< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 4 >

1 Ուստի, քանի ունինք այս սպասարկութիւնը, ողորմութիւն գտած ըլլալով՝ չենք ձանձրանար.
Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu.
2 հապա հրաժարեցանք ամօթալի ծածուկ բաներէն, խորամանկութեամբ չենք ընթանար եւ Աստուծոյ խօսքը չենք խարդախեր. այլ ճշմարտութիւնը բացայայտելով մենք մեզ կը յանձնարարենք ամէն մարդու խղճմտանքին՝ Աստուծոյ առջեւ:
Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.
3 Իսկ եթէ մեր աւետարանը ծածկուած է, կորսուածներո՛ւն համար ծածկուած է.
Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
4 որոնց մէջ այս աշխարհի աստուածը կուրցուց անհաւատներուն միտքերը, որպէսզի Քրիստոսի՝ Աստուծոյ պատկերին՝ փառքի աւետարանին լոյսը անոնց վրայ չշողայ: (aiōn g165)
Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. (aiōn g165)
5 Արդարեւ մենք մեզ չէ որ կը քարոզենք, հապա՝ Քրիստոս Յիսուս Տէրը, ու մեզ՝ ձեր ծառաները Յիսուսի համար.
Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo.
6 որովհետեւ Աստուած, որ հրամայեց լոյսին՝ փայլիլ խաւարին մէջէն, ինք փայլեցաւ մեր սիրտերուն մէջ՝ Աստուծոյ փառքին գիտութեան լոյսը տալու համար Յիսուս Քրիստոսի դէմքին վրայ:
Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
7 Բայց մենք ունինք այս գանձը հողէ անօթներու մէջ, որպէսզի զօրութեան գերազանցութիւնը ըլլայ Աստուծմէ, եւ ո՛չ թէ մեզմէ:
Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn.
8 Ամէն կողմէ կը տառապինք, բայց տագնապած չենք. վարանումի մէջ ենք, բայց յուսահատած չենք.
Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw.
9 հալածուած ենք, բայց լքուած չենք. խորտակուած ենք, բայց կորսուած չենք:
Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
10 Ամէն ատեն Յիսուսի մահը կը կրենք մեր մարմինին մէջ, որպէսզի Յիսուսի կեանքն ալ յայտնաբերուի մեր մարմինին մէջ:
Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
11 Որովհետեւ մենք որ կ՚ապրինք՝ ամէն ատեն Յիսուսի համար մահուան կը մատնուինք, որպէսզի Յիսուսի կեանքն ալ յայտնաբերուի մեր մահկանացու մարմինին մէջ:
Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu.
12 Ուստի՝ մահը կը ներգործէ մե՛ր մէջ, իսկ կեանքը՝ ձե՛ր մէջ:
Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
13 Բայց հաւատքին նոյն հոգին ունինք, ինչպէս գրուած է. «Հաւատացի, ուստի խօսեցայ»: Մե՛նք ալ կը հաւատանք, ուստի կը խօսինք:
Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di.
14 Գիտենք թէ ա՛ն՝ որ յարուցանեց Տէր Յիսուսը, մե՛զ ալ պիտի յարուցանէ Յիսուսի միջոցով, եւ անոր պիտի ներկայացնէ՝ ձեզի հետ:
Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
15 Որովհետեւ ամէն բան ձեզի համար է, որպէսզի այն շնորհքը՝ աւելցած շատերու շնորհակալութեամբ՝ ճոխանայ Աստուծոյ փառքին համար:
Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.
16 Հետեւաբար չենք ձանձրանար. եւ թէպէտ մեր արտաքին մարդը կ՚ապականի, ներքին մարդը օրէ օր կը նորոգուի:
Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara.
17 Արդարեւ մեր թեթեւ, վայրկենական տառապանքը՝ մեզի համար կը պատրաստէ գերազանց ու յաւիտենական կշիռք ունեցող փառք մը. (aiōnios g166)
Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios g166)
18 քանի որ մենք կը նայինք ո՛չ թէ տեսանելի բաներուն, հապա՝ անտեսանելիներուն. որովհետեւ տեսանելի բաները ժամանակաւոր են, իսկ անտեսանելիները՝ յաւիտենական: (aiōnios g166)
Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa. (aiōnios g166)

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 4 >