< ԵՐԿՐՈՐԴ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 1 >

1 Պօղոս, Սիղուանոս ու Տիմոթէոս, Թեսաղոնիկեցիներու եկեղեցիին՝ մեր Հայր Աստուծմով ու Տէր Յիսուս Քրիստոսով.
Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfoɔ no:
2 շնորհք եւ խաղաղութիւն ձեզի Աստուծմէ՝ մեր Հօրմէն, ու Տէր Յիսուս Քրիստոսէ:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
3 Պարտական ենք ամէն ատեն Աստուծմէ շնորհակալ ըլլալ ձեզի համար, եղբայրնե՛ր, ինչպէս որ արժանավայել է. քանի որ ձեր հաւատքը շատ կ՚աճի, եւ ձեզմէ իւրաքանչիւրին սէրը կ՚աւելնայ իրարու հանդէպ:
Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, ɛfiri sɛ, mo gyidie ne ɔdɔ a modɔ afoforɔ no mu den ara na ɛreyɛ.
4 Ուստի մենք ալ կը պարծենանք ձեզմով Աստուծոյ եկեղեցիներուն մէջ, ձեր համբերութեան ու հաւատքին համար՝ ձեր բոլոր հալածանքներուն եւ տառապանքներուն մէջ, որոնց կը հանդուրժէք:
Saa enti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.
5 Ասիկա Աստուծոյ արդար դատաստանին ապացոյցն է՝ որպէսզի դուք արժանանաք Աստուծոյ թագաւորութեան, որուն համար կը չարչարուիք ալ:
Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn bu atɛntenenee ɛno enti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼAhennie a morehunu ho amane no mu.
6 Քանի որ Աստուծոյ քով արդարութիւն է տառապանք հատուցանել ձեզ տառապեցնողներուն,
Onyankopɔn bɛyɛ deɛ ɛtene. Wɔn a wɔbɛma mo ahunu amane no, ɔno nso bɛma wɔahunu amane,
7 իսկ ձեզի՝ տառապանք կրողներուդ՝ անդորրութիւն մեզի հետ, երբ Տէր Յիսուս յայտնուի երկինքէն՝ իր հզօր հրեշտակներով,
na mo a mo ne yɛn rehunu amane no nso, wama moahome. Saa asɛm yi bɛsi wɔ ɛberɛ a Awurade Yesu nam ogyaframa mu firi ɔsoro reba a nʼabɔfoɔ atumfoɔ ka ne ho no,
8 բոցավառ կրակով վրէժ առնելու անոնցմէ՝ որ չեն ճանչնար Աստուած, ու չեն հնազանդիր մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի աւետարանին:
abɛtwe wɔn a wɔnnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso.
9 Անոնք պիտի պատժուին յաւիտենական աւերումով՝ վտարուելով Տէրոջ ներկայութենէն եւ անոր ոյժին փառքէն, (aiōnios g166)
Wɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu na wɔayi wɔn afiri Awurade anim ne nʼanimuonyam mu (aiōnios g166)
10 երբ ինք գայ փառաւորուելու իր սուրբերուն մէջ, ու այդ օրը սքանչացումի առարկայ ըլլալու բոլոր հաւատացեալներուն մէջ (որովհետեւ դուք հաւատացիք ձեր մէջ տրուած մեր վկայութեան):
da a ɔbɛma nʼakyidifoɔ ne nʼasuafoɔ ahyɛ no animuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
11 Հետեւաբար ամէն ատեն կ՚աղօթենք ձեզի համար, որ մեր Աստուածը արժանացնէ ձեզ ձեր կոչումին, եւ զօրութեամբ իրագործէ իր բարութեան ամբողջ բարեհաճութիւնն ու հաւատքին գործը.
Yei enti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa.
12 որպէսզի մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի անունը փառաւորուի ձեր մէջ, եւ դուք ալ անոր մէջ, մեր Աստուծոյն ու Տէր Յիսուս Քրիստոսի շնորհքին համաձայն:
Yɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ monam yɛn Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo animuonyam wɔ ne mu.

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 1 >