< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 2 >

1
Enti, meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhoɔ.
2 Որովհետեւ եթէ ես տրտմեցնեմ ձեզ, ա՛լ ո՞վ է որ պիտի ուրախացնէ զիս, եթէ ոչ ան՝ որ տրտմեցաւ ինձմէ:
Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhoɔ a, hwan na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhoɔ no anaa?
3 Ասիկա գրեցի, որ երբ գամ՝ տրտմութիւն մը չկրեմ անոնցմէ՝ որ պէտք է ուրախացնեն զիս. քանի որ ձեր բոլորին մասին համոզուած եմ թէ իմ ուրախութիւնս ձեր բոլորինն է:
Saa enti na metwerɛɛ saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa korɔ no ara a mobɛgye mʼani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Menim yie sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo.
4 Որովհետեւ շատ տառապանքի մէջ եւ սիրտի կսկիծով գրեցի ձեզի՝ շատ արցունքով. ո՛չ թէ՝ որպէսզի տրտմիք, հապա գիտնաք այն յորդառատ սէ՛րը՝ որ ունիմ ձեզի հանդէպ:
Mede amanehunu, awerɛhoɔ ne nisuo na ɛretwerɛ mo saa krataa yi. Mantwerɛ mammɛhyɛ mo awerɛhoɔ na mmom, metwerɛ de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.
5 Իսկ եթէ մէկը տրտմեցուց, ո՛չ թէ տրտմեցուց զիս, հապա մասամբ (որպէսզի չծանրաբեռնեմ) ձեզ բոլորդ՝՝:
Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so.
6 Բաւական է այդպիսի մարդուն այն պատիժը՝ որ տրուեցաւ շատերէ:
Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no.
7 Հետեւաբար՝ ընդհակառակը՝ պէտք է փոխարէնը ներել անոր ու մխիթարել զայն, որպէսզի այնպիսին չյուսալքուի չափազանց տրտմութենէն:
Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so.
8 Ուստի կ՚աղաչե՛մ ձեզի, որ անոր հանդէպ վաւերացնէք ձեր սէրը.
Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.
9 (քանի որ սա՛ նպատակով ալ գրեցի, որպէսզի ձեզ փորձելով գիտնամ թէ ամէն բանի մէջ հնազա՛նդ էք:
Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa.
10 Անո՛ր՝ որուն դուք որեւէ բան ներէք, ե՛ս ալ կը ներեմ. որովհետեւ եթէ որեւէ բան ներած եմ, ձե՛ր պատճառով անոր ներած եմ՝ Քրիստոսի անձով.)
Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim
11 որպէսզի Սատանան մեզ չկեղեքէ, քանի որ չենք անգիտանար անոր դիտաւորութիւնները:
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ.
12 Ուրեմն երբ հասայ Տրովադա՝ Քրիստոսի աւետարանը քարոզելու, թէպէտ Տէրը դուռ մը բացած էր ինծի,
Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ.
13 անդորրութիւն չունեցայ հոգիիս մէջ, որովհետեւ հոն չգտայ եղբայրս՝ Տիտոսը. հապա հրաժեշտ առնելով անոնցմէ՝ մեկնեցայ Մակեդոնիա:
Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia.
14 Շնորհակալութի՛ւն Աստուծոյ, որ ամէն ատեն մեզի յաղթութիւն կը պատճառէ Քրիստոսով, ու զինք ճանչնալուն հոտը մեզմով կը յայտնաբերէ ամէն տեղ:
Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santene wɔ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ kɔ baabiara sɛ aduhwam.
15 Որովհետեւ մենք՝ Աստուծոյ համար՝ Քրիստոսի անոյշ հոտն ենք, թէ՛ փրկուածներուն եւ թէ կորսուողներուն մէջ:
Yɛte sɛ aduhwam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛ kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu.
16 Ոմանց՝ մահուան հոտ դէպի մահ, ոմանց ալ՝ կեանքի հոտ դէպի կեանք: Եւ ո՞վ ընդունակ է ընելու այս բաները:
Na wɔn a wɔreyera no deɛ, ɛyɛ wɔn hwa bɔne a ɛtumi kum. Nanso, wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hwam a ɛma wɔn nkwa. Hwan na ɔbɛtumi agyina adwuma a ɛyɛ den sei anim?
17 Քանի որ մենք շատերուն պէս չենք, որոնք կը խարդախեն Աստուծոյ խօսքը. հապա անկեղծութեա՛մբ, Աստուծմէ ղրկուած եւ Աստուծոյ առջեւ կը խօսինք՝ Քրիստոսով:
Yɛnte sɛ nnipa afoforɔ bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔndeɛ bi, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no enti, yɛka nokorɛ wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfoɔ.

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 2 >