ կ՚ըսէ Գիրքը. «Վտարէ՛ այդ աղախինը եւ անոր որդին, քանի որ աղախինին որդին ժառանգորդ պիտի չըլլայ ազատ կնոջ որդիին հետ»:
Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.”
31 Ուրեմն, եղբայրնե՛ր, մենք աղախինին զաւակները չենք, հապա՝ ազատ կնոջ:
Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.

< ԳԱՂԱՏԱՑԻՍ 4 >