< ԵՓԵՍԱՑԻՍ 1 >

1 Պօղոս, Աստուծոյ կամքով Յիսուս Քրիստոսի առաքեալ, Եփեսոսի մէջ եղած սուրբերուն ու Քրիստոս Յիսուսով հաւատարիմներուն.
Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:
2 շնորհք եւ խաղաղութիւն ձեզի Աստուծմէ՝ մեր Հօրմէն, ու Տէր Յիսուս Քրիստոսէ:
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.
3 Օրհնեա՜լ ըլլայ Աստուած եւ մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի Հայրը, որ Քրիստոսով օրհնեց մեզ ամէն տեսակ հոգեւոր օրհնութիւններով՝ երկնային վայրերու մէջ,
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.
4 ինչպէս անով ընտրեց մեզ աշխարհի հիմնադրութենէն առաջ, որպէսզի մենք իր առջեւ սուրբ եւ անարատ ըլլանք սիրոյ մէջ:
Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu
5 Նախասահմանեց մեզ իր որդեգրութեան՝ Յիսուս Քրիստոսի միջոցով, իր կամքին բարեհաճութեան համաձայն,
hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,
6 որպէսզի գովաբանենք իր շնորհքին փառքը. անո՛վ ընդունելի դարձուց մեզ՝ Սիրելիին միջոցով:
de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔba no mu no.
7 Իրմով մենք ունինք ազատագրութիւն՝ իր արիւնին միջոցով, ու մեղքերու ներում՝ իր շնորհքին ճոխութեան համեմատ.
Ne mu na yenya ogye a efi ne mogya mu. Ne mu na yenya bɔnefakyɛ nso, sɛnea Onyankopɔn adom mmoroso a
8 անո՛վ ճոխացուց մեզ՝ ամբողջ իմաստութեամբ եւ ուշիմութեամբ:
ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te.
9 Գիտցուց մեզի իր կամքին խորհուրդը՝ իր բարեհաճութեան համաձայն, որ իր մէջ՝՝ առաջադրած էր.
Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ
10 որպէսզի ժամանակներու լրումին տնտեսութեան մէջ՝ Քրիստոսով համախմբէ ամէն բան, անոր մէջ միացնէ թէ՛ երկինքի մէջ եղողները, թէ՛ երկրի վրայ եղողները:
bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
11 Անով ստացանք նաեւ ժառանգութիւն մը, նախասահմանուած ըլլալով համաձայն առաջադրութեան անո՛ր՝ որ կը ներգործէ ամէն բան իր կամքին ծրագիրին համաձայն,
Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase,
12 որպէսզի մենք՝ նախապէս Քրիստոսի ապաւինողներս՝ գովութիւն ըլլանք իր փառքին:
sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam.
13 Դո՛ւք ալ ապաւինեցաք անոր՝ երբ լսեցիք ճշմարտութեան խօսքը, ձեր փրկութեան աւետարանը, եւ հաւատալէ ետք անոր՝ կնքուեցաք խոստացեալ Սուրբ Հոգիով,
Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu.
14 որ մեր ժառանգութեան գրաւականն է մինչեւ ստացուածքին ազատագրութիւնը՝ իր փառքին գովութեան համար:
Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.
15 Ուստի ես ալ, լսելէ ետք Տէր Յիսուսի վրայ ձեր ունեցած հաւատքին ու բոլոր սուրբերուն հանդէպ ձեր ունեցած սիրոյն մասին,
Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no,
16 չեմ դադրիր շնորհակալ ըլլալէ ձեզի համար՝ յիշելով ձեզ իմ աղօթքներուս մէջ.
minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu,
17 որպէսզի մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի Աստուածը, փառքի Հայրը, տայ ձեզի իմաստութեան եւ յայտնութեան հոգին՝ իր գիտակցութեամբ:
na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no.
18 Որպէսզի ձեր միտքին աչքերը լուսաւորուելով՝ գիտնաք թէ ի՛նչ է անոր կոչումին յոյսը, ի՛նչ է անոր ժառանգութեան փառքին ճոխութիւնը՝ սուրբերուն մէջ,
Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefo no,
19 եւ ի՛նչ է իր զօրութեան գերազանց մեծութիւնը հաւատացեալներուս մէջ՝ գործադրութեան համեմատ իր ուժեղ զօրութեան,
ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi
20 որ ներգործեց Քրիստոսի մէջ՝ երբ մեռելներէն յարուցանեց զայն ու բազմեցուց իր աջ կողմը՝ երկինքի մէջ,
bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no.
21 ամէն պետութենէ, իշխանութենէ, զօրութենէ եւ տէրութենէ շատ աւելի վեր, ու ամէն անունէ վեր՝ որ կ՚անուանուի, ո՛չ միայն այս աշխարհին մէջ, հապա նաեւ գալիքին մէջ: (aiōn g165)
Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. (aiōn g165)
22 Դրաւ ամէն բան անոր ոտքերուն տակ, ու տուաւ զայն՝ իբր գլուխ ամէն բանի վրայ՝ եկեղեցիին,
Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,
23 որ անոր մարմինն է, լրումը անոր՝ որ կը լեցնէ ամէն ինչ՝ բոլորին մէջ:
a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.

< ԵՓԵՍԱՑԻՍ 1 >