< ԳԱՂԱՏԱՑԻՍ 2 >

1 Յետոյ, տասնչորս տարի ետք, դարձեալ բարձրացայ Երուսաղէմ՝ Բառնաբասի հետ, Տիտոսն ալ միասին առնելով:
Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho.
2 Բարձրացած էի յայտնութեամբ, եւ անոնց ներկայացուցի այն աւետարանը՝ որ հեթանոսներուն մէջ կը քարոզեմ. բայց առանձին անոնց՝ որ երեւելիներ էին, որպէսզի ընդունայն չվազեմ կամ վազած չըլլամ:
Mekɔeɛ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kɔkoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dada ne deɛ megu so reyɛ no yɛ ɔkwa.
3 Բայց ո՛չ իսկ ինծի հետ եղող Տիտոսը, որ Յոյն էր, հարկադրուեցաւ թլփատուիլ՝
Ɛwom sɛ me ɔboafoɔ Tito yɛ Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia.
4 գաղտնի ներս բերուած սուտ եղբայրներուն պատճառով, որոնք ներս սպրդած էին՝ լրտեսելու համար Քրիստոս Յիսուսով մեր ունեցած ազատութիւնը, որպէսզի ստրուկ ընեն մեզ.
Asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa.
5 անոնց տեղի չտուինք՝ նոյնիսկ քիչ մը ատեն՝՝ ենթարկուելով, որպէսզի աւետարանին ճշմարտութիւնը ձեր մէջ մնայ:
Yɛamma wɔn mu kwan koraa, sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu.
6 Իսկ անոնք որ կը կարծուէին բա՛ն մը ըլլալ - ինչ որ էին՝ ատիկա ինծի հարց չէ, քանի որ Աստուած մարդոց աչառութիւն չ՚ըներ -, այնպէս կարծուածները աւելի ոչինչ հաղորդեցին ինծի.
Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka sɛ, menhunu wɔn ntam nsonsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho.
7 հապա՝ ընդհակառակը, երբ տեսան թէ անթլփատներուն աւետարանը ինծի վստահուած է, ինչպէս Պետրոսի ալ՝ թլփատուածներունը,
Na mmom, wɔhunuu sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara pɛ.
8 (որովհետեւ ա՛ն որ ներգործեց Պետրոսի մէջ՝ թլփատուածներուն առաքելութեան համար, նոյնպէս ներգործեց իմ մէջս՝ հեթանոսներուն հանդէպ, )
Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro yɛ Yudafoɔ mu adwuma no pɛ.
9 ու երբ Յակոբոս, Կեփաս եւ Յովհաննէս, որոնք սիւներ կարծուած էին, գիտակցեցան ինծի տրուած շնորհքին, իրենց աջ ձեռքը տուին ինծի ու Բառնաբասի՝ իբր նշան հաղորդակցութեան, որպէսզի մենք քարոզենք հեթանոսներուն, իսկ իրենք՝ թլփատուածներուն:
Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu.
10 Միայն թէ կ՚ուզէին որ աղքատները յիշենք, ինչ որ ես ալ փութացի ընել:
Wɔbisaa sɛ yɛnkae ahiafoɔ wɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ sɛ meyɛ no.
11 Սակայն երբ Պետրոս եկաւ Անտիոք՝ ես դիմադարձեցի անոր, որովհետեւ պարսաւելի էր:
Ɛberɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu wɔ badwa mu, ɛfiri sɛ, na ɔreyɛ mfomsoɔ.
12 Արդարեւ Յակոբոսի քովէն ոմանց գալէն առաջ՝ ինք հեթանոսներուն հետ անխտրաբար կ՚ուտէր. բայց երբ եկան՝ ընկրկեցաւ եւ ինքզինք զատեց, թլփատուածներէն վախնալով:
Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri sɛ, na ɔsuro wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ twetia no.
13 Միւս Հրեաներն ալ նոյնպէս անոր հետ կեղծեցին, ա՛յնքան՝ որ Բառնաբաս ալ անոնց կեղծիքէն տպաւորուեցաւ:
Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ sɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho.
14 Բայց երբ տեսայ թէ ուղիղ չեն ընթանար՝ աւետարանին ճշմարտութեան համաձայն, բոլորին առջեւ Պետրոսի ըսի. «Եթէ դուն՝ որ Հրեայ ես՝ հեթանոսներու պէս կ՚ապրիս, եւ ո՛չ թէ Հրեաներու պէս, ինչո՞ւ կը հարկադրես հեթանոսները՝ որ Հրեաներու պէս ապրին»:
Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ sɛ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so?
15 Մենք՝ որ բնիկ Հրեաներ ենք, եւ ո՛չ թէ հեթանոս մեղաւորներ,
“Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no.
16 գիտնալով թէ մարդ Օրէնքին գործերով չէ որ կ՚արդարանայ, հապա Յիսուս Քրիստոսի հաւատքով, մե՛նք ալ հաւատացինք Քրիստոս Յիսուսի՝ որպէսզի արդարանանք Քրիստոսի՛ հաւատքով, ո՛չ թէ Օրէնքին գործերով. որովհետեւ Օրէնքին գործերով ո՛չ մէկը պիտի արդարանայ:
Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.
17 Իսկ եթէ մենք ալ՝ Քրիստոսով արդարանալու մեր ջանքին մէջ՝ մեղաւոր գտնուինք, ուրեմն Քրիստոս մեղքի սպասարկո՞ւ կ՚ըլլայ: Ամե՛նեւին:
“Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.
18 Քանի որ եթէ իմ քակած բաներս դարձեալ կառուցանեմ, ես զիս օրինազանց կը դարձնեմ:
Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.
19 Որովհետեւ ես՝ Օրէնքին միջոցով՝ մեռայ Օրէնքին, որպէսզի ապրիմ Աստուծոյ համար:
“Ɛfiri sɛ, mpɛn dodoɔ a mepɛɛ sɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu,
20 Քրիստոսի հետ խաչուեցայ. սակայն կ՚ապրի՛մ, բայց ա՛լ ո՛չ թէ ես՝ հապա Քրիստո՛ս կ՚ապրի իմ մէջս: Իսկ այն կեանքը որ հիմա մարմինովս կ՚ապրիմ՝ Աստուծոյ Որդիին հաւատքով կ՚ապրիմ, որ սիրեց զիս եւ ինքզինք ընծայեց ինծի համար:
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.
21 Ես Աստուծոյ շնորհքը չեմ ջնջեր. որովհետեւ եթէ արդարութիւնը Օրէնքէն է, ուրեմն Քրիստոս ընդունայն մեռաւ:
Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no yɛ ɔkwa.”

< ԳԱՂԱՏԱՑԻՍ 2 >